< 1 Samuel 31 >
1 Imidlertid angreb Filisterne Israel; og Israels Mænd flygtede for Filisterne, og de faldne lå rundt om på Gilboas Bjerg.
Afei, Filistifo no ko tiaa Israel. Israelfo no guanee wɔ wɔn anim, na wokunkum pii wɔ Gilboa bepɔw so.
2 Og Filisterne forfulgte Saul og hans Sønner og dræbte Sauls Sønner, Jonatan, Abinadab og Malkisjua.
Filistifo no kɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, kunkum wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
3 Kampen rasede om Saul, og han blev opdaget af Bueskytterne og grebes af stor Angst for dem.
Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifo agyantowfo no bɛn no, na wopiraa no kɛse pa ara.
4 Da sagde Saul til sin Våbendrager: "Drag dit Sværd og gennembor mig, for at ikke disse uomskårne skal komme og gennembore mig og mishandle mig!" Men Våbendrageren vilde ikke, thi han gøs tilbage derfor. Da tog Saul Sværdet og styrtede sig i det;
Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa no, na fa wɔ me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” Na nʼakodekurafo no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ankasa afoa sinaa ne ho wɔ so.
5 og da Våbendrageren så, at Saul var død, styrtede også han sig i sit Sværd og fulgte ham i Døden.
Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ wawu no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho.
6 Således fulgtes denne Dag Saul, hans tre Sønner, hans Våbendrager og alle hans Mænd i Døden.
Enti Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodekurafo ne nʼakofo nyinaa totɔɔ saa da no.
7 Men da Israels Mænd i Byerne i Dalen og ved Jordan så, at Israels Mænd var flygtet, og at Saul og hans Sønner var faldet, forlod de Byerne og flygtede, hvorpå Filisterne kom og besatte dem.
Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow hɔ guanee. Na Filistifo no bɛtenaa hɔ.
8 Da Filisterne Dagen efter kom for at plyndre de faldne, fandt de Saul og hans tre Sønner liggende på Gilboas Bjerg;
Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔw so.
9 de huggede da Hovedet at ham, afførte ham hans Våben og sendte Bud rundt i Filisternes Land for at bringe deres Afguder og Folket Glædesbudet.
Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔ wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa.
10 Våbnene lagde de i Astartes Tempel, men Kroppen hængte de op på Bet-Sjans Mur.
Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho.
11 Men da Indbyggerne i Jabesj i Gilead hørte, hvad Filisterne havde gjort ved Saul,
Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no,
12 brød alle våbenføre Mænd op, og efter at have gået hele Natten igennem tog de Sauls og hans Sønners Kroppe ned fra Bet-Sjans Mur, bragte dem med til Jabesj og brændte dem der.
wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn.
13 Så tog de deres Ben og jordede dem under Tamarisken i Jabesj og fastede syv Dage.
Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.