< Micheáš 2 >

1 Běda těm, kteříž vymýšlejí nepravost a ukládají zlé na ložcích svých, a na úsvitě ráno vykonávají je, když jest v moci rukou jejich.
Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
2 Požádají polí, i vydírají, takž i domů, a odjímají; a tak provozují moc nad mužem i domem jeho, nad jedním každým i dědictvím jeho.
Wɔn ani bere mfuo na wɔgye. Na afie nso wɔfa. Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie, na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.
3 Protož takto praví Hospodin: Aj, já myslím proti čeledi té věc zlou, odkudž nevyňmete hrdel vašich, aniž budete choditi vysokomyslně; nebo čas zlý bude.
Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.
4 V ten den užívati budou o vás přísloví, a naříkati budou naříkáním žalostným, řkouce: Do cela zpuštěni jsme, podíl lidu mého proměnil. Jaktě mi jej odjal, a vzav pole naše, rozdělil!
Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’”
5 Protož nebudeš míti, kdožť by vztáhl provazec na los v shromáždění Hospodinovu.
Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
6 Neprorokujte. Budou prorokovati, ale nebudou těmto prorokovati, a neponesou pohanění.
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguaseɛ rento yɛn.”
7 Ó kteráž sloveš domem Jákobovým, zdali do těsna vehnán býti má duch Hospodinův? To-liž by skutkové jeho byli? Zdaliž slova má nejsou dobrá tomu, kdož upřímě chodí?
Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa?
8 Včera byl lidem mým, již jako nepřítel povstává. Majíce oděv, plášť strhujete s těch, kteříž chodí bezpečně, vyhýbajíce se bitvě.
Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.
9 Manželky lidu mého vyháníte z domu rozkoší jejich, od dítek jejich odjímáte slávu mou na věky.
Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ.
10 Vstaňte a odejděte, neboť tato není sídlem pro nečistotu. Ztratí vás, a to ztracením jistým.
Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.
11 Jestliže za proroka se vydávaje a lež mluvě, říká: Budu tobě prorokovati o víně aneb o nápoji opojujícím, takový bývá prorokem lidu tohoto.
Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.
12 Jistotně zberu tě, Jákobe, docela, jistotně shromáždím ostatky Izraele, a seženu je v hromadu jako ovce v Bozra, jako stádo do prostřed ovčince jeho, i vzejde hluk od lidu.
“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.
13 Vstoupí ten, kterýž prolamovati bude před nimi. Prolomí, a projdou bránu, a vyjdou skrze ni; ano i král jejich půjde před nimi, a Hospodin na špici jejich.
Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ. Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”

< Micheáš 2 >