< Hebræerne 11 >
1 Men Tro er en Fortrøstning til det, som haabes, en Overbevisning om Ting, som ikke ses.
Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu.
2 Ved den fik jo de gamle godt Vidnesbyrd.
Gyidi a na tetefo no wɔ nti na wonyaa adanse pa.
3 Ved Tro fatte vi, at Verden er bleven skabt ved Guds Ord, saa det ikke er af synlige Ting, at det, som ses, er blevet til. (aiōn )
Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu. (aiōn )
4 Ved Tro ofrede Abel Gud et bedre Offer end Kain, og ved den fik han det Vidnesbyrd, at han var retfærdig, idet Gud bevidnede sit Velbehag i hans Gaver; og ved den taler han endnu efter sin Død.
Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa.
5 Ved Tro blev Enok borttagen, for at han ikke skulde se Døden, og han blev ikke funden, efterdi Gud havde taget ham bort; thi før Borttagelsen har han faaet det Vidnesbyrd, at han har behaget Gud.
Gyidi nti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ Onyankopɔn na ɔfaa no kɔe. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani.
6 Men uden Tro er det umuligt at behage ham; thi den, som kommer frem for Gad, bør tro, at han er til, og at han bliver deres Belønner, som søge ham.
Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.
7 Ved Tro var det, at Noa, advaret af Gud om det, som endnu ikke saas, i Gudsfrygt indrettede en Ark til Frelse for sit Hus; ved den domfældte han Verden og blev Arving til Retfærdigheden ifølge Tro.
Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no.
8 Ved Tro adlød Abraham, da han blev kaldet, saa han gik ud til et Sted, som han skulde tage til Arv; og han gik ud, skønt han ikke vidste, hvor han kom hen.
Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ.
9 Ved Tro blev han Udlænding i Forjættelsens Land som i et fremmed og boede i Telte med Isak og Jakob, som vare Medarvinger til samme Forjættelse;
Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu.
10 thi han forventede den Stad, som har fast Grundvold, hvis Bygmester og Grundlægger er Gud.
Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena.
11 Ved Tro fik endog Sara selv Kraft til at undfange endog ud over sin Alders Tid; thi hun holdt ham for trofast, som havde forjættet det.
Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so.
12 Derfor avledes der ogsaa af en, og det en udlevet, som Himmelens Stjerner i Mangfoldighed og som Sandet ved Havets Bred, det, som ikke kan tælles.
Ɛno nti, ɛwɔ mu sɛ na Abraham regye nna awu de, nanso nʼasefo adɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano nwea.
13 I Tro døde alle disse uden at have opnaaet Forjættelserne; men de saa dem langt borte og hilsede dem og bekendte, at de vare fremmede og Udlændinge paa Jorden.
Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwɔ mu sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no wɔ akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so.
14 De, som sige saadant, give jo klarlig til Kende, at de søge et Fædreland.
Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man.
15 Og dersom de havde haft det, hvorfra de vare udgaaede, i Tanker, havde de vel haft Tid til at vende tilbage;
Wɔannwene ɔman a wogyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya ɔkwan asan wɔn akyi akɔ hɔ.
16 men nu hige de efter et bedre, det er et himmelsk; derfor skammer Gud sig ikke ved dem, ved at kaldes deres Gud; thi han har beredt dem en Stad.
Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na na wɔrepere. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie ɔman bi ama wɔn.
17 Ved Tro har Abraham ofret Isak, da han blev prøvet, ja, den enbaarne ofrede han, som havde modtaget Forjættelserne,
Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre.
18 til hvem der var sagt: „I Isak skal en Sæd faa Navn efter dig;”
Na Onyankopɔn aka akyerɛ no se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛterɛw.”
19 thi han betænkte, at Gud var mægtig endog til at oprejse fra de døde, hvorfra han jo ogsaa lignelsesvis fik ham tilbage.
Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo afi owu mu, na ɔkwan bi so no, yebetumi aka se Onyankopɔn nyan Isak fii owu mu.
20 Ved Tro udtalte Isak Velsignelse over Jakob og Esau angaaende kommende Ting.
Gyidi nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.
21 Ved Tro velsignede Jakob døende hver af Josefs Sønner og tilbad, lænende sig over sin Stav.
Gyidi nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewu. Obutuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.
22 Ved Tro talte Josef paa sit yderste om Israels Børns Udgang og gav Befaling om sine Ben.
Gyidi nti na Yosef rebewu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo se, wobetu afi Misraim, na ɔhyɛɛ nea sɛ owu a, wɔnyɛ nʼamu no.
23 Ved Tro blev Moses, da han var født, skjult i tre Maaneder af sine Forældre, fordi de saa, at Barnet var dejligt, og de frygtede ikke for Kongens Befaling.
Gyidi nti na ɛmaa Mose awo akyi no, nʼawofo de no siee asram abiɛsa no. Wohuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wobebu ɔhene no mmara so no.
24 Ved Tro nægtede Moses, da han var bleven stor, at kaldes Søn af Faraos Datter
Gyidi nti na Mose nyin no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no.
25 og valgte hellere at lide ondt med Guds Folk end at have en kortvarig Nydelse af Synd,
Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye nʼani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi.
26 idet han agtede Kristi Forsmædelse for større Rigdom end Ægyptens Skatte; thi han saa hen til Belønningen.
Osusuw sɛ, sɛ ohu amane ma Kristo a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ na nʼani da ade pa bi so daakye.
27 Ved Tro forlod han Ægypten uden at frygte for Kongens Vrede; thi som om han saa den usynlige, holdt han ud.
Gyidi nti na ɛmaa Mose tu fii Misraim a na onsuro ɔhene no abufuw. Omiaa nʼani sɛ ɔrensan nʼakyi, efisɛ na wahu Onyankopɔn a obi nhu no no.
28 Ved Tro har han indstiftet Paasken og Paastrygelsen af Blodet, for at den, som ødelagde de førstefødte, ikke skulde røre dem.
Gyidi nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apon ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛebɔfo no renkum Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima no.
29 Ved Tro gik de igennem det røde Hav som over tørt Land, medens Ægypterne druknede under Forsøget derpaa.
Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛɛ sɛ wotwa bi no, asu no bu faa wɔn so.
30 Ved Tro faldt Jerikos Mure, efter at de vare omgaaede i syv Dage.
Gyidi nti na Israelfo de nnanson twaa Yeriko afasu ho hyia dwiriw gui no.
31 Ved Tro undgik Skøgen Rahab at omkomme med de genstridige; thi hun modtog Spejderne med Fred.
Gyidi nti na wɔankum aguaman Rahab amfra wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no, efisɛ ogyee akwansrafo no fɛw so.
32 Dog, hvorfor skal jeg tale mere? Tiden vil jo fattes mig, hvis jeg skal fortælle om Gideon, Barak, Samson, Jefta, David og Samuel og Profeterne,
Afei dɛn na menka? Bere bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm.
33 som ved Tro overvandt Riger, øvede Retfærdighed, opnaaede Forjættelser, stoppede Løvers Mund,
Wɔnam gyidi so koo amanko, dii nkonim ma wɔn nsa kaa nea Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano,
34 slukkede Ilds Kraft, undslap Sværds Od, bleve stærke efter Svaghed, bleve vældige i Krig, bragte fremmedes Hære til at vige.
dum ogyatannaa, tetew wɔn ho fii afoawu ano. Na wɔyɛ mmerɛw, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den wɔ akono, enti wodii wɔn atamfo so.
35 Kvinder fik deres døde igen ved Opstandelse. Andre bleve lagte paa Pinebænk og toge ikke imod Befrielse, for at de maatte opnaa en bedre Opstandelse.
Ɛnam gyidi so ma wonyan mmea bi awufo maa wɔn. Wɔyɛɛ afoforo bi nso ayayade sɛ anka wɔmpa Onyankopɔn na wonnyaa wɔn. Nanso wɔampo Onyankopɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye wusɔre a ɛkyɛn so no.
36 Andre maatte friste Forhaanelser og Hudstrygelser, tilmed Lænker og Fængsel;
Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase.
37 de bleve stenede, gennemsavede, fristede, dræbte med Sværd, gik omkring i Faare- og Gedeskind, lidende Mangel, betrængte, mishandlede
Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane.
38 (dem var Verden ikke værd), omvankende i Ørkener og paa Bjerge og i Huler og Jordens Kløfter.
Wiase yi annye amma wɔn. Wokyinkyin sɛ atutenafo wɔ sare ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu.
39 Og alle disse, skønt de havde Vidnesbyrd for deres Tro, opnaaede ikke Forjættelsen,
Wodii eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no,
40 efterdi Gud forud havde udset noget bedre for os, for at de ikke skulde fuldkommes uden os.
efisɛ Onyankopɔn wɔ tirimupɔw papa bi ma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ mu anya bɔhyɛ no.