< Nahum 1 >

1 Et udsagn om Nineve. En bog om Elkosjiten Nahums Syn.
Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
2 En nidkær Gud, en Hævner er HERREN, en Hævner er HERREN og fuld af Vrede, en Hævner er HERREN mod Uvenner, han gemmer på Vrede mod Fjender.
Awurade yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, Awurade tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfo so were, na nʼabufuw tena wɔn so.
3 HERREN er langmodig, hans Kraft er stor, HERREN lader intet ustraffet. I Uvejr og Storm er hans Vej, Skyer er hans Fødders Støv.
Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifo aso. Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.
4 Han truer og udtørrer Havet, gør alle Strømme tørre; Basan og Karmel vansmægter, Libanons Skud visner hen.
Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow; ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow. Basan ne Karmel twintwam, na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa.
5 Bjergene skælver for ham, Højene står og svajer; Jorden krummer sig for ham, Jorderig og alle, som bor der.
Mmepɔw wosow biribiri nʼanim na nkoko nan. Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa wosow nʼanim.
6 Hvem kan stå for hans Vrede, hvo holder Stand mod hans Harmglød? Hans Harme strømmer som Ild, og Fjeldene styrter for ham.
Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano? Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu? Nʼabufuw hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.
7 HERREN er god, et Værn på Trængselens Dag; han kender dem, som lider på ham,
Awurade ye, ɔyɛ ahohia mu guankɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
8 og fører dem gennem Skybrud. Sine Avindsmænd gør han til intet, støder Fjenderne ud i Mørke.
Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so bɛma Ninewe aba awiei. Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu.
9 Hvad pønser I på mod HERREN? Han tilintetgør i Bund og Grund; ej kommer der to Gange Nød.
Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma nto so mprenu.
10 Er de end som sammenflettet Tjørn og gennemdrukne af Vin, skal de dog fortæres som fuldført Strå.
Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, na bere a wɔn nsa abow wɔn no wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano.
11 Fra dig er der en draget ud med ondt i Sinde mod Herren, med Niddingeråd.
Ninewe, wo mu na nea ɔbɔ pɔw bɔne tia Awurade na otu fo bɔne no fi.
12 Så siger HERREN: Er de end fuldtallige og aldrig så mange, skal de dog omhugges og forsvinde. Har jeg end ydmyget dig, gør jeg det ikke mere.
Nea Awurade se ni: “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.
13 Nu sønderbryder jeg det Åg, han lagde på dig, og sprænger dine Bånd.
Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
14 Om dig lyder HERRENs Bud: Dit Navn skal ikke ihukommes mere. Af din Guds Hus udrydder jeg det skårne og støbte Billede, og jeg skænder din Grav.
Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu a esisi wʼabosonnan mu no. Mesiesie wo da efisɛ woadan ayɛ atantanne.”
15 Se, Glædsesbudet, som kundgør Fred, skrider frem over bjergene Fejr dine Fester, Juda, indfri dine Løfter! Thi aldrig skal Niddingen mer drage gennem dig; han er udryddet helt og holdent.
Hwɛ mmepɔw no so, nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipabɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

< Nahum 1 >