< Aabenbaringen 11 >
1 Og der blev givet mig et Rør ligesom en Maalestok, med de Ord: Staa op og maal Guds Tempel og Alteret og dem, som tilbede deri.
Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ pema, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no.
2 Men Forgaarden uden for Templet, lad den ude og maal den ikke, thi den er given til Folkeslagene; og de skulle nedtræde den hellige Stad i to og fyrretyve Maaneder.
Nanso mfa asɔredan no adiwo nka ho, efisɛ wɔde hɔ ama amanamanmufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien.
3 Og jeg vil give mine tvende Vidner, at de skulle profetere eet Tusinde, to Hundrede og tresindstyve Dage, klædte i Sække.
Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.”
4 Disse ere de tvende Olietræer og de tvende Lysestager, som staa for Jordens Herre.
Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.
5 Og dersom nogen vil gøre dem Skade, udgaar der Ild af deres Mund og fortærer deres Fjender; og dersom nogen vil gøre dem Skade, bør han saaledes ihjelslaas.
Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no.
6 Disse have Magt til at lukke Himmelen, saa at der ingen Regn skal falde i deres Profetis Dage; og de have Magt over Vandene til at forvandle dem til Blod og til at slaa Jorden med alskens Plage, saa ofte de ville.
Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ.
7 Og naar de faa fuldendt deres Vidnesbyrd, skal Dyret, som stiger op af Afgrunden, føre Krig imod dem og overvinde dem og ihjelslaa dem. (Abyssos )
Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akunkum wɔn (Abyssos )
8 Og deres Lig skal ligge paa Gaden i den store Stad, som i aandelig Forstand kaldes Sodoma og Ægypten, der, hvor ogsaa deres Herre blev korsfæstet.
na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so, wɔ faako a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asennua no so a ɛhɔ din pa ne Sodom ne Misraim no.
9 Og Mennesker af alle Folk og Stammer og Tungemaal og Folkeslag skulle se paa deres Lig i tre og en halv Dag og ikke tilstede, at deres Lig lægges i Grav.
Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn.
10 Og de, som bo paa Jorden, glæde sig over dem og fryde sig; og de sende hverandre Gaver, fordi disse to Profeter vare til Plage for dem, som bo paa Jorden.
Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so.
11 Og efter de tre og en halv Dags Forløb kom der Livs Aande fra Gud i dem; og de stode paa deres Fødder, og stor Frygt faldt paa dem, som saa dem.
Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu.
12 Og de hørte en høj Røst fra Himmelen, som sagde til dem: Stiger her op! Og de stege op til Himmelen i Skyen, og deres Fjender derpaa.
Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
13 Og i samme Stund skete der et stort Jordskælv, og Tiendedelen af Staden faldt, og syv Tusinde Personer bleve dræbte i Jordskælvet; og de andre bleve forfærdede og gave Himmelens Gud Ære.
Saa bere koro no ara mu na asase wosow denneennen, kurow no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpem ason wuwuu wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
14 Det andet Ve er til Ende; se, det tredje Ve kommer snart.
Ɔhaw a ɛto so abien no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba.
15 Og den syvende Engel basunede, og der hørtes høje Røster i Himmelen, som sagde: Herredømmet over Verden er blevet vor Herres og hans Salvedes, og han skal være Konge i Evighedernes Evigheder. (aiōn )
Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se, “Tumi a wɔde di wiase so mprempren no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (aiōn )
16 Og de fire og tyve Ældste, som sidde for Guds Aasyn paa deres Troner, faldt ned paa deres Ansigter og tilbade Gud og sagde:
Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn,
17 Vi takke dig, Herre Gud, almægtige, du, som er, og som var, fordi du har taget din store Magt og tiltraadt dit Kongedømme,
kae se, “Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw, wonam wo tumi kɛse so afi ase redi hene!
18 og Folkeslagene vrededes, og din Vrede kom og Tiden til, at de døde skulle dømmes, og til at give Lønnen til dine Tjenere, Profeterne, og de hellige og dem, som frygte dit Navn, de smaa og de store, og til at ødelægge dem, som lægge Jorden øde.
Aman bo fuwii, na wʼabufuwhyew no aba. Bere aso sɛ wobu awufo atɛn. Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo, akɛse ne nketewa no aba so no adu. Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
19 Og Guds Tempel i Himmelen blev aabnet, og hans Pagts Ark kom til Syne i hans Tempel, og der kom Lyn og Røster og Tordener og Jordskælv og stærk Hagel.
Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bue ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paapaee, na asase wosowee na mparuwbo bebree nso tɔe.