< Titovi 1 >

1 Pavel, služebník Boží, apoštol pak Ježíše Krista, podle víry vyvolených Božích a známosti pravdy, kteráž jest podle zbožnosti,
Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba,
2 K naději života věčného, kterýž zaslíbil před časy věků ten, jenž nikdy neklamá, Bůh, zjevil pak časy svými, (aiōnios g166)
a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; (aiōnios g166)
3 Totiž to slovo své, skrze kázání mně svěřené, podle zřízení Spasitele našeho Boha, Titovi, vlastnímu synu u víře obecné:
na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi.
4 Milost, milosrdenství a pokoj od Boha Otce a Pána Jezukrista Spasitele našeho.
Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!
5 Z té příčiny zanechal jsem tebe v Krétě, abys to, čehož tam ještě potřebí, spravil a ustanovil po městech starší, jakož i já při tobě jsem zřídil:
Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano.
6 Jest-li kdo bez úhony, jedné manželky muž, dítky maje věřící, na kteréž by nemohlo touženo býti, že by byli bujní, anebo nepoddaní.
Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.
7 Neboť biskup má býti bez úhony, jako Boží šafář, ne svémyslný, ne hněvivý, ne pijan vína, ne bijce, ne žádostivý mrzkého zisku,
Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ.
8 Ale přívětivý k hostem, dobrotivý, opatrný, spravedlivý, svatý, zdrželivý,
Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.
9 Pilně se přídržící věrné řeči v učení Božím, aby mohl i napomínati učením zdravým, i ty, kteříž odpírají, přemáhati.
Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.
10 Neboť jsou mnozí nepoddaní, marnomluvní, i svůdcové myslí lidských, zvláště ti, jenž jsou z obřízky.
Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.
11 Jimž musejí ústa zacpána býti; kteříž celé domy převracejí, učíce neslušným věcem, pro mrzký zisk.
Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika.
12 Řekl jeden z nich, vlastní jejich prorok, že Kretenští jsou vždycky lháři, zlá hovada, břicha lenivá.
Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kretafoɔ no yɛ atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ.”
13 Svědectví to pravé jest. A protož tresciž je přísně, ať jsou zdraví u víře,
Na asɛm a ɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya gyidie pa,
14 Nešetříce Židovských básní, a přikázání lidí těch, jenž se odvracují od pravdy.
na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no.
15 Všecko zajisté čisté jest čistým, poskvrněným pak a nevěřícím nic není čistého, ale poskvrněná jest i mysl jejich i svědomí.
Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri sɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi.
16 Vypravují o tom, že Boha znají, ale skutky svými toho zapírají, ohavní jsouce, a nepoddaní, a ke všelikému skutku dobrému nehodní.
Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔntumi nyɛ ade pa biara.

< Titovi 1 >