< Salme 27 >
1 Af David. HERREN er mit Lys og min Frelse, hvem skal jeg frygte? HERREN er Værn for mit Liv, for hvem skal jeg ræddes?
Dawid dwom. Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ; hwan na mensuro no? Awurade ne me nkwa ahoɔden, na hwan anim na me ho mpopoɔ?
2 Naar onde kommer imod mig for at æde mit Kød, saa snubler og falder de, Uvenner og Fjender!
Sɛ nnipa bɔne toa me pɛ sɛ wɔkum me a, sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.
3 Om en Hær end lejrer sig mod mig, er mit Hjerte uden Frygt; om Krig bryder løs imod mig, dog er jeg tryg.
Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, mʼakoma rentu; mpo sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.
4 Om eet har jeg bedet HERREN, det attraar jeg: alle mine Dage at bo i HERRENS Hus for at skue HERRENS Livsalighed og grunde i hans Tempel.
Adeɛ baako na mebisa Awurade; na ɛno na mehwehwɛ; sɛ mɛtena Awurade fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.
5 Thi han gemmer mig i sin Hytte paa Ulykkens Dag, skjuler mig i sit Telt og løfter mig op paa en Klippe.
Wɔ hia ɛda mu no ɔde me sie nʼatenaeɛ; ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.
6 Derfor løfter mit Hoved sig over mine Fjender omkring mig. I hans Telt vil jeg ofre Jubelofre, med Sang og med Spil vil jeg prise HERREN.
Afei ɔbɛma me tiri so wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.
7 HERRE, hør mit Raab, vær naadig og svar mig!
Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! Hu me mmɔbɔ na gye me so!
8 Jeg mindes, du sagde: »Søg mit Aasyn!« Dit Aasyn søger jeg, HERRE;
Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ.
9 skjul ikke dit Aasyn for mig! Bortstød ikke din Tjener i Vrede, du er min Hjælp, opgiv og slip mig ikke, min Frelses Gud!
Mfa wʼanim nhinta me, mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ me ɔboafoɔ ne wo. Mpo me na nnya me, Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
10 Thi Fader og Moder forlod mig, men HERREN tager mig til sig.
Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ, nanso Awurade bɛgye me.
11 Vis mig, HERRE, din Vej og led mig ad jævne Stier for Fjendernes Skyld;
Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade; fa me fa ɛkwan tee so, me nhyɛsofoɔ enti.
12 giv mig ikke i glubske Uvenners Magt! Thi falske Vidner, der udaander Vold, staar frem imod mig.
Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ, adansekurumfoɔ sɔre tia me na wɔpu awurukasɛm.
13 Havde jeg ikke troet, at jeg skulde skue HERRENS Godhed i de levendes Land —
Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ: mɛhunu Awurade ayamyɛ wɔ ateasefoɔ asase so.
14 Bi paa HERREN, fat Mod, dit Hjerte være stærkt, ja bi paa HERREN!
Twɛn Awurade. Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru na twɛn Awurade.