< Nehemiáš 5 >

1 Byl pak pokřik veliký lidu i žen jejich na bratří jich Židy.
Saa ɛberɛ yi mu mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfoɔ Yudafoɔ.
2 Nebo někteří pravili: Synů a dcer máme tak mnoho, že za ně obilé jednáme, abychom jísti a živi býti mohli.
Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”
3 Jiní opět pravili: Pole svá i vinice své, a domy své zzastavovati musíme, abychom obilé jednati mohli v hladu tomto.
Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛde yɛn mfuo, bobe nturo ne yɛn afie asisi awowa sɛdeɛ yɛbɛnya aduane wɔ ɛkɔm ɛberɛ mu.”
4 Jiní ještě pravili: Musíme vypůjčiti peněz, abychom dali plat králi, na svá pole i vinice své,
Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuo ne bobefuo ano boɔ yɛ pɛ, de atua yɛn apeatoɔ.
5 Ješto aj, jakož tělo bratří našich, tak těla naše, jakož synové jejich, tak i synové naši. A však my musíme podrobovati syny své a dcery své v službu, a některé již ze dcer našich podrobeny jsou, a nemůžeme s nic býti, poněvadž pole naše a vinice naše drží jiní.
Yɛfiri abusua korɔ mu, na yɛn mma te sɛ wɔn deɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yɛanya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmammaa bi dada, na yɛrentumi nyɛ ho hwee, ɛfiri sɛ, yɛde yɛn mfuo ne bobefuo asisi awowa ama afoforɔ.”
6 Protož rozhněval jsem se velmi, když jsem slyšel křik jejich a slova taková.
Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuu yie.
7 I uložil jsem v srdci svém, abych domlouval přednějším a knížatům, řka jim: Vy jste ti, jenž obtěžujete jeden každý bratra svého. I svolal jsem proti nim shromáždění veliké.
Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.
8 A řekl jsem jim: My vyplacujeme bratří své Židy, kteříž prodáni byli pohanům, podlé možnosti naší. Což vy zase prodávati máte bratří vaše, anobrž což je sobě prodávati budete? Kteřížto umlkli a nenalezli odpovědi.
Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.
9 Řekl jsem dále: Není to dobře, což děláte. Zdali v bázni Boha našeho nemáte choditi raději než v pohanění pohanů, nepřátel našich?
Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.
10 I já také s bratřími svými a s služebníky svými mohl bych bráti od nich peníze aneb obilé, a však odpusťme jim medle ten dluh.
Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no.
11 Navraťte jim, prosím, ještě dnes pole jejich, vinice jejich, zahrady olivové jejich i domy jejich, i ten stý díl peněz, obilé, vína i oleje, kterýž od nich béřete.
Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”
12 Odpověděli: Navrátíme, aniž čeho od nich vyhledávati budeme; tak učiníme, jakž ty pravíš. Tedy svolav kněží, zavázal jsem je přísahou, aby tak učinili.
Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so.
13 Vytřásl jsem také podolek svůj, a řekl jsem: Tak vytřes Bůh každého muže, kdož by nenaplnil slova tohoto, z domu jeho, z úsilí jeho, a tak buď vytřesený a prázdný. I řeklo všecko shromáždění: Amen, a chválili Hospodina. I učinil lid tak.
Meporoo mʼabɔɔmu mu kaa sɛ, “Sɛ mobu ɛbɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporo mo mfiri mo afie mu ne mo agyapadeɛ ho!” Badwa no gyee so sɛ, “Amen.” Na wɔkamfoo Awurade. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so.
14 Anobrž také ode dne, v němž jsem postaven, abych byl vývodou jejich v zemi Judské, od léta dvadcátého až do léta třidcátého druhého Artaxerxa krále, za dvanácte let, ani já ani bratří moji pokrmu knížecího jsme nejedli,
Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da.
15 Ješto vývodové prvnější, kteříž byli přede mnou, obtěžovali lid, berouce od nich chléb a víno mimo čtyřidceti lotů stříbra. Nadto i služebníci jejich ssužovali lid, čehož jsem já nečinil, boje se Boha.
Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.
16 Alebrž také i při opravování zdi pracoval jsem, aniž jsme skupovali rolí, ano i všickni služebníci moji byli tu shromážděni k dílu.
Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.
17 Přesto Židé a knížat půl druhého sta osob, a kteříž přicházeli k nám z národů okolních, jídali u stolu mého.
Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi wɔ me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho.
18 Pročež strojívalo se toho na každý den jeden vůl, šest ovec výborných, též i ptáci byli mi strojeni, a v jednom z desíti dnů všelijakého vína dávalo se dosti. Však s tím se vším pokrmu knížecího nežádal jsem, nebo těžká poroba vzložena byla na lid ten.
Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwie baako, nnwan akɛseɛ nsia ne nkokɔ bebree. Na dadu biara, na ɛsɛ sɛ yɛnya nsã ahodoɔ nyinaa bi. Nanso, mannye amrado akɔnhomabɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, na ɔmanfoɔ no wɔ ahokyere mu dada.
19 Budiž pamětliv na mne, Bože můj, k dobrému, což jsem pak koli činil při lidu tomto.
Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.

< Nehemiáš 5 >