< Esajas 61 >

1 Den Herre HERRENS Aand er over mig, fordi han salvede mig; han sendte mig med Glædesbud til ydmyge, med Lægedom for sønderbrudte Hjerter, for at udraabe Frihed for Fanger og Udgang for dem, som er bundet,
Otumfo Awurade Honhom wɔ me so, efisɛ, wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum na wonyi nneduafo mfi sum mu,
2 udraabe et Naadeaar fra HERREN, en Hævnens Dag fra vor Gud, for at trøste alle, som sørger,
se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,
3 give dem, som sørger i Zion, Højtidspragt for Sørgedragt, for Sørgeklædning Glædens Olie, Lovsang for modløst Sind. Man kalder dem Retfærds Ege, HERRENS Plantning til hans Ære.
na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ nsi nsõ anan mu, anigye ngo nsi awerɛhowdi anan mu, ayeyi atade nsi abasamtu honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum nea Awurade adua de ada nʼanuonyam adi.
4 De skal bygge paa ældgamle Tomter, rejse Fortidsruiner, genopbygge nedbrudte Byer, der fra Slægt til Slægt laa i Grus.
Wobesi tete mmubui no bio, na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo nea asɛe awo ntoatoaso bebree no.
5 Fremmede skal staa og vogte eders Smaakvæg, Udlændinge slide paa Mark og i Vingaard.
Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw; ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu.
6 Men I skal kaldes HERRENS Præster, vor Guds Tjenere være eders Navn. Af Folkenes Gods skal I leve, deres Herlighed faar I til Eje.
Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo. Amanaman no ahonya no na mubedi na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho.
7 Fordi de fik tvefold Skændsel, og Spot og Spyt var deres Lod, faar de tvefold Arv i deres Land, dem tilfalder evig Glæde;
Wɔn animguase anan mu me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu; ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea.
8 thi jeg elsker Ret, jeg, HERREN, jeg hader forbryderisk Rov. Jeg giver dem Løn i Trofasthed og slutter med dem en evig Pagt.
“Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee. Mikyi korɔn ne nnebɔne. Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
9 Deres Æt skal kendes blandt Folkene, deres Afkom ude blandt Folkeslag; alle, der ser dem, skal kende dem som Slægten, HERREN velsigner.
Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
10 Jeg vil glæde mig højlig i HERREN, min Sjæl skal juble i min Gud; thi han klædte mig i Frelsens Klæder, hylled mig i Retfærds Kappe, som en Brudgom, der binder sit Hovedbind, som Bruden, der fæster sine Smykker.
Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me na ɔde trenee atade yuu awura me, sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.
11 Thi som Spiren gror af Jorden, som Sæd spirer frem i en Have, saa lader den Herre HERREN Retfærd gro og Lovsang for al Folkenes Øjne.
Na sɛnea asase ma afifide pue na turo nso ma aba nyin no, saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi apue wɔ amanaman anim.

< Esajas 61 >