< 1 Mosebog 19 >
1 Og de to Engle kom til Sodoma om Aftenen; men Lot sad i Sodomas Port, og der Lot saa dem, da stod han op og gik dem i Møde og bøjede Ansigtet til Jorden.
Ɔsoro abɔfo baanu no duu Sodom anwummere. Na Lot te kurow no pon ano. Bere a Lot huu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kohyiaa wɔn kwan. Obuu nkotodwe, de nʼanim butuw fam, nam so maa wɔn akwaaba.
2 Og lian sagde: Se nu mine Herrer, kommer dog ind i eders Tjeners Hus, og bliver her i Nat, og toer eders Fødder, saa maa I staa aarle op og gaa eders Vej; og de sagde: Nej, men vi ville blive paa Gaden i Nat.
Ɔkae se, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fi na memma mo nsu nhohoro mo anan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantu no so.” Nanso abɔfo no buae se, “Dabi, mmom, yɛbɛda aguabɔbea.”
3 Da nødte han dem meget, og de gik ind til ham og kom i hans Hus, og han gjorde dem et Gæstebud og bagede usyrede Brød, og de aade.
Nanso Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibere so nti, wɔne no kɔɔ ne fi. Ɔtoo brodo a wamfa mmɔkaw amfra da no ara, de too wɔn pon ma wodii.
4 Men førend de lagde sig, da omringede Mændene af Staden, Mændene af Sodoma, Huset, baade ung og gammel, det ganske Folk allesteds fra.
Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfo mpanyin ne mmofra nyinaa fi kurow no afanan betwaa ofi no ho hyiae.
5 Og de kaldte ad Lot og sagde til ham: Hvor ere de Mænd, som kom til dig i Nat? før dem ud til os, at vi maa kende dem.
Wɔteɛteɛɛ mu frɛɛ Lot bisaa no se, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
6 Da gik Lot ud til dem uden for Døren og lukkede Døren efter sig.
Lot fii adi, too ne pon mu, kohyiaa Sodom mmarima no.
7 Og han sagde: Mine Brødre, kære, gører dem intet ondt!
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom, mesrɛ mo, munni amumɔyɛsɛm a ɛte saa.
8 Se, kære, jeg har to Døtre, som ikke have kendt Mand, kære, jeg vil lede dem ud til eder, gører saa med dem, hvad eder godt synes; kun disse Mænd maa I ikke gøre noget; thi derfor ere de komne under mit Tags Skygge.
Muntie! Mewɔ mmabea baanu a wonhuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na nea mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi de, mommfa mo nsa nka wɔn, efisɛ wɔaba me suhyɛ bammɔ mu.”
9 Og de sagde: Kom nærmere; og de sagde: Denne ene er kommen at bosætte sig her og vil dømme; nu, vi ville gøre dig mere ondt end dem; saa trængte de saare hart ind paa Manden, paa Lot, og traadte til for at bryde Døren op.
Dɔm no teɛteɛɛ mu se, “Twe wo ho! Woyɛ hena? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei de worebɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yɛne wo bedi no anibere so asen nkurɔfo no.” Dɔm no twiw faa Lot so, na wofii ase bubuu apon no.
10 Da udrakte Mændene deres Hænder og toge Lot ind til sig i Huset og lukkede Døren.
Nanso ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyɛ fie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ fie hɔ, too pon no mu.
11 Og Mændene, som vare uden for Husets Dør, sloge de med Blindhed, baade liden og stor, og disse søgte med Møje at finde Døren.
Ɔsoro abɔfo baanu no maa mpanyin ne mmofra a wogyinagyina ɔpon no akyi no ani furafurae, enti wɔanhu ɔpon no koraa.
12 Da sagde de Mænd til Lot: Har du endnu her nogen Svigersøn eller Sønner eller Døtre af dig eller nogen, som hører dig til i Staden, saa før dem ud fra dette Sted!
Mmarima baanu no bisaa Lot se, “Wowɔ abusuafo bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmabea, wo mmabarima anaa obi foforo bi a ɔyɛ wo ho nipa? Yi wɔn nyinaa fi ha,
13 Thi vi skulle ødelægge dette Sted; thi deres Skrig er blevet stort for Herrens Aasyn, og Herren sendte os til at ødelægge den.
efisɛ yɛrebɛsɛe saa kurow yi pasaa. Amumɔyɛsɛm a etia nnipa yi a adu Awurade anim no ano den nti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.”
14 Og Lot gik ud og talede med sine Svigersønner, som skulde tage hans Døtre, og sagde: Staar op, gaar ud fra dette Sted, thi Herren vil ødelægge Staden; men han syntes for hans Svigersønners Øjne, som han gækkede.
Enti Lot fii adi kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmabea no amanneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ no ntɛm, na mumfi kurow yi mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn rebɛsɛe kurow yi!” Nanso na saa mmarima yi susuw sɛ ɔredi fɛw bi.
15 Og der det begyndte at dages, da skyndte Englene paa Lot og sagde: Staa op, tag din Hustru og dine to Døtre, som ere til Stede, at ikke ogsaa du omkommer ved Stadens Misgerning.
Anɔpahema no, ɔsoro abɔfo no hyɛɛ Lot se, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmabea baanu a wɔwɔ ha no fi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kurow no, asɛe mo.”
16 Der han tøvede, da toge Mændene ham ved Haanden og hans Hustru ved Haanden og hans to Døtre ved Haanden, fordi Herren vilde spare ham, og de førte ham ud og lode ham blive uden for Staden.
Ɔtwentwɛn ne anan ase no, ɔsoro abɔfo no susoo Lot ne yere ne ne mmabea baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn fii kurow no mu asomdwoe mu, efisɛ Awurade huu wɔn mmɔbɔ.
17 Og det skete, der de havde ført dem udenfor, da sagde den ene: Frels dit Liv, se ikke bag dig, og stands ikke paa hele Sletten, frels dig paa Bjerget, at du ikke omkommer.
Ɔsoro abɔfo no yii Lot mmabea baanu no fii kurow no mu ara pɛ, abɔfo no mu baako kae se, “Munguan nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyi. Munnnyina baabiara. Munguan nkɔ mmepɔw no so, anyɛ saa a mubewuwu!”
18 Da sagde Lot til dem: Ak nej, Herre!
Nanso Lot ka kyerɛɛ wɔn se, “Dabi me wuranom!
19 Se nu, din Tjener har fundet Naade for dine Øjne, og du har ladet din Miskundhed blive stor, som du har bevist mig, ved at lade mig leve; og jeg kan ikke frelse mig paa Bjerget, Ulykken maatte komme paa mig, saa at jeg døde.
Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔe kɛse de agye me nkwa. Nanso me de, merentumi nguan nkɔ mmepɔw no so, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu.
20 Se, kære, denne Stad er nær ved, den kunde jeg fly til, og den samme er liden; kære, der vil jeg frelse mig, er den ikke liden? at min Sjæl maa leve.
Hwɛ, kurow ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma minkohintaw hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kurow no nsua ana?”
21 Da sagde han til ham: Se, jeg har og bønhørt dig i dette Stykke, at jeg ikke vil omstyrte den Stad, som du har talt om,
Ɔsoro abɔfo no ka kyerɛɛ Lot se, “Eye, Mɛpene wʼabisade yi so; merensɛe saa kurow ketewa no.
22 Skynd dig, red dig der! thi jeg kan intet gøre, før du kommer derhen; derfor kaldes den Stads Navn Zoar.
Ɛno de, guan kɔ hɔ ntɛm, efisɛ sɛ wunnuu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Efi saa bere no na wɔfrɛɛ kurow no Soar a ase ne kurow ketewa.
23 Solen var opgangen over Jorden, og Lot kom til Zoar.
Bere a Lot duu Soar no, na owia apue.
24 Herren lod regne over Sodoma og over Gomorra Svovl og Ild, fra Herren af Himmelen.
Afei, Awurade maa sufre ne ogya tɔ fii soro, guu Sodom ne Gomora so.
25 Og han omstyrtede disse Stæder og den ganske Egn og alle Indbyggerne i Stæderne og Jordens Grøde.
Saa ɔkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn abien ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifide nso nyinaa sɛee.
26 Da saa hans Hustru om bag ham og blev en Saltstøtte.
Nanso Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi ma ɔdan nkyene siw.
27 Og Abraham skyndte sig aarle op om Morgenen til Stedet, hvor han havde staaet for Herrens Ansigt.
Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ogyinaa Awurade anim no.
28 Og han vendte sit Ansigt til Sodoma og Gomorra og til hele Landet paa Sletten, og han saa, og se, en Røg steg op af Landet som en Røg af en Ovn.
Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, huu wusiw kumɔnn a abua asase no so te sɛ wusiw a efi fononoo mu.
29 Og det skete, der Gud ødelagde Stæderne paa Sletten, da kom Gud Abraham i Hu, og han lod Lot føre ud midt af Ødelæggelsen, der han omstyrtede de Stæder, som Lot boede udi.
Bere a Onyankopɔn sɛee nkurow a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na oyii Lot fii ɔsɛe a ɛbaa nkurow a na Lot te so no mu no.
30 Og Lot gik op fra Zoar og blev paa Bjerget, og begge hans Døtre med ham; thi han frygtede for at blive i Zoar, og han blev i en Hule, han og begge hans Døtre.
Lot ne ne mmabea baanu no tu fii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔw no so no mu, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar.
31 Da sagde den førstefødte til den yngste: vor Fader er gammel, og der er ikke en Mand i dette Land, som kan komme til os efter al Jordens Vis.
Da koro bi, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Yɛn agya abɔ akwakoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛnea wɔyɛ wɔ wiase baabiara no.
32 Kom, lader os give vor Fader Vin at drikke og ligge hos ham, saa faa vi Sæd af vor Fader.
Ne saa nti, ma yɛmma yɛn agya nsa nnom, na afei yɛne no nna, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase afɛe.”
33 Saa gave de deres Fader Vin at drikke den samme Nat, og den førstefødte gik ind og lagde sig hos sin Fader, og han fornam ikke, der hun lagde sig, eller der hun stod op.
Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na ɔbabea panyin no ne no kɔdae. Lot anhu bere ko a ne babea panyin no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
34 Og det skete den anden Dag, da sagde den førstefødte til den yngste: se, i Gaar Nat laa jeg hos min Fader, lader os ogsaa i denne Nat give ham Vin at drikke, og gak ind, lig hos ham, at vi kunne faa Sæd af vor Fader.
Ade kyee no, ɔbabea panyin no ka kyerɛɛ akumaa no se, “Nnɛra anadwo, me ne mʼagya dae. Saa anadwo yi, ma yɛnsan mma no nsa nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase afɛe.”
35 Saa gave de deres Fader ogsaa i den samme Nat Vin at drikke, saa gjorde den yngste sig rede og laa hos ham, og han fornam ikke, der hun lagde gig, eller der hun stod op.
Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsa nomee. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdae. Bio, Lot anhu bere ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne bere ko a ɔsɔre kɔe.
36 Saa undfik begge Lots Døtre af deres Fader.
Enti Lot ne ne mmabea baanu no nyinsɛnee.
37 Og den førstefødte fødte en Søn, og hun kaldte hans Navn Moab; han er de Moabiters Fader indtil denne Dag.
Ne babea panyin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfo agya de besi nnɛ.
38 Og den yngste fødte ogsaa en Søn og kaldte hans Navn Ben-Ammi; han er Ammons Børns Fader indtil denne Dag.
Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de besi nnɛ.