< Romerne 13 >

1 Hver Sjæl underordne sig de foresatte Øvrigheder; thi der er ikke Øvrighed uden af Gud, men de, som ere, ere indsatte af Gud,
Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn.
2 saa at den, som sætter sig imod Øvrigheden, modstaar Guds Ordning; men de, som modstaa, skulle faa deres Dom.
Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so.
3 Thi de styrende ere ikke en Skræk for den gode Gerning, men for den onde. Men vil du være uden Frygt for Øvrigheden, saa gør det gode, og du skal faa Ros af den.
Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo.
4 Thi den er en Guds Tjener, dig til gode. Men dersom du gør det onde, da frygt; thi den bærer ikke Sværdet forgæves; den er nemlig Guds Tjener, en Hævner til Straf for den, som øver det onde.
Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso.
5 Derfor er det nødvendigt at underordne sig, ikke alene for Straffens Skyld, men ogsaa for Samvittighedens.
Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no enti.
6 Derfor betale I jo ogsaa Skatter; thi de ere Guds Tjenere, som just tage Vare paa dette.
Yei enti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
7 Betaler alle, hvad I ere dem skyldige: den, som I ere Skat skyldige, Skat; den, som Told, Told; den, som Frygt, Frygt; den, som Ære, Ære.
Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.
8 Bliver ingen noget skyldige, uden det, at elske hverandre; thi den, som elsker den anden, har opfyldt Loven.
Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.
9 Thi det: „Du maa ikke bedrive Hor; du maa ikke slaa ihjel; du maa ikke stjæle; du maa ikke begære,” og hvilket andet Bud der er, det sammenfattes i dette Ord: „Du skal elske din Næste som dig selv.”
Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
10 Kærligheden gør ikke ondt imod Næsten; derfor er Kærligheden Lovens Fylde.
Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.
11 Og dette just, fordi I kende Tiden, at det alt er paa Tide, at I skulle staa op af Søvne; thi nu er vor Frelse nærmere, end da vi bleve troende.
Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no.
12 Natten er fremrykket, og Dagen er kommen nær. Lader os derfor aflægge Mørkets Gerninger og iføre os Lysets Vaaben;
Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no yɛ, na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no.
13 lader os vandre sømmeligt som om Dagen, ikke i Svir og Drik, ikke i Løsagtighed og Uterlighed, ikke i Kiv og Avind;
Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu.
14 men ifører eder den Herre Jesus Kristus, og drager ikke Omsorg for Kødet, saa Begæringer vækkes!
Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ.

< Romerne 13 >