< Salme 144 >
1 (Af David.) Lovet være HERREN, min Klippe, som oplærer mine hænder til Strid mine Fingre til Krig,
Dawid deɛ. Nkamfoɔ nka Awurade, me Botan, deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie, na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie.
2 min Miskundhed og min Fæstning, min Klippeborg, min Frelser, mit Skjold og den, jeg lider på, som underlægger mig Folkeslag!
Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban, mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ, me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu; ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.
3 HERRE, hvad er et Menneske, at du kendes ved det, et Menneskebarn, at du agter på ham?
Ao Awurade, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi?
4 Mennesket er som et Åndepust, dets Dage som svindende Skygge.
Onipa te sɛ ahomeɛ; ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.
5 HERRE, sænk din Himmel, stig ned og rør ved Bjergene, så at de ryger;
Ao Awurade, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam; fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie.
6 slyng Lynene ud og adsplit Fjenderne, send dine Pile og indjag dem Rædsel;
Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; to wo mmemma no ma wɔn nnwane.
7 udræk din Hånd fra det høje, fri og frels mig fra store Vande,
Tene wo nsa firi soro bra fam; gye me na yi me firi nsuo akɛseɛ ho, firi ananafoɔ nsam,
8 fra fremmedes Hånd, de, hvis Mund taler Løgn, hvis højre er Løgnehånd.
wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
9 Gud, jeg vil synge dig en ny Sang, lege for dig på tistrenget Harpe,
Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo,
10 du, som giver Konger Sejr og udfrier David, din Tjener.
ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano.
11 Fri mig fra det onde Sværd, frels mig fra fremmedes Hånd, de, hvis Mund taler Løgn, hvis højre er Løgnehånd.
Gye me na yi me firi ananafoɔ nsam, wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.
12 I Ungdommen er vore Sønner som højvoksne Planter, vore Døtre er som Søjler, udhugget i Tempelstil;
Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum a wɔasene de asiesie ahemfie.
13 vore Forrådskamre er fulde, de yder Forråd på, Forråd, vore Hjorde føder Tusinder, Titusinder på vore Marker,
Yɛn asan bɛyɛ ma. Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi. Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem, ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so;
14 fede er vore Okser; intet Murbrud, ingen Udvandring, ingen Skrigen på Torvene.
yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru. Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu; yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so.
15 Saligt det Folk, der er således stedt, saligt det Folk, hvis Gud er HERREN!
Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne Awurade.