< Nahum 3 >
1 Ve Byen, der drypper af Blod, hvor der kun tales Løgn, saa fuld af Ran, med Rov uden Ende!
Nnome nka mogya kuropɔn a atoro ne korɔn ahyɛ no ma na amanehunufo mpa mu da!
2 Hør Smæld og raslende Vogne, jagende Heste,
Apɔnkɔkafo abaa regyigye, nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehuruhuruw ne nteaseɛnam redankyidankyi.
3 Stridsvognenes vilde Dans og stejlende Heste! Sværdblink og lynende Spyd, faldne i Mængde, Masser af døde, endeløse Dynger af Lig, man snubler over Lig!
Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim; afoa twa yerɛw yerɛw, na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw. Atɔfo bebree, awufo a bi deda bi so, afunu a wontumi nkan wɔn dodow a nnipa tiatia so.
4 For Skøgens vidt drevne Utugt, den fagre, udlært i Trolddom, som besnærede Folk ved Utugt, Stammer ved Trolddom,
Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ, ntafowayifo no nnaadaa dodow no. Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa.
5 kommer jeg over dig, lyder det fra Hærskarers HERRE; dit Slæb slaar jeg op i Ansigtet paa dig, lader Folkeslag se din Blusel, Riger din Skam,
“Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro. Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase.
6 dænger dig til med Skarn og vanærer dig, ja sætter dig i Gabestok.
Mede fi bɛsra wo ho, mebu wo animtiaa na mama nnipa ahwɛ wo.
7 Enhver, som faar dig at se, skal fly fra dig og sige: »Nineve er ødelagt, hvem vil ynke det, hvor skal jeg hente en til at give det Trøst?«
Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se, ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’ Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?”
8 Mon du er bedre end No-Amon, der laa ved Strømme, omgivet af Vand som Bolværk, med Vand til Mur?
Wuye sen Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsu atwa ne ho ahyia ana? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsu yɛ ne fasu.
9 Dets Styrke var Ætiopere og Ægyptere uden Tal; Put og Libyer kom det til Hjælp.
Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfo ho.
10 Dog førtes det bort, i Fangenskab maatte det vandre, paa alle Gadehjørner knustes ogsaa dets spæde; og om dets ædle kastedes Lod, alle dets Stormænd lagdes i Lænker.
Nanso wɔfaa no nnommum twaa no asu. Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔnten so. Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto, na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
11 Ogsaa du skal drikke og synke i Afmagt, ogsaa du skal søge i Ly for Fjenden.
Wo nso wobɛbow Na wubehintaw wo ho de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn.
12 Alle dine Fæstninger er Figener og tidligmoden Frugt; naar de rystes, falder de den spisende i Munden.
Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a asow aba foforo: sɛ wɔwosow a aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi.
13 Se, Folket i dig er som Kvinder, vidaabne for Fjenden er Portene ind til dit Land, Ild fortæred dine Slaaer.
Hwɛ wʼakofo wɔn nyinaa yɛ mmea! Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo; ogya ahyew wʼapon no akyi adaban.
14 Øs Vand til Brug, naar du omringes, styrk dine Fæstninger, træd Dynd, stamp Ler, tag fat paa Teglstensformen.
Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no. Yere wo bammɔ mu! Wɔw dɔte no na siesie ntayaa a wɔato no!
15 Ild skal fortære dig paa Stedet. Sværd udrydde dig, fortære dig som Springere. Er du end talrig som Springere, talrig som Græshopper,
Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo; afoa betwa wo ahwe fam, wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw. Monnɔ sɛ tɛwtɛw, mo ase mfɛe sɛ mmoadabi!
16 er end dine Købmænd flere end Himlens Stjerner — Græshoppen kaster sin Vingeskal og flyver!
Woama wʼaguadifo adɔɔso, wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wotu kɔ.
17 Dine Fogeder er som Græshopper, dine Tipsarer som Græshoppesværme; de lejrer sig i Hegn, naar Dagen er sval; men naar Solen staar op, er de borte, man ved ej hvor.
Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi. Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw a wɔsensam ban ho awɔw da. Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.
18 Hvor sov dine Hyrder fast, du Assurs Konge! Dine Helte blunded; dit Folk er spredt paa Bjergene, ingen samler dem.
Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko. Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome. Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so a wonni anoboaboafo.
19 Ulægeligt er dit Brud, dit Saar er til Døden. Alle, som hører om dig, klapper i Haand; thi hvem fik ikke din Ondskab stadig at føle?
Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no; wo kuru no bekum wo. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho, Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm no bi nkaa no da?