< 3 Mosebog 17 >
1 HERREN talede til Moses og sagde:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Tal til Aron og hans Sønner og alle Israeliterne og sig til dem: Dette har HERREN paabudt:
“Hyɛ saa mmara a efi Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfo no nyinaa.
3 Om nogen af Israels Hus slagter et Stykke Hornkvæg, et Faar eller en Ged i Lejren, eller han slagter dem uden for Lejren,
Israelni biara a ɔde nantwi, oguamma anaa abirekyi bɛbɔ afɔre wɔ nsraban mu anaa akyi no,
4 uden at bringe dem hen til Aabenbaringsteltets Indgang for at bringe HERREN en Offergave foran HERRENS Bolig, da skal dette tilregnes den Mand som Blodskyld; han har udgydt Blod, og den Mand skal udryddes af sit Folk.
a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔde wɔ Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu.
5 Dette er anordnet, for at Israeliterne skal bringe deres Slagtofre, som de slagter ude paa Marken, til HERREN, til Aabenbaringsteltets Indgang, til Præsten, og ofre dem som Takofre til HERREN.
Saa mmara yi bɛbra Israelfo no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wuram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔde no abrɛ ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea ɔsɔfo no betumi de ama Awurade sɛ asomdwoe afɔrebɔde.
6 Præsten skal da sprænge Blodet paa HERRENS Alter ved Indgangen til Aabenbaringsteltet og bringe Fedtet som Røgoffer, en liflig Duft for HERREN.
Sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu Awurade afɔremuka no so wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no sɛ ohuam ama Awurade ani asɔ.
7 Og de maa ikke mere ofre deres Slagtofre til Bukketroldene, som de boler med. Det skal være en evig gyldig Anordning for dem fra Slægt til Slægt!
Na ama ɔmanfo agyae afɔre a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wuram no. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo fi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.
8 Og du skal sige til dem: Om nogen af Israels Hus eller de fremmede, der bor iblandt eder, ofrer et Brændoffer eller Slagtoffer
“Miti mu sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔne mo te no de ɔhyew afɔrebɔde no anaa afɔrebɔ no ba,
9 og ikke bringer det hen til Aabenbaringsteltets Indgang for at ofre det til HERREN, da skal den Mand udryddes af sin Slægt.
na sɛ wamfa amma Ahyiae Ntamadan no kwan ano amfa amma Awurade a, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔmanfo no mu.
10 Om nogen af Israels Hus eller af de fremmede, der bor iblandt dem, nyder noget Blod, saa vender jeg mit Aasyn mod den, der nyder Blodet, og udrydder ham af hans Folk.
“‘Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya wɔ ɔkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu.
11 Thi Kødets Sjæl er i Blodet, og jeg har givet eder det til Brug paa Alteret til at skaffe eders Sjæle Soning; thi det er Blodet, som skaffer Soning, fordi det er Sjælen.
Efisɛ ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔremuka no so sɛ mpatade mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu nti na wɔde yɛ mpatade ma onipa kra.
12 Derfor har jeg sagt til Israeliterne: Ingen af eder maa nyde Blod; heller ikke den fremmede, der bor iblandt eder, maa nyde Blod.
Ɛno nti, mereka akyerɛ Israelfo se, “Wɔn anaa ahɔho a wɔte wɔn mu no nni mogya.”
13 Om nogen af Israeliterne eller af de fremmede, der bor iblandt dem, nedlægger et Stykke Vildt eller en Fugl af den Slags, der maa spises, da skal han lade Blodet løbe ud og dække det med Jord.
“‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɛ na obekum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔn ne mogya na ɔmfa mfutuma nkata so,
14 Thi om alt Køds Sjæl gælder det, at dets Blod er dets Sjæl; derfor har jeg sagt til Israeliterne: I maa ikke nyde Blodet af noget som helst Kød, thi alt Køds Sjæl er dets Blod; enhver, der nyder det, skal udryddes.
efisɛ aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno nti na meka kyerɛɛ Israelfo se wonnni mogya no, efisɛ nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a odi mogya no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.
15 Enhver, der spiser selvdøde eller sønderrevne Dyr, det være sig en indfødt eller en fremmed, skal tvætte sine Klæder og bade sig i Vand og være uren til Aften; saa er han ren.
“‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awu anaasɛ akekaboa bi na okum no no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere; ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka se ne ho atew.
16 Men hvis han ikke tvætter sine Klæder og bader sig, skal han undgælde for sin Brøde.
Na sɛ wanhoro ne ntama anguare a, wɔne no bedi no sɛnea mmara no se.’”