< Zjevení Janovo 12 >
1 I ukázal se div veliký na nebi: Žena oděná sluncem, pod jejímiž nohama byl měsíc a na jejíž hlavě byla koruna dvanácti hvězd.
Afei, nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbaa bi, na nʼatadeɛ yɛ owia a ɔsrane wɔ ne nan ase, na nsoromma dumienu ahenkyɛ hyɛ no.
2 A jsuci těhotná, křičela, pracujici ku porodu a trápěci se, aby porodila.
Na ɔnyem a ɔrebɛwo, na awoyea enti, na ɔresu.
3 I vidín jest jiný div na nebi. Nebo aj, drak veliký ryšavý ukázal se, maje hlav sedm a rohů deset, a na těch hlavách svých sedm korun.
Nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ foforɔ bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi, na ne ti yɛ nson na ɔwɔ mmɛn edu a ahenkyɛ hyehyɛ ebiara so.
4 Jehož ocas strhl třetinu hvězd s nebe, a svrhl je na zem. Ten pak drak stál před ženou, kteráž měla poroditi, aby hned, jakž by porodila, syna jejího sežral.
Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako too wɔn guu fam. Ɔgyinaa ɔbaa a ɔrewo no anim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abɔfra no awe.
5 I porodila syna pacholíka, kterýž měl spravovati všecky národy prutem železným. I vytržen jest syn její k Bohu a k trůnu jeho.
Afei, ɔbaa no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bɛdi aman nyinaa so. Nanso, wɔhwim abɔfra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahennwa ho.
6 A žena utekla na poušť, kdež měla místo od Boha připravené, aby ji tam živili za dnů tisíc dvě stě a šedesát.
Ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yie wɔ nnafua apem ahanu ne aduosia mu.
7 I stal se boj na nebi: Michal a andělé jeho bojovali s drakem, a drak bojoval i andělé jeho.
Afei, ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfoɔ ko tiaa ɔwɔ no, ɛnna ɔno nso ne nʼabɔfoɔ ko tiaeɛ.
8 Ale nic neobdrželi, aniž jest nalezeno více místo jejich na nebi.
Nanso, wɔdii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfoɔ antena ɔsoro bio.
9 I svržen jest drak ten veliký, had starý, jenž slove ďábel a satanáš, kterýž svodí všecken okršlek světa; svržen jest, pravím, na zem, i andělé jeho s ním svrženi jsou.
Wɔtoo ɔwɔ kakraka no tweneeɛ. Ɔno ne ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa ewiase nyinaa no. Wɔtoo ɔno ne nʼabɔfoɔ nyinaa guu asase so.
10 A uslyšel jsem hlas veliký, řkoucí na nebi: Nyní stalo se spasení, a moc, i království Boha našeho, a moc Krista jeho; nebo svržen jest žalobník bratří našich, kterýž žaloval na ně před obličejem Boha našeho dnem i nocí.
Afei, metee nne denden bi wɔ ɔsoro a ɛka sɛ, “Afei, na Onyankopɔn nkwagyeɛ aba! Afei, na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! Afei, na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, ɛfiri sɛ, yɛn nuanom no ahohorabɔni a ɔgyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, wɔapam no afiri soro no.
11 Ale oni zvítězili nad ním skrze krev Beránka, a skrze slovo svědectví svého, a nemilovali duší svých až do smrti.
Yɛn nuanom no nam Odwammaa no mogya so ne nokorɛ a ɔdaa no adi so dii ne so nkonim. Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ na wɔawuwu.
12 Protož veselte se nebesa, a kteříž přebýváte v nich. Běda těm, jenž přebývají na zemi a na moři; nebo ďábel sstoupil k vám, maje hněv veliký, věda, že krátký čas má.
Enti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, momma mo ani nnye. Afei, asase ne ɛpo nnue! Ɛfiri sɛ, ɔbonsam no atoa mo! Na ne bo afu, ɛfiri sɛ, ɔnim sɛ ne ɛberɛ a aka sua.”
13 A když uzřel drak, že jest svržen na zem, honil ženu tu, kteráž porodila toho pacholíka.
Ɛberɛ a ɔwɔ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase so no, ɔtaa ɔbaa a wawo abarimaa no.
14 Ale dána jsou ženě dvě křídla orlice veliké, aby letěla od tváři hada na poušť, na místo své, kdež by ji živili do času a časů, a do půl času.
Wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ ntaban akɛseɛ mmienu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi atu akɔ baabi a wɔasiesie ama no wɔ ɛserɛ so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfeɛ mmiɛnsa ne fa sɛdeɛ ɔwɔ no renni nʼakyi bio.
15 I vypustil had z úst svých po ženě vodu jako řeku, aby ji řeka zachvátila.
Afei, ɔwɔ no puu nsuo te sɛ asubɔnten dii ɔbaa no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no.
16 Ale země pomohla ženě; neb otevřela země ústa svá a požřela řeku, kterouž vypustil drak z úst svých.
Nanso, asase boaa ɔbaa no. Ɛbuee nʼanom nom nsuo a ɔwɔ no pu guu hɔ no nyinaa.
17 I rozhněval se drak na tu ženu, a šel bojovati s jinými z semene jejího, kteříž ostříhají přikázání Božích a mají svědectví Ježíše Krista.
Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di.