< Zjevení Janovo 10 >
1 Viděl jsem jiného anděla silného, sstupujícího s nebe, oděného oblakem, a duha na hlavě jeho byla, a tvář jeho jako slunce, a nohy jeho jako sloupové ohniví.
Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.
2 A v ruce své měl knížky otevřené. I postavil nohu svou pravou na moři a levou na zemi.
Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so.
3 A volal hlasem velikým, jako by lev řval. A když dokonal volání, mluvilo sedm hromů hlasy své.
Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ.
4 A když odmluvilo sedm hromů hlasy své, byl bych to psal. Ale slyšel jsem hlas s nebe řkoucí ke mně: Zapečeť to, co mluvilo sedm hromů, než nepiš toho.
Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”
5 Tedy anděl, kteréhož jsem viděl stojícího na moři a na zemi, pozdvihl ruky své k nebi,
Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
6 A přisáhl skrze živého na věky věků, kterýž stvořil nebe i to, což v něm jest, a zemi i to, což na ní jest, a moře i to, což v něm jest, že již více času nebude. (aiōn )
na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ. (aiōn )
7 Ale ve dnech hlasu sedmého anděla, když bude troubiti, dokonánoť bude tajemství Boží, jakož zvěstoval služebníkům svým prorokům.
Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”
8 A ten hlas, kterýž jsem byl slyšel s nebe, opět mluvil se mnou a řekl: Jdi, a vezmi ty knížky otevřené z ruky anděla, stojícího na moři a na zemi.
Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”
9 I šel jsem k andělu, a řekl jsem jemu: Dej mi ty knížky. I řekl mi: Vezmi, a požři je, a učiníť hořkost v břiše tvém, ale v ústech tvých budouť sladké jako med.
Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.”
10 I vzal jsem knížky z ruky anděla, a požřel jsem je. I byly v ústech mých sladké jako med, ale když jsem je požřel, hořko mi bylo v břiše mém.
Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me.
11 I dí mi: Musíš opět prorokovati lidem, a národům, a jazykům, i králům mnohým.
Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.”