< Nahum 2 >
1 Hærgeren drager imod dig, hold Vagt med Omhu, hold Udkig, omgjord din Lænd, saml al din Kraft!
Ɔtamfo reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɔkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
2 Thi HERREN genrejser Jakobs og Israels Højhed; dem har jo Hærværksmænd hærget og ødt deres Ranker.
Awurade de Yakob anuonyam bɛsan ama no te sɛ Israel de no, ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuw.
3 Hans Heltes Skjolde er røde, hans Stridsmænd skarlagenklædt, hans Vogne funkler af Staal, den Dag han ruster og Spydene svinges.
Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.
4 Igennem Gaderne raser Vognene frem, hen over Torvene farer de i susende Fart; de ser ud som Fakler, farer frem og tilbage som Lyn.
Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so, na wodi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
5 Hans Helte kaldes frem, de snubler i Farten, de styrter frem imod Muren, Skjoldtaget er rejst.
Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu, nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho; na wɔyɛ wɔn nkataanim krado.
6 Flodportene bliver aabnet, Kongsgaarden vakler.
Wobuebue asubɔnten apon no, na ahemfi no dwiriw gu fam.
7 Herskerinden føres bort i Landflygtighed med sine Terner; de sukker som kurrende Duer, slaar sig for Brystet.
Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.
8 Nineve er som en Dam, hvis Vand flyder bort. »Stands dog, stands dog!« raabes der, men ingen vender om.
Ninewe te sɛ ɔtare a mu nsu resen kɔ. Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!” Nanso, obiara ansan nʼakyi.
9 Ran Sølv, ran Guld! Der er Liggendefæ uden Ende, alskens kostbare Ting i store Maader.
Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa! Na ahonyade no dɔɔso.
10 Tomt og tømt og udtømt, ængstede Hjerter, rystende Knæ og Skælven i alle Lænder! Og alle Ansigter blegner.
Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa! Koma botow, na nkotodwe wosowosow, nnipa ho popo na wɔn anim hoa.
11 Hvor er nu Løvernes Bo, Ungløvernes Hule, hvor Løven trak sig tilbage, hvor Ungløven ej kunde skræmmes?
Mprempren he na gyata buw no wɔ, faako a wɔma wɔn mma aduan no, faako a gyatanini ne gyatabere kɔe na wɔn mma nso kɔ a wonsuro?
12 Den røved til Ungernes Tarv og myrded til Løvinderne, fyldte sine Hier med Bytte, sit Bo med Rov.
Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ hanam ama gyatabere no. Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama.
13 Se, jeg kommer over dig, lyder det fra Hærskarers HERRE, dit Lejrsted lader jeg gaa op i Røg. Dine Ungløver skal Sværdet fortære; jeg rydder din Røverfærd bort fra Jorden. Dine Sendebuds Røst skal aldrig høres mer.
“Me ne wo nka,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw na afoa bekunkum wo gyatamma. Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafo no nne bio.”