< Matthæus 26 >

1 Og det skete, da Jesus havde fuldendt alle disse Ord, sagde han til sine Disciple:
Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
2 "I vide, at om to Dage er det Påske; så forrådes Menneskesønnen til at korsfæstes."
“Monim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu.”
3 Da forsamledes Ypperstepræsterne og Folkets Ældste i Ypperstepræstens Gård; han hed Kajfas.
Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie,
4 Og de rådsloge om at gribe Jesus med List og ihjelslå ham.
retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire.
5 Men de sagde: "Ikke på Højtiden, for at der ikke skal blive Oprør iblandt Folket."
Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
6 Men da Jesus var kommen til Bethania, i Simon den spedalskes Hus,
Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie.
7 kom der en Kvinde til ham, som havde en Alabastkrukke med såre kostbar Salve, og hun udgød den på hans Hoved, medens han sad til Bords.
Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim.
8 Men da Disciplene så det, bleve de vrede og sagde: "Hvortil denne Spilde?
Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn?
9 Dette kunde jo være solgt til en høj Pris og være givet til fattige."
Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.”
10 Men da Jesus mærkede det, sagde han til dem: "Hvorfor volde I Kvinden Fortrædeligheder? Hun har jo gjort en god Gerning imod mig.
Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me.
11 Thi de fattige have I altid hos eder; men mig have I ikke altid.
Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa.
12 Thi da hun udgød denne Salve over mit Legeme, gjorde hun det for at berede mig til at begraves.
Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie.
13 Sandelig, siger jeg eder, hvor som helst i hele Verden dette Evangelium bliver prædiket, skal også det, som hun har gjort, omtales til hendes Ihukommelse."
Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi wɔ ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no.”
14 Da gik en af de tolv, han, som hed Judas Iskariot, hen til Ypperstepræsterne
Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn,
15 og sagde: "Hvad ville I give mig, så skal jeg forråde ham til eder?" Men de betalte ham tredive Sølvpenge".
kɔbisaa wɔn sɛ, “Sɛ meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa
16 Og fra den Stund søgte han Lejlighed til at forråde ham.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
17 Men på den første Dag af de usyrede Brøds Højtid kom Disciplene til Jesus og sagde: "Hvor vil du, at vi skulle træffe Forberedelse for dig til at spise Påskelammet?"
Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?”
18 Men han sagde: "Går ind i Staden til den og den Mand, og siger til ham: Mesteren siger: Min Time er nær; hos dig holder jeg Påske med mine Disciple."
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no sɛ, ‘Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’”
19 Og Disciplene gjorde, som Jesus befalede dem, og beredte Påskelammet.
Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ efie a wɔnyaeɛ no mu.
20 Men da det var blevet Aften, sad han til Bords med de tolv.
Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no,
21 Og medens de spiste, sagde han: "Sandelig, siger jeg eder, en af eder vil forråde mig."
ɔkaa sɛ, “Mo mu baako bɛyi me ama.”
22 Og de bleve såre bedrøvede og begyndte hver især at sige til ham: "Det er dog vel ikke mig, Herre?"
Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako sɛ, “Awurade, ɛyɛ me anaa.”
23 Men han svarede og sagde: "Den, som dyppede Hånden tillige med mig i Fadet, han vil forråde mig.
Yesu buaa sɛ, “Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama.
24 Menneskesønnen går vel bort, som der er skrevet om ham; men ve det Menneske, ved hvem Menneskesønnen bliver forrådt! Det var godt for det Menneske, om han ikke var født."
Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”
25 Men Judas, som forrådte ham, svarede og sagde: "Det er dog vel ikke mig, Rabbi?" Han siger til ham: "Du har sagt det."
Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Aane.”
26 Men medens de spiste, tog Jesus Brød, og han velsignede og brød det og gav Disciplene det og sagde: "Tager, æder; dette er mit Legeme."
Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni, yei ne me onipadua.”
27 Og han tog en Kalk og takkede. gav dem den og sagde: "Drikker alle deraf;
Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Mo nyinaa monnom bi,
28 thi dette er mit Blod, Pagtens, hvilket udgydes for mange til Syndernes Forladelse.
na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ.
29 Men jeg siger eder, fra nu af skal jeg ingenlunde drikke af denne Vintræets Frugt indtil den Dag, da jeg skal drikke den ny med eder i min Faders Rige."
Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.”
30 Og da de havde sunget Lovsangen, gik de ud til Oliebjerget.
Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
31 Da siger Jesus til dem: "I skulle alle forarges på mig i denne Nat; thi der er skrevet: Jeg vil slå Hyrden, og Hjordens Får skulle adspredes.
Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ, “‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no abɔ apete.’
32 Men efter at jeg er bleven oprejst, vil jeg gå forud for eder til Galilæa."
Na sɛ mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo wɔ hɔ.”
33 Men Peter svarede og sagde til ham: "Om end alle ville forarges på dig, så vil jeg dog aldrig forarges."
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.”
34 Jesus sagde til ham: "Sandelig, siger jeg dig, i denne Nat, førend Hanen galer, skal du fornægte mig tre Gange."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!”
35 Peter siger til ham: "Om jeg end skulde dø med dig, vil jeg ingenlunde fornægte dig." Ligeså sagde også alle Disciplene.
Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara.
36 Da kommer Jesus med dem til en Gård, som kaldes Gethsemane, og han siger til Disciplene: "Sætter eder her, medens jeg går derhen og beder."
Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.”
37 Og han tog Peter og Zebedæus's to Sønner med sig, og han begyndte at bedrøves og svarlig at ængstes.
Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no.
38 Da siger han til dem: "Min Sjæl er dybt bedrøvet indtil Døden; bliver her og våger med mig!"
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”
39 Og han gik lidt frem, faldt på sit Ansigt, bad og sagde: "Min Fader! er det muligt, da gå denne Kalk mig forbi; dog ikke som jeg vil, men som du vil."
Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ.”
40 Og han kommer til Disciplene og finder dem sovende, og han siger til Peter: "Så kunde I da ikke våge een Time med mig!
Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no sɛ, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo?
41 Våger og beder, for at I ikke skulle falde i Fristelse! Ånden er vel redebon, men Kødet er skrøbeligt."
Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso ɔhonam yɛ mmerɛ!”
42 Han gik atter anden Gang hen, bad og sagde: "Min Fader! hvis denne Kalk ikke kan gå mig forbi, uden jeg drikker den, da ske din Villie!"
Ɔsane gyaa wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ.”
43 Og han kom og fandt dem atter sovende, thi deres Øjne vare betyngede.
Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ, na wɔn ani kum yie.
44 Og han forlod dem og gik atter hen og bad tredje Gang og sagde atter det samme Ord.
Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.
45 Da kommer han til Disciplene og siger til dem: "Sove I fremdeles og Hvile eder? Se, Timen er nær, og Menneskesønnen forrådes i Synderes Hænder.
Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa!
46 Står op, lader os gå; se, han, som forråder mig, er nær."
Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
47 Og medens han endnu talte, se, da kom Judas, en af de tolv, og med ham en stor Skare, med Sværd og Knipler, fra Ypperstepræsterne og Folkets Ældste.
Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.
48 Men han, som forrådte ham, havde givet dem et Tegn og sagt: "Den, som jeg kysser, ham er det; griber ham!"
Na Yuda aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri sɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no.
49 Og han trådte straks hen til Jesus og sagde: "Hil være dig, Rabbi!" og kyssede ham.
Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!”
50 Men Jesus sagde til ham: "Ven, hvorfor kommer du her?" Da trådte de til og lagde Hånd på Jesus og grebe ham.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, deɛ wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.
51 Og se, en af dem, som vare med Jesus, rakte Hånden ud og drog sit Sværd og slog Ypperstepræstens Tjener og huggede hans Øre af.
Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso.
52 Da siger Jesus til ham: "Stik dit Sværd igen på dets Sted; thi alle de, som tage Sværd, skulle omkomme ved Sværd.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo.
53 Eller mener du, at jeg ikke kan bede min Fader, så han nu tilskikker mig mere end tolv Legioner Engle?
Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
54 Hvorledes skulde da Skrifterne opfyldes, at det bør gå således til?"
Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka wɔ deɛ asi yi ho no bɛba mu?”
55 I den samme Time sagde Jesus til Skarerne: "I ere gåede ud ligesom imod en Røver med Sværd og Knipler for at fange mig. Daglig sad jeg i Helligdommen og lærte, og I grebe mig ikke.
Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan.
56 Men det er alt sammen sket, for at Profeternes Skrifter skulde opfyldes." Da forlode alle Disciplene ham og flyede.
Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ wɔ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu.” Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.
57 Men de, som havde grebet Jesus, førte ham hen til Ypperstepræsten Kajfas, hvor de skriftkloge og de Ældste vare forsamlede.
Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ.
58 Men Peter fulgte ham i Frastand indtil Ypperstepræstens Gård, og han gik indenfor og satte sig hos Svendene for at se, hvad Udgang det vilde få.
Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie.
59 Men Ypperstepræsterne og hele Rådet søgte falsk Vidnesbyrd imod Jesus, for at de kunde aflive ham.
Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.
60 Og de fandt intet, endskønt der trådte mange falske Vidner frem. Men til sidst trådte to frem og sagde:
Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa
61 "Denne har sagt: Jeg kan nedbryde Guds Tempel og bygge det op i tre Dage."
sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’”
62 Og Ypperstepræsten stod op og sagde til ham: "Svarer du intet på, hvad disse vidne imod dig?"
Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu sɛ, “Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?”
63 Men Jesus tav. Og Ypperstepræsten tog til Orde og sagde til ham: "Jeg besværger dig ved den levende Gud, at du siger os, om du er Kristus, Guds Søn."
Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
64 Jesus siger til ham: "Du har sagt det; dog jeg siger eder: Fra nu af skulle I se Menneskesønnen sidde ved Kraftens højre Hånd og komme på Himmelens Skyer."
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba.”
65 Da sønderrev Ypperstepræsten sine Klæder og sagde: "Han har talt bespotteligt; hvad have vi længere Vidner nødig? se, nu have I hørt Bespottelsen.
Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu teaam sɛ, “Abususɛm! Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no!
66 Hvad tykkes eder?" Og de svarede og sagde: "Han er skyldig til Døden."
Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teaam sɛ, “Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo!”
67 Da spyttede de ham i Ansigtet og gave ham Næveslag; andre sloge ham på Kinden
Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ
68 og sagde: "Profeter os, Kristus, hvem var det, der slog dig?"
kaa sɛ, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo?”
69 Men Peter sad udenfor i Gården; og en Pige kom hen til ham og sagde: "Også du var med Jesus Galilæeren."
Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.”
70 Men han nægtede det i alles Påhør og sagde: "Jeg forstår ikke, hvad du siger."
Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.”
71 Men da han gik ud i Portrummet, så en anden Pige ham; og hun siger til dem, som vare der: "Denne var med Jesus af Nazareth."
Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no sɛ, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
72 Og han nægtede det atter med en Ed: "Jeg kender ikke det Menneske."
Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
73 Men lidt efter kom de, som stode der, hen og sagde til Peter: "Sandelig, også du er en af dem. dit Mål røber dig jo også."
Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
74 Da begyndte han at forbande sig og sværge: "Jeg kender ikke det Menneske." Og straks galede Hanen.
Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!” Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.
75 Og Peter kom Jesu Ord i Hu at han havde sagt: "Førend Hanen galer, skal du fornægte mig tre Gange." Og han gik udenfor og græd bitterligt.
Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔfirii adi kɔsuiɛ.

< Matthæus 26 >