< Salme 30 >

1 (En salme. En sang ved husets indvielse. Af David.) HERRE, jeg ophøjer dig, thi du bjærgede mig, lod ej mine Fjender glæde sig over mig;
Dawid dwom. Mɛma wo so, Awurade, efisɛ, woayi me afi bun mu na woamma mʼatamfo anserew me.
2 HERRE min Gud, jeg råbte til dig, og du helbredte mig.
Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me na wosaa me yare.
3 Fra Dødsriget, HERRE, drog du min Sjæl, kaldte mig til Live af Gravens Dyb. (Sheol h7585)
Awurade, wuyii me fii ɔda mu; wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu. (Sheol h7585)
4 Lovsyng HERREN, I hans fromme, pris hans hellige Navn!
Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a moyɛ nʼahotewfo! Monkamfo ne din kronkron no.
5 Thi et Øjeblik varer hans Vrede, Livet igennem hans Nåde; om Aftenen gæster os Gråd, om Morgenen Frydesang.
Nʼabufuw nkyɛ, na nʼadɔe wɔ hɔ daa; agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
6 Jeg tænkte i min Tryghed: "Jeg rokkes aldrig i Evighed!"
Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, “Merenhinhim da.”
7 HERRE, i Nåde havde du fæstnet mit Bjerg; du skjulte dit Åsyn, jeg blev forfærdet.
Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔw gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaw me no, me koma tui.
8 Jeg råbte, HERRE, til dig, og tryglende bad jeg til HERREN:
Wo, Awurade na mefrɛɛ wo; wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
9 "Hvad Vinding har du af mit Blod, af at jeg synker i Graven? Kan Støv mon takke dig, råbe din Trofasthed ud?
“Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, sɛ mɛkɔ amoa mu? Mfutuma beyi wo ayɛ ana? Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
10 HERRE, hør og vær nådig, HERRE, kom mig til Hjælp!"
Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ! Awurade, yɛ me boafo.”
11 Du vendte min Sorg til Dans, løste min Sørgedragt, hylled mig i Glæde,
Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw; wuyii mʼatweaatam fii me ho na wode anigye furaa me,
12 at min Ære skal prise dig uden Ophør. HERRE min Gud, jeg vil takke dig evigt!
sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< Salme 30 >