< Římanům 16 >
1 Poroučímť pak vám Fében, sestru naši, služebnici církve Cenchrenské,
Mede yɛn nuabaa Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa.
2 Abyste ji přijali v Pánu, tak jakž sluší na svaté, a abyste jí pomocni byli, jestliže by vás v čem potřebovala. Nebo i ona mnohým hostem ochotně posluhovala, až i mně také.
Monnye no Awurade din mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfoɔ yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Ɛfiri sɛ, waboa nnipa bebree ne me nso.
3 Pozdravte Priscilly a Akvila, pomocníků mých v Kristu Ježíši,
Mekyea Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfoɔ wɔ Kristo Yesu mu
4 Kteříž pro můj život svých vlastních hrdel nasadili, jimžto ne já sám toliko děkuji, ale i všecky církve pohanské,
a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko, na mmom, amanamanmufoɔ asafo no nyinaa.
5 I domácího jejich shromáždění. Pozdravte mého milého Epéneta, kterýž jest prvotiny Achaie v Kristu.
Asafo a wɔhyia wɔ wɔn fie no nso, mekyea wɔn. Monkyea mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii ɛkan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.
6 Pozdravte Marie, kteráž mnoho práce měla s námi.
Afei, mekyea Maria a ɔyɛɛ adwuma denden maa me no nso.
7 Pozdravte Andronika a Junia, příbuzných mých a spoluvězňů mých, kteříž jsou vzácní u apoštolů a kteříž přede mnou byli v Kristu Ježíši.
Mekyea Androniko ne Yunia. Mekyea me nuanom Yudafoɔ a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yie wɔ asomafoɔ no mu, na wɔdii me ɛkan Kristo mu no.
8 Pozdravte Amplia mně v Pánu milého.
Mekyea mʼAwurade mu dɔfo Amplia.
9 Pozdravte Urbana, pomocníka našeho v Kristu, a Stachyna mého milého.
Mekyea Ubano a yɛne no someeɛ wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo pa Staki.
10 Pozdravte Apella zkušeného v Kristu. Pozdravte těch, kteříž jsou z domu Aristobulova.
Mekyea Apele a ne Kristosom mu nokorɛ ada adi no, Mekyea Aristobulo abusuafoɔ nyinaa.
11 Pozdravte Herodiona, příbuzného mého. Pozdravte těch, kteří jsou z čeledi Narciškovy věřící v Pána.
Mekyea me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Akristofoɔ a wɔfiri Narkiso fie.
12 Pozdravte Tryfény a Tryfózy, kteréž práci vedou v Pánu. Pozdravte Persidy milé, kteráž mnoho pracovala v Pánu.
Mekyea Trifaina ne Trifosa mmaa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mekyea mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbaa a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.
13 Pozdravte Rufa, zvláštního v Pánu, a matky jeho i mé.
Mekyea Rufo a wadi dwuma kɛseɛ Awurade som mu no. Mekyea Rufo maame a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.
14 Pozdravte Asynkrita, Flegonta, Hermy, Patroba, Merkuria, i jiných bratří, kteříž jsou s nimi.
Mekyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Akristofoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa.
15 Pozdravte Filologa i Julie, Nerea a sestry jeho, i Olympa i všech svatých, kteříž jsou s nimi.
Mekyea Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabaa ne Olimpa ne Onyankopɔn manfoɔ a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.
16 Pozdravte sebe vespolek v políbení svatém. Pozdravujíť vás církve Kristovy.
Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho mo ho. Kristo asafo no nyinaa kyea mo.
17 Prosímť pak vás, bratří, abyste šetřili těch, kteříž různice a pohoršení činí, naodpor učení tomu, kterémuž jste vy se naučili, a varujte se jich.
Anuanom, metu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforɔ gyidie na wɔtia nkyerɛkyerɛ a moanya no yie; montwe mo ho mfiri wɔn ho.
18 Nebo takoví Pánu našemu Ježíši Kristu neslouží, ale svému břichu; a skrze lahodné řeči a pochlebenství svodí srdce prostých.
Ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na ɛyɛ ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wɔnnim hwee.
19 Nebo vaše poslušenství všechněch došlo. A protož se raduji z vás. Než chciť, abyste byli moudří k dobrému, a prostí k zlému.
Obiara ate gyidie a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno enti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani te wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.
20 Bůh pak pokoje potře satana pod nohy vaše brzo. Milost Pána našeho Jezukrista budiž s vámi. Amen.
Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoeɛ no bɛpɛkyɛ Ɔbonsam wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
21 Pozdravují vás Timoteus, pomocník můj, a Lucius, a Jázon, a #Sozipater, příbuzní moji.
Me yɔnko Timoteo se ɔkyea mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no nso kyea mo.
22 Pozdravuji vás v Pánu já Tercius, kterýž jsem psal tento list.
Me Tertio, a meyɛ ɔtwerɛfoɔ ma Paulo yi nso, mede Awurade din mekyea mo.
23 Pozdravuje vás Gáius, hospodář můj i vší církve. Pozdravuje vás Erastus, důchodní písař městský, a Kvartus bratr.
Gaio a asafo no hyia wɔ ne fie no nso kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne yɛn nua Kwarto se wɔkyea mo.
24 Milost Pána našeho Jezukrista se všemi vámi. Amen.
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
25 Tomu pak, jenž může vás utvrditi podle evangelium mého a kázání Ježíše Krista, podle zjevení tajemství od časů věčných skrytého, (aiōnios )
Momma yɛnyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na ɔtumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidie mu sɛdeɛ mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛdeɛ medaa nokorɛ ahintasɛm a ɛfiri teteete no adi kyerɛɛ mo no, (aiōnios )
26 Nyní pak zjeveného i skrze Písma prorocká, podle poručení věčného Boha, ku poslušenství víry všechněm národům oznámeného, (aiōnios )
wɔnam adiyifoɔ atwerɛsɛm a ɛfiri Onyankopɔn Teasefoɔ no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahunu sɛdeɛ aman nyinaa bɛgye adi na wɔayɛ ɔsetie ama no. (aiōnios )
27 Tomu, pravím, samému moudrému Bohu sláva skrze Jezukrista na věky. Amen List tento k Římanům psán jest z Korintu, a poslán po Fében, služebnici sboru Cenchrenského. (aiōn )
Ɔno, Onyankopɔn nyansaboakwa na animuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen. (aiōn )