< Dommer 11 >
1 Gileaditen Jefta var en dygtig Kriger. Han var Søn af en Skøge. Gilead avlede Jefta.
Gileadni Yefta yɛ ɔkofo kɛse. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne na yɛ ɔbea guamanfo.
2 Men Gileads Hustru fødte ham Sønner, og da de voksede op, jog de Jefta bort med de Ord: "Du skal ikke have Arv og Lod i vor Faders Hus, thi du er en fremmed Kvindes Søn!"
Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.”
3 Jefta flygtede da for sine Brødre og bosatte sig i Landet Tob, hvor nogle dårlige Folk samlede sig om ham og deltog i hans Strejftog.
Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi.
4 Efter nogen Tids Forløb angreb Ammoniterne Israel.
Bere koro yi ara, Amonfo de ɔko bɛkaa Israel.
5 Og da Ammoniterne angreb Israel, drog Gileads Ældste hen for at hente Jefta hjem fra Landet Tob.
Bere a Amonfo tow hyɛɛ Israelfo so no, Gilead mpanyimfo soma kɔfaa Yefta fii Tob asase so bae. Wɔka kyerɛɛ no se,
6 De sagde til Jefta: "Kom og vær vor Fører, at vi kan tage Kampen op med Ammoniterne!"
“Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfo nko.”
7 Jefta svarede Gileads Ældste: "Har I ikke hadet mig og jaget mig bort fra min Faders Hus? Hvorfor kommer I da til mig, nu I er i Nød?"
Yefta bisaa wɔn se, “Ɛnyɛ mo na motan me, pam me fii mʼagya fi no? Adɛn nti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?”
8 Men Gileads Ældste sagde til Jefta: "Derfor kommer vi jo nu tilbage til dig! Vil du drage med os og kæmpe med Ammoniterne, skal du være Høvding over os, over alle Gileads Indbyggere!"
Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.”
9 Jefta svarede Gileads Ældste: "Dersom I fører mig tilbage, for at jeg skal kæmpe med Ammoniterne, og HERREN giver dem i min Magt, så vil jeg være eders Høvding!"
Yefta buae se, “Sɛ me ne mo kɔ na Awurade ma midi Amonfo so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifo ana?”
10 Da sagde Gileads Ældste til Jefta: "HERREN hører Overenskomsten mellem os; visselig vil vi gøre, som du siger!"
Gilead ntuanofo no buaa no se, “Awurade ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.”
11 Da drog Jefta med Gileads Ældste; og Folket gjorde ham til deres Høvding og Fører. Og alle sine Ord udtalte Jefta for HERRENs Åsyn i Mizpa.
Enti Yefta ne ntuanofo no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifo ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ Awurade anim.
12 Derpå sendte Jefta Sendebud til Ammoniternes Konge og lod sige: "Hvad er der dig og mig imellem, siden du er draget imod mig for at angribe mit Land?"
Afei, Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene nkyɛn se wonkobisa no nea enti a ɔrebɛtow ahyɛ Israel so.
13 Ammoniternes Konge svarede Jeftas Sendebud: "Jo, Israel tog mit Land, da de drog op fra Ægypten, lige fra Arnon til Jabbok og Jordan; giv det derfor tilbage med det gode!"
Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.”
14 Men Jefta sendte atter Sendebud til Ammoniternes Konge
Na Yefta san somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene hɔ se,
15 og lod sige: "Således siger Jefta: Israel har ikke taget Moabs eller Ammoniternes Land!
“Sɛnea Yefta se ni: Israel amfa Moab asase anaa Amonfo asase biara.
16 Men da de drog op fra Ægypten, vandrede Israel igennem Ørkenen til det røde Hav og kom derpå til Kadesj.
Bere a Israelfo tuu kwan fii Misraim, twaa Po Kɔkɔɔ na woduu Kades no,
17 Da sendte Israel Sendebud til Edomiternes Konge og lod sige: Lad mig drage igennem dit Land! Men Edomiternes Konge ænsede det ikke. Ligeledes sendte de Bud til Moabiternes Konge, men han var heller ikke villig dertil. Israel blev da boende i Kadesj.
wɔsomaa abɔfo kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfo tenaa Kades.
18 Derpå drog de igennem Ørkenen og gik uden om Edomiternes og Moabiternes, Land, og da de nåede Egnen østen for Moab, slog de Lejr hinsides Arnon; men de betrådte ikke Moabs Enemærker, thi Arnon er Moabs Grænse.
“Ne korakora ne sɛ, wɔnam sare so twa faa Edom ne Moab ho hyiae. Wɔfaa Edom apuei fam hye so kyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so.
19 Israel sendte derpå Sendebud til Kongen af Hesjbon, Amoriterkongen Sihon, og lod sige: Lad os drage igennem dit Land for at nå hen, hvor vi skal!
“Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no.
20 Men Sihon nægtede Israelitterne Tilladelse til at drage gennem hans Land; og Sihon samlede hele sin Hær, og de slog Lejr i Jaza og angreb Israel.
Nanso esiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfo mu gyidi nti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas ma wɔtow hyɛɛ wɔn so.
21 Da gav HERREN, Israels Gud, Sihon og hele hans Hær i Israels Hånd, så at de slog dem. Og Israel underlagde sig hele det Land, Amoriterne boede i;
“Na Awurade, Israel Nyankopɔn, maa ne nkurɔfo dii ɔhene Sihon so. Enti Israelfo faa Amorifo asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu,
22 de underlagde sig hele Amoriternes Område fra Arnon til Jabbok og fra Ørkenen til Jordan.
fi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, fi sare no so de kosi Yordan nyinaa dii so.
23 Således drev HERREN, Israels Gud, Amoriterne bort foran sit Folk Israel; og nu vil du underlægge dig deres Land!
“Enti moahu, ɛyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn na ogyee asase no fii Amorifo nsam na ɔde maa Israel. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo?
24 Ikke sandt, når din Gud Kemosj driver nogen bort, så tager du hans Land? Og hver Gang HERREN vor Gud driver nogen bort foran os, tager vi hans Land.
Nea mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, nea Awurade, yɛn Nyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa.
25 Er du vel bedre end Zippors Søn, Kong Balak af Moab? Stredes han med Israel, eller indlod han sig i Kamp med dem,
So wosen Mosen, Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel hamee anaa koe ana?
26 da Israelitterne bosatte sig i Hesjbon med Småbyer, i Aroer med Småbyer og i alle Byerne langs Arnon nu har de boet der i 300 År? Hvorfor tilrev I eder dem ikke dengang?
Na afei, mfe ahaasa akyi na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa bere tenten yi, wɔatrɛw afi Hesbon asase so, akosi Aroer ne nkurow no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn nti na mmere sann yi moanyɛ mo adwene sɛ mubegye asase yi?
27 Det er ikke mig, der har forbrudt mig mod dig, men dig, der handler ilde mod mig ved at angribe mig. HERREN, Dommeren, vil i Dag dømme Israelitterne og Ammoniterne imellem!"
Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.”
28 Men Ammoniternes Konge ænsede ikke Jeftas Ord, som hans Sendebud overbragte.
Nanso Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛnhia.
29 Da kom HERRENs Ånd over Jefta; og han drog igennem Gilead og Manasse; derpå drog han til Mizpe i Gilead, og fra Mizpe i Gilead drog han mod Ammoniterne.
Saa bere no, Awurade Honhom baa Yefta so maa ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na odii asraafo anim tow hyɛɛ Amonfo so.
30 Og Jefta aflagde HERREN et Løfte og sagde: "Dersom du giver Ammoniterne i min Hånd,
Na Yefta hyɛɛ Awurade bɔ. Ɔkae se, “Sɛ woma midi Amonfo so a,
31 så skal den, som først kommer mig i Møde fra min Husdør når jeg vender uskadt, tilbage fra Ammoniterne, tilfalde HERREN, og jeg vil ofre ham som Brændoffer!"
mede ade a ebedi kan afi me fi abehyia me bere a mede nkonimdi reba no, bɛma Awurade. Mede bɛma no sɛ ɔhyew afɔre.”
32 Så drog Jefta i Kamp mod Ammoniterne, og HERREN gav dem i hans Hånd,
Ɛnna Yefta dii nʼakofo anim tiaa Amonfo, na Awurade ma odii nkonim.
33 så at han tilføjede dem et stort Nederlag fra Aroer til Egnen ved Minnit, tyve Byer, og til Abel Keramim. Således bukkede Ammoniterne under for Israelitterne.
Odii Amonfo so pasaa, sɛee nkurow bɛyɛ aduonu, fii Aroer de kosii baabi a ɛbɛn Minit, kɔe ara kosii Abel-Keramim. Saa kwan yi so na Israelfo fa kaa Amonfo hyɛe.
34 Men da Jefta kom til sit Hjem i Mizpa, se, da kom hans Datter ham i Møde med Håndpauker og Dans. Hun var hans eneste Barn foruden hende havde han hverken Søn eller Datter.
Bere a Yefta fi akono kɔɔ ne fi wɔ Mispa no, ne babea, a ɔyɛ ne ba koro no, tuu mmirika behyiaa no a ɔrebɔ akasae, na anigye nti, ɔresaw.
35 Da han fik Øje på hende, sønderrev han sine Klæder og råbte: "Ak, min Datter, du har bøjet mig dybt, og det er dig, der styrter mig i Ulykke! Thi jeg har åbnet min Mund for HERREN og kan ikke tage mit Ord tilbage!"
Yefta huu no no, ɔde awerɛhow sunsuan ne ntade mu, teɛɛ mu se, “Ao, me ba! Woabrɛ me ase na matetew apansam. Na maka Awurade ntam na merentumi mmu so.”
36 Da svarede hun ham: "Fader, har du åbnet din Mund for HERREN, så gør med mig, som dit Ord lød, nu da HERREN har skaffet dig Hævn over dine Fjender, Ammoniterne!"
Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ Awurade bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ Awurade ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim.
37 Men hun sagde til sin Fader: "En Ting må du unde mig: Giv mig to Måneders Frist, så jeg kan gå omkring i Bjergene for at begræde min Jomfrustand sammen med mine Veninder!"
Nanso nea edi kan no, ma memforo mmepɔw nkokyinkyin so na me ne me nnamfonom nsu asram abien, efisɛ mewu sɛ ababaa a minhuu ɔbarima da.”
38 Han sagde: "Gå!" og lod hende drage bort i to Måneder; og hun gik bort med sine Veninder for at begræde sin Jomfrustand i Bjergene.
Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma.
39 Da de to Måneder var omme, vendte hun tilbage til sin Fader, og han fuldbyrdede det Løfte, han havde aflagt, på hende; og hun havde ikke kendt Mand. Og det blev Skik i Israel,
Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da. Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel
40 at Israels Døtre hvert År går hen for at klage over Gileaditen Jeftas Datter fire Dage om Året.
ama Israel mmabun sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akodi nnaanan na wɔakosu Yefta babea no nkrabea.