< Ordsprogene 26 >
1 Som Sne om Somren og Regn Høsten så lidt hører Ære sig til for en Tåbe.
Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no, saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.
2 Som en Spurv i Fart, som en Svale i Flugt så rammer ej Banden mod sagesløs Mand.
Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
3 Svøbe for Hest, Bidsel for Æsel og Ris for Tåbers Ryg.
Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.
4 Svar ej Tåben efter hans Dårskab, at ikke du selv skal blive som han.
Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
5 Svar Tåben efter hans Dårskab, at han ikke skal tykkes sig viis.
Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae, anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.
6 Den afhugger Fødderne og inddrikker Vold, som sender Bud ved en Tåbe.
Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.
7 Slappe som den lammes Ben er Ordsprog i Tåbers Mund.
Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
8 Som en, der binder Stenen fast i Slyngen, er den, der hædrer en Tåbe.
Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
9 Som en Tornekæp, der falder den drukne i Hænde, er Ordsprog i Tåbers Mund.
Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 Som en Skytte, der sårer enhver, som kommer, er den, der lejer en Tåbe og en drukken.
Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.
11 Som en Hund, der vender sig om til sit Spy, er en Tåbe, der gentager Dårskab.
Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 Ser du en Mand, der tykkes sig viis, for en Tåbe er der mere Håb end for ham.
Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana? Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.
13 Den lade siger: "Et Rovdyr på Vejen, en Løve ude på Torvene!"
Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu, gyatakeka nenam mmɔnten no so!”
14 Døren drejer sig på sit Hængsel, den lade på sit Leje.
Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no, saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.
15 Den lade rækker til Fadet, men gider ikke føre Hånden til Munden.
Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
16 Den lade tykkes sig større Vismand end syv, der har kloge Svar.
Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.
17 Den griber en Hund i Øret, som blander sig i uvedkommende Strid.
Obi a oso ɔkraman aso twe no no te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.
18 Som en vanvittig Mand, der udslynger Gløder, Pile og Død,
Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo anaa agyanwerɛmfo no
19 er den, der sviger sin Næste og siger: "Jeg spøger jo kun."
te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka se, “Na mede redi agoru!”
20 Er der intet Brænde, går Ilden ud, er der ingen Bagtaler, stilles Trætte.
Nnyansin hi a ogya dum; nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.
21 Trækul til Gløder og Brænde til Ild og trættekær Mand til at optænde Kiv.
Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no, saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.
22 Bagtalerens Ord er som Lækkerbidskener, de synker dybt i Legemets Kamre.
Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
23 Som Sølvovertræk på et Lerkar er ondsindet Hjerte bag glatte Læber.
Sɛnea ama kata asankagow ho no saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.
24 Avindsmand hykler med Læben, i sit Indre huser han Svig;
Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye, nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.
25 gør han Røsten venlig, tro ham dog ikke, thi i hans Hjerte er syvfold Gru.
Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni, efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.
26 Den, der dølger sit Had med Svig, hans Ondskab kommer frem i Folkets Forsamling.
Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu.
27 I Graven, man graver, falder man selv, af Stenen, man vælter, rammes man selv.
Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu; sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.
28 Løgnetunge giver mange Hug, hyklersk Mund volder Fald.
Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi, na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.