< Amos 8 >

1 Således lod Herren mig skue: Se, der var en kurv sommerfrugt.
Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu.
2 Og han sagde: "Hvad ser du, Amos?" Jeg svarede: "En kurv Sommerfrugt!" Da sagde HERREN til mig: "Enden er kommet for mit Folk Israel; jeg vil ikke længer bære over med det."
Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?” Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.” Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.”
3 Paladsets Sangerinder skal jamre på denne Dag, så lyder det fra den Herre HERREN. Dynger af Lig er henkastet alle Vegne.
Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
4 Hør, I, som knuser de fattige, gør det af med de arme i Landet
Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so,
5 og siger: "Hvornår er Nymånen omme, så vi kan få solgt noget Korn, Sabbaten, så vi kan åbne vort Kornsalg, gøre Efaen lille og Sekelen stor og med Svig gøre Vægten falsk
na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo,
6 for at købe den ringe for Sølv, den fattige for et Par Sko og få Afaldskornet solgt?"
na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn.
7 HERREN svor ved Jakobs Stolthed: Aldrig glemmer jeg een af deres Gerninger!
Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.
8 Må Jorden ej skælve derover og enhver, som bor på den, sørge? Den stiger overalt som Nilen og synker som Ægyptens Flod.
“Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil ebubu afa so, na asan atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.”
9 På hin Dag lader jeg det ske, så lyder det fra den Herre HERREN, at Solen går ned ved Middag, og Jorden bliver mørk ved højlys Dag.
Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, na mama sum aduru asase so awia ketee.
10 Jeg vender eders Fester til Sorg og alle eders Sange til klage, lægger Sæk om alle Lænder, gør hvert et Hoved skaldet, bringer Sorg som over en enbåren, en bitter Dag til sidst.
Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.
11 Se, Dage skal komme, lyder det fra den Herre HERREN, da jeg sender Hunger i Landet, ikke Hunger efter Brød, ikke Tørst efter Vand, men efter at høre HERRENs Ord.
“Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho kɔm.
12 Da vanker de fra Hav til Hav, flakker fra Nord til Øst for at søge HERRENs Ord, men finder det ej.
Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so, na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhu.
13 Den Dag vansmægter af Tørst de fagre Jomfruer og unge Mænd,
“Na saa da no “mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti.
14 som sværger ved Samarias Synd, som siger: "Ved din Gud, o Dan!" "Ved din Skytsgud, o Be'ersjeba!" de skal falde, ej mere stå op.
Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”

< Amos 8 >