< Esajas 25 >

1 HERRE, min Gud er du; jeg priser dig, lover dit Navn. Thi du har gjort et Under, Raad fra fordum var tro og sande.
Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
2 Thi du lagde Byen i Grus, den faste Stad i Ruiner; de fremmedes Borg er nedbrudt, aldrig mer skal den bygges.
Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio.
3 Derfor ærer dig et mægtigt Folk, frygter dig grumme Hedningers Stad.
Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.
4 Thi du blev de ringes Værn, den fattiges Værn i Nøden, et Ly mod Skylregn, en Skygge mod Hede; thi som isnende Regn er Voldsmænds Aande,
Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea, ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea, ahum ano ahintaeɛ ɔhyeɛ mu nwunu na atutupɛfoɔ ahome te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo
5 som Hede i det tørre Land. Du kuer de fremmedes Larm; som Hede ved Skyens Skygge saa dæmpes Voldsmænds Sang.
ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so. Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase; sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no, saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.
6 Hærskarers HERRE gør paa dette Bjerg et Gæstebud for alle Folkeslag med fede Retter og stærk Vin, med fede, marvfulde Retter og stærk og klaret Vin.
Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
7 Og han borttager paa dette Bjerg Sløret, som tilslører alle Folkeslag, og Dækket, der dækker alle Folk.
Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;
8 Han opsluger Døden for stedse. Og den Herre HERREN aftørrer Taaren af hver en Kind og gør Ende paa sit Folks Skam paa hele Jorden, saa sandt HERREN har talet.
Ɔbɛmene owuo afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa aniso nisuo nyinaa. Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora, afiri nsase nyinaa so. Awurade na waka.
9 Paa hin Dag skal man sige: Se, her er vor Gud, som vi biede paa, og som frelste os; her er HERREN, som vi biede paa. Lad os juble og glæde os over hans Frelse;
Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ, “Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie; yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ; momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”
10 thi HERRENS Haand hviler over dette Bjerg. Men Moab trampes ned, hvor det staar, som Straa i Møddingpølen;
Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so; nanso ɔbɛtiatia Moab so te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.
11 det breder sine Hænder ud deri, som Svømmeren gør for at svømme, og han ydmyger dets Hovmod trods Hændernes Kunstgreb.
Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so, sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.
12 Han nedbryder og nedstyrter de stejle Mures Værn; han jævner dem med Jorden, saa de ligger i Støvet.
Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu; ɔbɛbubu agu fam ama ayɛ mfuturo.

< Esajas 25 >