< 1 Korinterne 10 >
1 Thi jeg vil ikke, Brødre, at I skulle være uvidende om, at vore Fædre vare alle under Skyen og gik alle igennem Havet
Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu.
2 og bleve alle døbte til Moses i Skyen og i Havet
Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifo wɔ omununkum ne po no mu.
3 og spiste alle den samme åndelige Mad
Wɔn nyinaa dii honhom fam aduan
4 og drak alle den samme åndelige Drik; thi de drak af en åndelig Klippe, som fulgte med; men Klippen var Kristus.
na wɔnom honhom fam anonne. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa.
5 Alligevel fandt Gud ikke Behag i de fleste af dem; thi de bleve slagne ned i Ørkenen.
Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ sare no so hɔ.
6 Men disse Ting skete som Forbilleder for os, for at vi ikke skulle begære, hvad ondt er, således som hine begærede.
Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no,
7 Bliver ej heller Afgudsdyrkere som nogle af dem, ligesom der er skrevet: "Folket satte sig ned at spise og drikke, og de stode op at lege."
na ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.”
8 Lader os ej heller bedrive Utugt, som nogle af dem bedreve Utugt, og der faldt på een Dag tre og tyve Tusinde.
Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no.
9 Lader os ej heller friste Herren, som nogle af dem fristede ham og bleve ødelagte af Slanger.
Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛ maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no.
10 Knurrer ej heller, som nogle af dem knurrede og bleve ødelagte af Ødelæggeren.
Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛ maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no.
11 Men dette skete dem forbilledligt, men det blev skrevet til Advarsel for os, til hvem Tidernes Ende er kommen. (aiōn )
Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. (aiōn )
12 Derfor den, som tykkes at stå, se til, at han ikke falder!
Obiara a osusuw sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.
13 Der er ikke kommet andre end menneskelige Fristelser over eder, og trofast er Gud, som ikke vil tillade, at I fristes over Evne, men som sammen med Fristelsen vil skabe også Udgangen af den, for at I må kunne udholde den.
Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.
14 Derfor, mine elskede, flyr fra Afgudsdyrkelsen!
Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho.
15 Jeg taler som til forstandige; dømmer selv, hvad jeg siger.
Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa.
16 Velsignelsens Kalk, som vi velsigne, er den ikke Samfund med Kristi Blod? det Brød, som vi bryde, er det ikke Samfund med Kristi Legeme?
Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no ana? Brodo a yebubu mu no nso, sɛ yedi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ ana?
17 Fordi der er eet Brød, ere vi mange eet Legeme; thi vi få alle Del i det ene Brød.
Esiane sɛ brodo no yɛ baako na yedi no wɔ ɔhonam koro mu nti, ɛwɔ mu sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.
18 Ser til Israel efter Kødet; have de, som spise Ofrene, ikke Samfund med Alteret?
Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no wɔ ayɔnkoyɛ.
19 Hvad siger jeg da? At Afgudsofferkød er noget? eller at en Afgud er noget?
Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi?
20 Nej! men hvad Hedningerne ofre, ofre de til onde Ånder og ikke til Gud; men jeg vil ikke, at I skulle få Samfund med de onde Ånder.
Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne.
21 I kunne ikke drikke Herrens Kalk og onde Ånders Kalk; I kunne ikke være delagtige i Herrens Bord og i onde Ånders Bord.
Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahonhommɔne pon nso so.
22 Eller skulle vi vække Herrens Nidkærhed? Mon vi ere stærkere end han?
Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no ana?
23 Alt er tilladt, men ikke alt er gavnligt; alt er tilladt, men ikke alt opbygger.
Wɔka se, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn.
24 Ingen søge sit eget, men Næstens!
Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.
25 Alt, hvad der sælges i Slagterbod, spiser det, uden at undersøge noget af Samvittigheds-Hensyn;
Tiboa nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara.
26 thi Herrens er Jorden og dens Fylde.
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”
27 Dersom nogen af de vantro indbyder eder, og I ville gå derhen, da spiser alt det, som sættes for eder, uden at undersøge noget af Samvittigheds-Hensyn.
Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara.
28 Men dersom nogen siger til eder: "Dette er Offerkød," da lad være at spise for hans Skyld, som gav det til Kende, og for Samvittighedens Skyld.
Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no.
29 Samvittigheden siger jeg, ikke ens egen, men den andens; thi hvorfor skal min Frihed dømmes af en anden Samvittighed?
Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan?
30 Dersom jeg nyder det med Taksigelse, hvorfor hører jeg da ilde for det, som jeg takker for?
Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”
31 Hvad enten I derfor spise eller drikke, eller hvad I gøre, da gører alt til Guds Ære!
Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
32 Værer uden Anstød både for Jøder og Grækere og for Guds Menighed,
Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo.
33 ligesom også jeg i alt stræber at tækkes alle, idet jeg ikke søger, hvad der gavner mig selv, men hvad der gavner de mange, for at de kunne frelses.
Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.