< Salme 127 >
1 Dersom Herren ikke bygger Huset, da arbejde de forgæves, som bygge derpaa; dersom Herren ikke bevarer Staden, da vaager Vægteren forgæves.
Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ. Sɛ Awurade ansi ɛdan no a, adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfoɔ no wɛn kwa.
2 Det er forgæves, at I staa aarle op, sidde længe, æde Brød med Bekymring; thi sligt giver han sin Ven i Søvne.
Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, ansa na woanya wʼano aduane. Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.
3 Se, Børn ere en Arv fra Herren, Livsens Frugt er en Løn.
Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.
4 Som Pile i den vældiges Haand, saa ere Ungdoms Sønner.
Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.
5 Lyksalig den Mand, som har fyldt sit Kogger med dem; de skulle ikke beskæmmes, naar de tale med Fjender i Porten.
Nhyira ne onipa a nʼagyan kotokuo ayɛ ma. Wɔn anim rengu ase ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.