< Matouš 16 >

1 Jednou přišli za Ježíšem farizejové a saducejové a vymáhali na něm důkaz, že má Boží pověření.
Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.
2 On jim na to odpověděl: „Když jsou večer červánky, říkáte, že bude jasno;
Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte.
3 když jsou červánky ráno, říkáte, že bude špatné počasí. Úkazy na obloze umíte posoudit, a to, co se děje před vašima očima, je vám pořád málo?
Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase.
4 Tento zlý, nevěřící národ se dožaduje zvláštních znamení, ale nakonec si bude muset vzpomenout, co se stalo s prorokem Jonášem, “a nechal je stát a odešel.
Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.
5 Znovu se plavili přes jezero a teprve na druhém břehu jeho učedníci zjistili, že s sebou zapomněli vzít chleba.
Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane.
6 Ježíš jim řekl: „Dejte si pozor na farizejský a saducejský kvas!“
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.”
7 Oni se domnívali, že mluví o skutečném chlebu.
Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.
8 Ježíš to věděl, a proto jim řekl: „Proč si děláte starosti o jídlo? To máte tak malou víru?
Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane?
9 Ještě nechápete? Cožpak si nevzpomínáte na nasycení pěti tisíc mužů pouhými pěti chleby a na koše posbíraných zbytků?
Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no?
10 Ani na ty čtyři tisíce, které jsem nasytil sedmi chleby a ještě se sebralo tolik zbytků?
Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no?
11 Nechápete, že mi nešlo o skutečný chleba, když jsem vás varoval před kvasem farizejů a saducejů?“
Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’”
12 Teprve potom pochopili, že kvasem mínil pokřivené učení židovských vůdců.
Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.
13 Když se potom Ježíš přiblížil k Césareji Filipově, zeptal se svých učedníků: „Za koho mne lidé pokládají?“
Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?”
14 Oni odpověděli: „Někteří za Jana Křtitele, druzí za Elijáše, jiní za Jeremjáše nebo jiného z proroků.“
Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.”
15 „A vy?“chtěl Ježíš vědět.
Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?”
16 Šimon Petr zvolal: „Ty jsi Kristus, Syn živého Boha!“
Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!”
17 „Raduj se, Šimone, “řekl Ježíš. „To nemáš ze sebe, tu pravdu ti dal poznat sám Bůh.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no.
18 Ty jsi Petr a tvé jméno připomíná skálu. Svou církev zbuduji na Skále a žádná ďábelská moc ji nezničí. Kdekoliv se bude zvěstovat pravda, kterou jsi vyznal o mně, otevřou se lidem dveře do Božího království. Těm, kdo ji odmítnou, oznámíš soud, a ty, kdo ji přijmou, ujistíš o Boží milosti. Co se rozhodne zde na zemi, bude platit i v nebi.“ (Hadēs g86)
Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. (Hadēs g86)
Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ ɔsoro!”
20 Svým učedníkům potom přikázal, aby zatím nikomu neříkali, že on je očekávaný Mesiáš.
Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.
21 Od toho dne začal Ježíš otevřeně mluvit se svými učedníky o tom, že musí jít do Jeruzaléma a co ho tam čeká – mnoho bude trpět od židovských náboženských vůdců, bude zabit, ale třetí den vstane zase k životu.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
22 Petr ho odvedl stranou a začal mu to rozmlouvat: „Takhle nemluv, nic takového nedopustíme.“
Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!”
23 On se však od Petra odvrátil a řekl: „Jdi mi z cesty, satane! Pokoušíš mne, protože to vidíš jen z lidského hlediska a ne z Božího!“
Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”
24 Potom řekl učedníkům: „Kdo mě chce následovat, přestaň myslet na sebe, neboj se pro mne trpět a pojď za mnou.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.
25 Každý, kdo by si chtěl život zachovat pro sebe, ztratí ho. Kdo mi odevzdá svůj život, ten ho získá.
Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka.
26 Co člověku prospěje, když získá celý svět a ten skutečný život ztratí? Co může vyvážit hodnotu věčného života?
Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu?
27 Přijdu ve slávě svého Otce se svými anděly a tehdy budu soudit každého člověka podle toho, jak žil.
Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.
28 Někteří se ještě za svého života stanete svědky slávy a moci mého království.“
“Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.”

< Matouš 16 >