< Esajas 57 >

1 Den retfærdige omkom, og ingen tænkte derover, fromme Mænd reves bort, det ænsede ingen; thi bort blev den retfærdige revet for Ondskabens Skyld
Atreneefo wu, na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu; wɔfa nyamesurofo kɔ, na obiara nte ase sɛ wɔfa atreneefo kɔ sɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu.
2 og gik ind til Fred; på Gravlejet hviler nu de, som vandrede ret.
Wɔn a wɔnantew tee no wɔhyɛn asomdwoe mu; wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.
3 Men I, kom nu her, I Troldkvindens Børn, I, Horkarls og Skøges Yngel:
“Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma, mo nguaman ne mmea nguamanfo mma!
4 Hvem er det, I spotter? Hvem vrænger I Mund, hvem rækker I Tunge ad? Er I ej Syndens Børn og Løgnens Yngel?
Hena na moreserew no? Hena na moredi ne ho fɛw na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatewfo fekuw ne atorofo asefo ana?
5 I, som er i Brynde ved Ege, under hvert grønt Træ, I, som slagter Børn i Dale. i Klippernes Kløfter!
Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mu ne dua biara a adennan ase; mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mu ne abotan mpaapae ase.
6 Dalenes glatte Sten er din Del og din Lod, du udgyder Drikofre for dem, bringer dem Gaver. Skal jeg være tilfreds med sligt?
Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn. Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?
7 På høje og knejsende Bjerge redte du Leje, også der steg du op for at slagte dit Offer;
Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.
8 bag Døren og Dørens Stolpe satte du dit Tegn; thi du sveg mig og blotted dig, steg op, gjorde lejet bredt, købte Samlejets Elskov af dem, så deres Skam;
Mo apon ne apongua akyi na mo de mo abosonsom nsɛsode asisi. Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama, mokɔdaa so na motrɛw mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu.
9 du salved dig med Olie for Molok og ødsled med Røgelse, sendte dine Bud til det fjerne, steg ned til Dødsriget, (Sheol h7585)
Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhuam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri; mosian kɔɔ ɔda mu ankasa! (Sheol h7585)
10 du blev træt af den lange Vej, men opgav ej Ævred; du samlede atter din Kraft og gav ikke op.
Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ, nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’ Mopɛɛ ahoɔden foforo enti moantɔ piti.
11 For hvem var du ræd og angst? Thi på Løgn var du inde, og mig kom du ikke i Hu, brød dig ikke om mig. Jeg er jo stum og blind, mig frygted du ikke.
“Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛ a enti moanni me nokware, na moankae me anaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi? So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no nti na munsuro me no ana?
12 Ja, jeg vil forkynde din Retfærd og dine Gerninger;
Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi, na so remma mo mfaso.
13 din Gudeflok hjælper og redder dig ej på dit Råb; en Storm bortfejer dem alle, el Vindstød tager dem. Men den, der lider på mig, skal arve Landet og eje mit hellige Bjerg.
Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, home kɛkɛ bɛfa wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea no bedi asase no so na wafa me bepɔw kronkron no.”
14 Og det lyder: "Byg Vej, byg Vej og ban den. ryd Hindringer bort for mit Folk!"
Na wɔbɛka se: “Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no! Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.”
15 Thi så siger den højt ophøjede, som troner evigt, hvis Navn er "Hellig": I Højhed og Hellighed bor jeg, hos den knuste, i Ånden bøjede for at kalde de bøjedes Ånd og de knustes Hjerte til Live.
Na oyi ne nea ɔkorɔn no, nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se: “Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom, na makanyan ne koma a abubu no.
16 Thi evigt går jeg ikke i Rette, evindelig vredes jeg ej; så vansmægted Ånden for mit Ansigt, Sjæle, som jeg har skabt,
Meremmɔ sobo afebɔɔ, na me bo remfuw daa, sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ no.
17 For hans Gridskheds Skyld blev jeg vred, slog ham og skjulte mig i Harme; han fulgte i Frafald sit Hjertes Vej.
Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ.
18 Jeg så hans Vej, men nu vil jeg læge og lede ham og give ham Trøst til Bod;
Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare. Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ,
19 hos de sørgende skaber jeg Læbernes Frugt, Fred, Fred for fjern og nær, siger HERREN, og nu vil jeg læge ham.
na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano. Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.”
20 Men de gudløse er som det oprørte Hav, der ikke kan komme til Ro, hvis Bølger opskyller Mudder og Dynd.
Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru, entumi nyɛ komm, nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi.
21 De gudløse har ingen Fred, siger min Gud.
“Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se.

< Esajas 57 >