< Hoseas 4 >

1 Hør, Israeliter, HERRENS Ord, thi HERREN gaar i rette med Landets Folk. Thi ej er der Troskab, ej Godhed, ej kender man Gud i Landet.
Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so.
2 Man sværger og lyver, myrder og stjæler, horer, gør Indbrud, og Blodskyld følger paa Blodskyld.
Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso.
3 Derfor sørger Landet, og alt, hvad der bor der, sygner, Markens Dyr og Himlens Fugle; selv Havets Fisk svinder bort.
Eyi nti asase no di awerɛhow na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; wuram mmoa, wim nnomaa ne po mu nam rewuwu.
4 Dog skænde man ej, dog revse man ej, naar mit Folk kun er som dets Præster.
“Mma obiara mmɔ kwaadu, mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo. Na mmom, mo asɔfo mo na me ne mo anya.
5 Du skal styrte ved Dag, og med dig Profeten ved Nat....
Muhintiw awia ne anadwo, na adiyifo no ne mo hintiw. Ɛno nti mɛsɛe mo man.
6 Mit Folk skal gaa til Grunde, fordi det er uden Kundskab. Da du har vraget Kundskab, vrager jeg dig som Præst; du glemte din Guds Aabenbaring, saa glemmer og jeg dine Sønner.
Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ nti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.
7 Jo fler, des mere de synded, ombytted deres Ære med Skændsel;
Asɔfo no redɔɔso no na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me. Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase.
8 mit Folks Synd lever de af, dets Brøde hungrer de efter.
Wodidi me nkurɔfo bɔne ho ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho.
9 Men Præst skal det gaa som Folk; jeg hjemsøger ham for hans Færd, hans Id gengælder jeg ham.
Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te. Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka.
10 De skal spise, men ikke mættes, hore, men ej blive fler; thi de har sveget HERREN og holder fast ved Hor.
“Wobedidi, nanso wɔremmee. Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, efisɛ, wɔagyaw Awurade hɔ, de wɔn ho ama
11 Vin og Most tager Forstanden.
aguamammɔ, nsa dedaw ne foforo, a ɛma me nkurɔfo
12 Mit Folk raadspørger sit Træ, og Svaret giver dets Stok; thi Horeaand ledte dem vild, de boler sig bort fra deres Gud.
ntease tu yera. Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn na duasin bi ama wɔn mmuae. Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; wonni wɔn Nyankopɔn nokware.
13 De ofrer paa Bjergenes Tinder, paa Højene brænder de Ofre under en Eg, en Poppel, en Terebinte, thi Skyggen er god. Saa horer jo og eders Døtre, saa boler jo og eders Kvinder;
Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: odum, duafufu ne odupɔn ase, nea onwini yɛ fɔmm hɔ. Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo.
14 jeg straffer ej Døtrenes Hor, ej Kvinderne for deres Bolen; thi selv gaar de bort med Horer, ofrer sammen med Skøger; og det uvise Folk drages ned.
“Merentwe mo mmabea aso sɛ wɔadan aguamammɔfo, anaa mo nsemmea aso sɛ wɔasɛe aware. Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara. Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo fa ayɔnko. Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu!
15 Men selv om du, Israel, horer, maa Juda ej gøre sig skyldigt. Gaa ikke over til Gilgal, drag ikke op til Bet-Aven, sværg ikke: »Saa sandt HERREN lever!«
“Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel, nanso, mma Yuda nni ho fɔ. “Nkɔ Gilgal; na mforo nkɔ Bet-Awen. Na nka ntam se, ‘Sɛ Awurade te ase yi!’
16 Thi som en uvan Ko er Israel uvan, skal HERREN saa lade dem græsse i Frihed som Lam?
Israelfo yɛ asoɔdenfo te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui ɛbɛyɛ dɛn na Awurade ahwɛ wɔn so sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea?
17 Efraim er bundet til Afgudsbilleder; lad ham fare!
Efraim de ne ho abɔ ahoni ho; Gyaa no!
18 Deres Drikken er skejet ud. Hor har de bedrevet; højt har deres Skjolde elsket Skændsel.
Sɛ wɔn nsa sa koraa a, wɔtoa wɔn aguamammɔ so; wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye.
19 Et Vejr har omspændt dem med sine Vinger, og de skal blive til Skamme for deres Ofre.
Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ, na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn.

< Hoseas 4 >