< Apostelenes gerninger 7 >

1 Men Ypperstepræsten sagde: „Forholder dette sig saaledes?”
Ɔsɔfopanyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware ana?”
2 Men han sagde: „I Mænd, Brødre og Fædre, hører til! Herlighedens Gud viste sig for vor Fader Abraham, da han var i Mesopotamien, førend han tog Bolig i Karan.
Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no,
3 Og han sagde til ham: „Gaa ud af dit Land og fra din Slægt, og kom til det Land, som jeg vil vise dig.”
ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’
4 Da gik han ud fra Kaldæernes Land og tog Bolig i Karan; og efter hans Faders Død lod Gud ham flytte derfra hen i dette Land, hvor I nu bo.
“Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wu akyi no Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so.
5 Og han gav ham ikke Ejendom deri, end ikke en Fodsbred; dog forjættede han ham at give ham det til Eje og hans Sæd efter ham, endskønt han intet Barn havde.
Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa dea. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi na onni mma.
6 Men Gud talte saaledes: „Hans Sæd skal være Udlændinge i et fremmed Land, og man skal gøre dem til Trælle og handle ilde med dem i fire Hundrede Aar.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.
7 Og det Folk, for hvilket de skulle trælle, vil jeg dømme, sagde Gud; og derefter skulle de drage ud og tjene mig paa dette Sted.”
Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’
8 Og han gav ham Omskærelsens Pagt. Og saa avlede han Isak og omskar ham den ottende Dag, og Isak avlede Jakob, og Jakob de tolv Patriarker.
Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia.
9 Og Patriarkerne bare Avind imod Josef og solgte ham til Ægypten; og Gud var med ham,
“Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti
10 og han udfriede ham af alle hans Trængsler og gav ham Naade og Visdom for Farao, Kongen i Ægypten, som satte ham til Øverste over Ægypten og over hele sit Hus.
oyii no fii ne haw nyinaa mu. Ɔmaa Yosef nyansa na Misraimhene Farao pɛɛ nʼasɛm. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ nyinaa sohwɛfo.
11 Men der kom Hungersnød over hele Ægypten og Kanaan og en stor Trængsel, og vore Fædre fandt ikke Føde.
“Saa bere no mu na ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni.
12 Men da Jakob hørte, at der var Korn i Ægypten, sendte han vore Fædre ud første Gang.
Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan.
13 Og anden Gang blev Josef genkendt af sine Brødre, og Josefs Herkomst blev aabenbar for Farao.
Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so ma Farao huu Yosef abusuafo.
14 Men Josef sendte Bud og lod sin Fader Jakob og al sin Slægt kalde til sig, fem og halvfjerdsindstyve Sjæle.
Yosef kraa nʼagya Yakob se ɔne nʼabusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔson anum.
15 Og Jakob drog ned til Ægypten. Og han og vore Fædre døde,
Afei, Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui.
16 og de bleve flyttede til Sikem og lagte i den Grav, som Abraham havde købt for en Sum Penge af Hemors Sønner i Sikem.
Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no hɔ.
17 Som nu Tiden nærmede sig for den Forjættelse, Gud havde tilsagt Abraham, voksede Folket og formeredes i Ægypten,
“Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw.
18 indtil der fremstod en anden Konge, som ikke kendte Josef.
Akyiri no, ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm.
19 Han viste Træskhed imod vor Slægt og handlede ilde med vore Fædre, saa de maatte sætte deres smaa Børn ud, for at de ikke skulde holdes i Live.
Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.
20 Paa den Tid blev Moses født, og han var dejlig for Gud; han blev opfostret i tre Maaneder i sin Faders Hus.
“Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa,
21 Men da han var sat ud, tog Faraos Datter ham op og opfostrede ham til sin Søn.
na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba.
22 Og Moses blev oplært i al Ægypternes Visdom; og han var mægtig i sine Ord og Gerninger.
Wɔtetew no wɔ Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.
23 Men da han blev fyrretyve Aar gammel, fik han i Sinde at besøge sine Brødre, Israels Børn.
“Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo.
24 Og da han saa en lide Uret, forsvarede han ham og hævnede den mishandlede, idet han slog Ægypteren ihjel.
Oduu hɔ no ohuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kum Misraimni no.
25 Men han mente, at hans Brødre forstode, at Gud gav dem Frelse ved hans Haand; men de forstode det ikke.
Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase.
26 Og den næste Dag viste han sig iblandt dem under en Strid og vilde forlige dem til at holde Fred, sigende: „I Mænd! I ere Brødre, hvorfor gøre I hinanden Uret?”
Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’
27 Men den, som gjorde sin Næste Uret, stødte ham fra sig og sagde: „Hvem har sat dig til Hersker og Dommer over os?
“Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo?
28 Vil du slaa mig ihjel, ligesom du i Gaar slog Ægypteren ihjel?”
Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no ana?’
29 Da flygtede Moses for denne Tales Skyld og boede som fremmed i Midians Land, hvor han avlede to Sønner.
Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.
30 Og efter fyrretyve Aars Forløb viste en Engel sig for ham i Sinai Bjergs Ørken i en Tornebusk, der stod i lys Lue.
“Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so.
31 Men da Moses saa det, undrede han sig over Synet, og da han gik hen for at betragte det, lød Herrens Røst til ham:
Nea Mose huu no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se,
32 „Jeg er dine Fædres Gud, Abrahams og Isaks og Jakobs Gud.” Da bævede Moses og turde ikke se derhen.
‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.
33 Men Herren sagde til ham: „Løs Skoene af dine Fødder; thi det Sted, som du staar paa, er hellig Jord.
“Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wo mpaboa, efisɛ faako a wugyina no yɛ asase kronkron.
34 Jeg har grant set mit Folks Mishandling i Ægypten og hørt deres Suk, og jeg er stegen ned for at udfri dem; og nu kom, lad mig sende dig til Ægypten!”
Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’
35 Denne Moses, hvem de fornægtede, idet de sagde: „Hvem har sat dig til Hersker og Dommer,” ham har Gud sendt til at være baade Hersker og Befrier ved den Engels Haand, som viste sig for ham i Tornebusken.
“Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo.
36 Ham var det, som førte dem ud, idet han gjorde Undere og Tegn i Ægyptens Land og i det røde Hav og i Ørkenen i fyrretyve Aar.
Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.
37 Han er den Moses, som sagde til Israels Børn: „En Profet skal Gud oprejse eder af eders Brødre ligesom mig.”
“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na obeyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo mu aba mo nkyɛn.
38 Han er den, som i Menigheden i Ørkenen færdedes med Engelen, der talte til ham paa Sinai Bjerg, og med vore Fædre; den, som modtog levende Ord at give os;
Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiamu wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.
39 hvem vore Fædre ikke vilde adlyde, men de stødte ham fra sig og vendte sig med deres Hjerter til Ægypten, idet de sagde til Aron:
“Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio.
40 „Gør os Guder, som kunne gaa foran os; thi vi vide ikke, hvad der er sket med denne Moses, som førte os ud af Ægyptens Land.”
Enti wɔka kyerɛɛ Aaron se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’
41 Og de gjorde en Kalv i de Dage og bragte Offer til Gudebilledet og frydede sig ved deres Hænders Gerninger.
Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso honi bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ.
42 Men Gud vendte sig fra dem og gav dem hen til at tjene Himmelens Hær, som der er skrevet i Profeternes Bog: „Have I vel, Israels Hus! bragt mig Slagtofre og andre Ofre i fyrretyve Aar i Ørkenen?
Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se, “‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me mfe aduanan wɔ sare so ana?
43 Og I bare Moloks Telt og Guden Remfans Stjerne, de Billeder, som I havde gjort for at tilbede dem; og jeg vil flytte eder bort hinsides Babylon.”
Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa nti mɛpam mo akogu Babilonia akyi.’
44 Vore Fædre i Ørkenen havde Vidnesbyrdets Tabernakel, saaledes som han, der talte til Moses, havde befalet at gøre det efter det Forbillede, som han havde set.
“Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ.
45 Dette toge ogsaa vore Fædre i Arv og bragte det under Josva ind i Landet, som Hedningerne besade, hvilke Gud fordrev fra vore Fædres Aasyn — indtil Davids Dage,
Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so.
46 som fandt Naade for Gud og bad om at maatte finde en Bolig for Jakobs Gud.
Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn se ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn.
47 Men Salomon byggede ham et Hus.
Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn.
48 Dog, den Højeste bor ikke i Huse gjorte med Hænder, som Profeten siger:
“Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu, sɛnea odiyifo no ka se,
49 „Himmelen er min Trone, og Jorden mine Fødders Skammel, hvad Hus ville I bygge mig? siger Herren, eller hvilket er min Hviles Sted?
“‘Ɔsoro yɛ mʼahengua, Awurade na ose. Na asase yɛ mʼanan ntiaso. Ɔdan bɛn na wubesi ama me? Na mʼahomegyebea wɔ he?
50 Har ikke min Haand gjort alt dette?”
Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyinaa?’
51 I haarde Halse og uomskaarne paa Hjerter og Øren! I staa altid den Helligaand imod; som eders Fædre, saaledes ogsaa I.
“Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan.
52 Hvem af Profeterne er der, som eders Fædre ikke have forfulgt? og de ihjelsloge dem, som forud forkyndte om den retfærdiges Komme, hvis Forrædere og Mordere I nu ere blevne,
Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no ana? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no, akum no.
53 I, som modtoge Loven under Engles Besørgelse og have ikke holdt den!”
Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”
54 Men da de hørte dette, skar det dem i deres Hjerter, og de bede Tænderne sammen imod ham.
Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye.
55 Men som han var fuld af den Helligaand, stirrede han op imod Himmelen og saa Guds Herlighed og Jesus staaende ved Guds højre Haand.
Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so.
56 Og han sagde: „Se, jeg ser Himlene aabnede og Menneskesønnen staaende ved Guds højre Haand.”
Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”
57 Men de raabte med høj Røst og holdt for deres Øren og stormede endrægtigt ind paa ham.
Wɔteɛteɛɛ mu de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so,
58 Og de stødte ham ud uden for Staden og stenede ham. Og Vidnerne lagde deres Klæder af ved en ung Mands Fødder, som hed Saulus.
twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
59 Og de stenede Stefanus, som bad og sagde: „Herre Jesus, tag imod min Aand!”
Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom hyɛ!”
60 Men han faldt paa Knæ og raabte med høj Røst: „Herre, tilregn dem ikke denne Synd!” Og som han sagde dette, sov han hen.
Afei obuu nkotodwe teɛɛ mu dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa no, owui.

< Apostelenes gerninger 7 >