< Mikas 6 >
1 Hør, hvad HERREN taler: Kom, fremfør din Trætte for Bjergene, lad Højene høre din Røst!
Muntie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim; momma nkoko nte nea mowɔ ka.
2 I Bjerge, hør HERRENS Trætte, lyt til, I Jordens Grundvolde! Thi HERREN har Trætte med sit Folk, med Israel gaar han i Rette:
“Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo; tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo; ɔrebɔ Israel sobo.
3 Hvad har jeg gjort dig, mit Folk, med hvad har jeg plaget dig? Svar!
“Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!
4 Jeg førte dig jo op fra Ægypten og udløste dig af Trællehuset, og jeg sendte for dit Ansigt Moses, Aron og Mirjam.
Miyii mo fii Misraim migyee mo fii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bedii mo anim, Aaron ne Miriam nso.
5 Mit Folk, kom i Hu, hvad Kong Balak af Moab havde i Sinde, og hvad Bileam, Beors Søn, svarede ham, fra Sjittim til Gilgal, for at du kan kende HERRENS Retfærdsgerninger.
Me nkurɔfo, monkae afotu a Moabhene Balak mae ne mmuae a Beor babarima Balaam mae. Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal, na munhu Awurade akwantrenee.”
6 »Med hvad skal jeg møde HERREN, bøje mig for Højhedens Gud? Skal jeg møde ham med Brændofre, møde med aargamle Kalve?
Dɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa nantwimma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?
7 Har HERREN Behag i Tusinder af Vædre, Titusinder af Oliestrømme? Skal jeg give min førstefødte for min Synd, mit Livs Frugt som Bod for min Sjæl?«
Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre, anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?
8 Det er sagt dig, o Menneske, hvad der er godt, og hvad HERREN kræver af dig: hvad andet end at øve Ret, gerne vise Kærlighed og vandre ydmygt med din Gud.
Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa. Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ? Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu, na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.
9 Hør, HERREN raaber til Byen (at frygte dit Navn er Visdom): Hør, Stamme og Byens Menighed!
Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.
10 Skal jeg taale Skattene i den gudløses Hus og den magre, forbandede Efa,
Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?
11 tilgive Gudløsheds Vægt og Pungen med falske Lodder?
Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, ne asisi nkaribo na ɔmfa ne ho nni ana?
12 Dens Rigmænd er fulde af Vold, dens Borgeres Tale er Løgn, og Tungen er falsk i deres Mund.
Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
13 Derfor tog jeg til at slaa dig, ødelægge dig for dine Synder.
Ɛno nti, mafi ase resɛe mo, Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.
14 Du skal spise, men ikke mættes, lige tomt skal dit Indre være; hvad du hengemmer, skal du ej bjærge, og hvad du bjærger, giver jeg Sværdet;
Mubedidi, nanso moremmee; ɔkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.
15 du skal saa, men ikke høste, perse Oliven, men ikke salve dig, perse Most, men ej drikke Vin.
Mubedua nanso morentwa. Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi, mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.
16 Du fulgte Omris Skikke, al Akabs Huses Færd; I vandrede efter deres Raad, saa jeg maa gøre dig til Ørk og Byens Borgere til Spot; Folkenes Haan skal I bære.
Moadi Omri mmara so. Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi. Moasua wɔn nneyɛe no bi, ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so. Wɔbɛserew mo nkurɔfo; na amanaman bebu mo animtiaa.”