< Ordsprogene 12 >
1 At elske Tugt er at elske Kundskab, at hade Revselse er dumt.
Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ, na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.
2 Den gode vinder Yndest hos HERREN, den rænkefulde dømmer han skyldig.
Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu onifirani fɔ.
3 Ingen staar fast ved Gudløshed, men retfærdiges Rod skal aldrig rokkes.
Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.
4 En duelig Kvinde er sin Ægtemands Krone, en daarlig er som Edder i hans Ben.
Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.
5 Retfærdiges Tanker er Ret, gudløses Opspind er Svig.
Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ, na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.
6 Gudløses Ord er paa Lur efter Blod, retsindiges Mund skal bringe dem Frelse.
Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.
7 Gudløse styrtes og er ikke mer, retfærdiges Hus staar fast.
Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera, nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.
8 For sin Klogskab prises en Mand, til Spot bliver den, hvis Vid er vrangt.
Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.
9 Hellere overses, naar man holder Træl, end optræde stort, naar man mangler Brød.
Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ, sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.
10 Den retfærdige føler med sit Kvæg, gudløses Hjerte er grumt.
Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ, na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.
11 Den mættes med Brød, som dyrker sin Jord, uden Vid er den, der jager efter Tomhed.
Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree, na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.
12 De ondes Fæstning jævnes med Jorden, de retfærdiges Rod holder Stand.
Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ, nanso ɔteneneeni ase dɔre.
13 I Læbernes Brøde hildes den onde, den retfærdige undslipper Nøden.
Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie, nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.
14 Af sin Munds Frugt mættes en Mand med godt, et Menneske faar, som hans Hænder har øvet.
Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
15 Daarens Færd behager ham selv, den vise hører paa Raad.
Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo.
16 En Daare giver straks sin Krænkelse Luft, den kloge spottes og lader som intet.
Ɔkwasea bo nkyɛre fu, nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.
17 Den sanddru fremfører, hvad der er ret, det falske Vidne kommer med Svig.
Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo, na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.
18 Mangens Snak er som Sværdhug, de vises Tunge læger.
Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
19 Sanddru Læbe bestaar for evigt, Løgnetunge et Øjeblik.
Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
20 De, som smeder ondt, har Svig i Hjertet; de, der stifter Fred, har Glæde.
Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.
21 Den retfærdige times der intet ondt, gudløse oplever Vanheld paa Vanheld.
Ɔhaw biara rento ɔteneneeni, nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
22 Løgnelæber er HERREN en Gru, de ærlige har hans Velbehag.
Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.
23 Den kloge dølger sin Kundskab, Taabers Hjerte udraaber Daarskab.
Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.
24 De flittiges Haand skal raade, den lade tvinges til Hoveriarbejde.
Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
25 Hjertesorg bøjer til Jorden, et venligt Ord gør glad.
Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
26 Den retfærdige vælger sin Græsgang, gudløses Vej vildleder dem selv.
Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.
27 Ladhed opskræmmer intet Vildt, men kosteligt Gods faar den flittige tildelt.
Onihafoɔ ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.
28 Paa Retfærds Sti er der Liv, til Døden fører den onde Vej.
Tenenee kwan mu wɔ nkwa; na owuo nni saa ɛkwan no so.