< Ezekiel 31 >
1 I det ellevte Aar paa den første Dag i den tredje Maaned kom HERRENS Ord til mig saaledes:
Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Menneskesøn, sig til Farao, Ægyptens Konge, og til hans larmende Hob: Ved hvem kan du lignes i Storhed?
“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?
3 Se, du er en Libanonceder med smukke Grene og skyggefuld Krone, høj af Vækst, hvis Top rager op i Skyerne;
Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.
4 Vand gav den Vækst, Verdensdybet Højde; sine Strømme lod det flyde rundt om dens Sted og sendte sine Vandløb til hele dens Mark.
Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
5 Derfor blev den større af Vækst end hvert Træ paa Marken; mange blev dens Kviste og Grenene lange af megen Væde.
Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.
6 Alle Himlens Fugle bygged i dens Grene, under dens Kviste fødte hvert Markens Dyr, i dens Skygge boede al Verdens Folk.
Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.
7 Den blev stor og dejlig med lange Grene, den stod jo med Roden ved rigeligt Vand.
Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu.
8 Guds Haves Cedre var ikke dens Lige, ingen Cypres havde Mage til Grene, ingen Platan havde Kviste som den; intet Træ i Guds Have maalte sig med den i Skønhed.
Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
9 Jeg gjorde den skøn med dens mange Kviste, saa alle Edens Træer i Guds Have misundte den.
Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
10 Derfor, saa siger den Herre HERREN: Fordi den blev høj af Vækst og løftede sin Krone op i Skyerne og Hjertet hovmodede sig over dens Højde,
“‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
11 derfor overgiver jeg den til en, som er vældig blandt Folkene; han skal gøre med den efter dens Gudløshed og tilintetgøre den.
mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no,
12 Fremmede, de grummeste blandt Folkene hugger den om og kaster den hen; paa Bjerge og i alle Dale falder dens Kviste; dens Grene ligger knækket i alle Landets Kløfter, og alle Jordens Folkeslag gaar bort fra dens Skygge og lader den ligge.
na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
13 Paa den faldne Stamme slaar alle Himmelens Fugle sig ned, og paa Grenene lejrer alle Markens Dyr sig,
Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
14 for at ingen Træer ved Vande skal hovmode sig over deres Vækst og løfte deres Krone op i Skyerne og gøre sig til af deres Højde, ingen Træer, som smager Vand; thi alle er hjemfaldne til Døden og maa til Underverdenen, midt iblandt Menneskens Børn, blandt dem, der steg ned i Graven.
Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.
15 Saa siger den Herre HERREN: Den Dag den farer ned i Dødsriget, lukker jeg Verdensdybet for den og holder dets Strømme tilbage, saa de mange Vande standses; jeg lader Libanon sørge over den, og alle Markens Træer vansmægter over den. (Sheol )
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. (Sheol )
16 Ved Drønet af dens Fald bringer jeg Folkene til at bæve, naar jeg styrter den ned i Dødsriget til dem, der steg ned i Graven; og nede i Underverdenen trøster alle Edens Træer sig, de ypperste og bedste paa Libanon, alle, som smager Vand. (Sheol )
Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. (Sheol )
17 Ogsaa de farer med den ned i Dødsriget til de sværdslagne, da de som dens Hjælpere har siddet i dens Skygge blandt Folkene. (Sheol )
Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. (Sheol )
18 Hvem var din Lige i Herlighed og Størrelse blandt Edens Træer? Og dog styrtes du med Edens Træer ned i Underverdenen; midt iblandt uomskaarne skal du ligge hos de sværdslagne. Dette er Farao og al hans larmende Hob, lyder det fra den Herre HERREN.
“‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”