< Jeremias 33 >

1 Herrens ord kom anden gang til Jeremias, medens han endnu sad fængslet i Vagtforgården, således:
Bere a Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so se:
2 Så siger HERREN, som skabte Jorden og dannede den, idet han grundfæstede den, han, hvis Navn er HERREN:
“Sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛe na ɔma egyinae, Awurade ne ne din:
3 Kald på mig, så vil jeg svare dig og kundgøre dig store og lønlige Ting, du ikke kender.
‘Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.’
4 Thi så siger HERREN, Israels Gud, om denne Bys Huse og om Judas Kongers Huse, som nedbrødes for at bruges til Volde og Mur,
Na nea Awurade, Israel Nyankopɔn, ka de fa afi a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfi ahorow a wɔabubu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nea wɔde besiw ntuano afasu ne afoa no ano,
5 da man gav sig til at stride imod Kaldæerne, og som fyldtes med Ligene af de Mennesker, jeg slog i min Vrede og Harme, og for hvem jeg skjulte mit Åsyn for al deres Ondskabs Skyld:
wɔ wɔne Babiloniafo ɔko no mu. ‘Nnipa a mede mʼabufuw ne mʼabufuwhyew bekunkum wɔn no afunu bɛyɛ hɔ ma. Meyi mʼani afi saa kuropɔn yi so esiane nʼamumɔyɛ nyinaa nti.
6 Se, jeg vil lade Byens Sår heles og læges, og jeg helbreder dem og oplader for dem en Rigdom af Fred og Sandhed.
“‘Nanso mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfo yare na mama wɔanya asomdwoe ne bammɔ a ɛdɔɔso.
7 Jeg vender Judas og Israels Skæbne og opbygger dem som tilforn.
Mɛsan de Yuda ne Israel afi nnommum mu aba na masan agye wɔn asi hɔ sɛ nea na wɔte dedaw no.
8 Jeg renser dem for al deres Brøde, med hvilken de syndede imod mig, og tilgiver alle deres Misgerninger, med hvilke de syndede og forbrød sig imod mig.
Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuatew ho bɔne nso akyɛ wɔn.
9 Byen skal blive til Glæde, til Pris og Ære blandt alle Jordens Folk; og når de hører om alt det gode, jeg gør den, skal de frygte og bæve over alt det gode og al den Lykke, jeg lader den times.
Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta, ɛbɛma me anigye, ayeyi ne anuonyam wɔ asase so aman a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wobesuro na wɔn ho apopo wɔ yiyedi ne asomdwoe bebrebe a mede ma no nti.’
10 Så siger HERREN: På dette Sted, som I siger er ødelagt, uden Mennesker og Kvæg, i Judas Byer og på Jerusalems Gader, der er lagt øde, uden Mennesker og kvæg,
“Sɛɛ na Awurade se: ‘Woka fa saa beae yi ho se, “Ada mpan a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, hɔ na wɔbɛsan ate bio,
11 skal atter høres Fryderåb og Glædesråb, Brudgoms Røst og Bruds Røst, Råb af Folk, som siger: "Tak Hærskarers HERRE; thi HERREN er god, og hans Miskundhed varer evindelig!" og som bringer Takoffer til HERRENs Hus; thi jeg vender Landets Skæbne, så det bliver som tilforn, siger HERREN.
ahurusi ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔ reba Awurade fi nne se, “‘“Momfa aseda mma Asafo Awurade, efisɛ Awurade ye, na ne dɔ wɔ hɔ daa.” Na mɛsan de asase no so nnepa a wɔwɔ hɔ dedaw no aba bio,’ Awurade, na ose.
12 Så siger Hærskarers HERRE: På dette ødelagte Sted, som er uden Mennesker og Kvæg, og i alle dets Byer skal der atter være Græsgange, hvor Hyrder lader deres Hjorde ligge;
“Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni no; ne nkurow nyinaa so no, wobenya nguanhwɛfo adidibea ne nea wɔn nguankuw bɛhome.
13 i Bjerglandets, Lavlandets og Sydlandets Byer, i Benjamins land, i Jerusalems Omegn og i Judas Byer skal Småkvæget atter gå forbi under Tællerens Hånd, siger HERREN.
Nkurow a ɛwɔ ɔman a ɛda bepɔw so no atɔe fam mmepɔw ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkurow mu, nguankuw betwa mu bio wɔ nea ɔkan wɔn no nsa ase.’ Awurade, na waka.
14 Se, Dage skal komme, lyder det fra HERREN, da jeg opfylder den Forjættelse, jeg udtalte om Israels og Judas Hus.
“‘Nna no reba,’ Awurade na ose, a mɛma adom bɔ a mehyɛɛ Israel ne Yudafi no aba mu.
15 I hine Dage og til hin Tid lader jeg en Retfærds Spire fremspire for David, og han skal øve Ret og Retfærd i Landet.
“‘Nna no mu ne saa bere no mɛma trenee Dubaa afefɛw afi Dawid ase; ɔbɛyɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase no so.
16 I hine Dage skal Juda frelses og Jerusalem bo trygt, og man skal kalde det: HERREN vor Retfærdighed.
Saa nna no mu, wobegye Yuda nkwa na Yerusalem bɛtena asomdwoe mu. Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no Awurade, Yɛn Trenee.’
17 Thi så siger HERREN: David skal ikke fattes en Mand til at sidde på Israels Huss Trone.
Na sɛɛ na Awurade se: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel ahengua so no remmɔ Dawid da,
18 Og Levitpræsterne skal aldrig fattes en Mand til at stå for mit Åsyn og frembære Brændoffer, brænde Afgrødeoffer og ofre Slagtoffer.
saa ara nso na asɔfo a wɔyɛ Lewifo no, ɔbarima a obegyina mʼanim daa abɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre na ɔde afɔre ahorow abrɛ me, remmɔ wɔn da.’”
19 Og HERRENs Ord kom til Jeremias således:
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se:
20 Så siger HERREN Hvis min Pagt med Dagen og Natten brydes, så det ikke bliver Dag og Nat, når Tid er inde,
“Sɛɛ na Awurade se: ‘Sɛ wubetumi abu me ne adekyee ne adesae apam so, na adekyee ne adesae amma wɔn bere a wɔahyehyɛ no a,
21 da skal også min Pagt med min Tjener David brydes, så han ikke har nogen Søn til at sidde som Konge på sin Trone, og med Levitpræsterne, som tjener mig.
ɛno de, na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wubetumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahengua so adi hene bio.
22 Som Himmelens Hær ikke kan tælles og Havets Sand ikke måles, således vil jeg mangfoldiggøre min Tjener Davids Afkom og Leviterne, som tjener mig.
Mɛma mʼakoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔ te sɛ ɔsoro nsoromma a wontumi nkan ne mpoano nwea a wontumi nsusuw.’”
23 Og HERRENs Ord kom til Jeremias således:
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
24 Har du ikke lagt Mærke til, hvorledes dette Folk siger: "De to Slægter, HERREN udvalgte, har han forkastet!" Og de smæder mit Folk, fordi det i deres Øjne ikke 1ner er et Folk.
“Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘Awurade apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.
25 Så siger HERREN: Hvis jeg ikke har fastsat min Pagt med Dag og Nat, givet Love for Himmel og Jord,
Nea Awurade se ni: ‘Sɛ mantintim me ne adekyee ne adesae apam ne ɔsoro ne asase mmara no a,
26 så vil jeg også forkaste Jakobs Afkom og min Tjener David og ikke af hans Afkom tage Herskere oer Abrabams, Isaks og Jakobs Afkom; thi jeg vender deres Skæbne og forbarmer mig over dem.
ɛno de anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefo, na merenyi ne mmabarima mu baako sɛ onni Abraham, Isak ne Yakob asefo so. Na mede wɔn ahonyade bɛsan ama wɔn, na manya ayamhyehye ama wɔn.’”

< Jeremias 33 >