< Esajas 22 >
1 Et Udsagn: "Synernes Dal". Hvad tænker du på, siden alle stiger op på Tagene,
Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no: Dɛn na ɛhaw mo mprempren, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
2 du larmende, støjende By, du jublende Stad? Dine slagne er vel ikke sværdslagne, døde i Krig!
kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma, huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn? Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa, na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.
3 Alle dine Høvdinger flygted, flyed langt bort, alle dine Helte, væbnet med Buer, blev fanget.
Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan; wɔamfa tadua ankyekye wɔn. Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.
4 Derfor siger jeg: Gå fra mig, lad mig græde bittert, træng ej på for at trøste mig over, at mit Folk er lagt øde!
Enti mekae se, “Mumfi me so na mintwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”
5 Thi en Dag, da man, ræddes, trædes og trænges, har Herren, Hærskarers HERRE, til Rede! I Synernes Dal brødes Mure ned, mod Bjerget hørtes Skrig;
Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu wɔ Anisoadehu Bon no mu, da a wɔde bubu afasu na wɔde su kyerɛ mmepɔw.
6 Elam løftede Koggeret, Aram satte sig til Hest, Kir tog Skjoldene ud;
Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho; Kir ama kyɛm no so.
7 og de bedste iblandt dine Dale fyldtes med Vogne og Heste, lige til Porten stod de.
Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma, na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.
8 Han borttog Judas Værn. På den Dag så I hen til Skovhusets Rustkammer,
Wɔayi Yuda ho bammɔ no. Na da no wode wʼani too akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;
9 og I så, hvor mange Revner der var i Davidsbyen. I samlede Nedredammens Vand,
wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no, akwan bebree deda ne bammɔ mu woboaa nsu ano wɔ Ase Abura mu.
10 gik Jerusalems Huse igennem og rev Husene ned for at gøre Muren stærk.
Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.
11 I gravede mellem de to Mure en Fordybning til den gamle Dams Vand. Men til ham, der virked det, skued I ikke, så ej hen til ham, som beredte det for længst.
Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.
12 På hin Dag kaldte Herren, Hærskarers HERRE, til Gråd og Sorg, til Hovedragning og Sæk.
Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.
13 Men se, der er Fryd og Glæde, man slår Okser ned, slagter Får, æder Kød og får Vin at drikke: "Lad os æde og drikke, thi i Morgen dør vi!"
Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ; wokunkum anantwi ne nguan; wɔwe nam na wɔbow nsa! Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ, ɔkyena yebewu!”
14 Men Hærskarers HERRE åbenbared for mit Øre: "Den Synd," siger Herren, Hærskarers HERRE, "får I ikke sonet, førend I dør!"
Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
15 Så siger Herren, Hærskarers HERRE: Gå hen og sig til denne Foged, Slotshøvedsmanden Sjebna:
Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi, Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,
16 Hvad har du her, og hvem har du her, at du her udhugger din Grav, udhugger dig en Grav højt oppe, huler dig en Bolig i Klippen!
Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo da wɔ ha, worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
17 Se, HERREN slynger dig bort og bøjer dig sammen, du stolte,
“Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.
18 han knytter dig sammen til et Knytte og kaster dig ud i et vidtstrakt Land! Der skal du dø, der din Æresvogn komme, du Skændsel for din Herres Hus!
Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa, na watow wo akyene ɔman kɛse bi so hɔ na wubewu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!
19 Jeg støder dig bort fra din Stilling og styrter dig fra din Post.
Megye wʼadwuma afi wo nsa mu na wɔayi wo afi wo dibea so.
20 Men på hin Dag kalder jeg min Tjener Eljakim, Hilkijas Søn,
“Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
21 og iklæder ham din Kjortel, omgjorder ham med dit Bælte og lægger din Myndighed i hans Hånd. Han skal blive en Fader for Jerusalems Indbyggere og Judas Hus.
Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi.
22 Jeg lægger Nøglen til Davids Hus på hans Skulder; når han lukker op, skal ingen lukke i, og når han lukker i, skal ingen lukke op,
Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue.
23 Jeg fæster ham som en Nagle på et sikkert Sted, og han skal blive til Hæder for sit Fædrenehus.
Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi.
24 Men hænger hans Fædrenehus's hele Vægt sig på ham, Skud og Vildskud, alle Småkar, fra Fadene til alle Krukkerne,
Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.
25 så skal det ske på den Dag, lyder det fra Hærskarers HERRE, at Naglen, der var fæstet på et sikkert Sted, giver efter, rives ud og falder ned, og hele Vægten, som hænger derpå, skal slås sønder. Thi HERREN har talet!
“Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”