< Matouš 6 >

1 Pilně se varujte, abyste almužny vaší nedávali před lidmi, proto abyste byli vidíni od nich, jinak nebudete míti odplaty u Otce vašeho, jenž jest v nebesích.
“Monhwɛ yiye na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa amfa ampɛ anuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfaso biara mfi mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.
2 Protož když dáváš almužnu, netrub před sebou, jako pokrytci činí v školách a na ulicech, aby chváleni byli od lidí. Amen pravím vám, majíť odplatu svou.
“Sɛ woyɛ papa a mmɔ no dawuru sɛnea nyaatwomfo yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate sɛ saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
3 Ale ty když dáváš almužnu, tak čiň, ať neví levice tvá, co činí pravice tvá,
Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhu,
4 Aby almužna tvá byla v skrytě, a Otec tvůj, kterýž vidí v skrytě, odplatí tobě zjevně.
na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.
5 A když bys se chtěl modliti, nebývejž jako pokrytci, kteříž obyčej mají, v školách a na úhlech rynku stojíce, modliti se, aby byli vidíni od lidí. Amen pravím vám, žeť mají odplatu svou.
“Na sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea nyaatwomfo gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema moate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
6 Ale ty když bys se modliti chtěl, vejdi do pokojíka svého, a zavra dveře své, modliž se Otci svému, jenž jest v skrytě, a Otec tvůj, kterýž vidí v skrytě, odplatí tobě zjevně.
Sɛ wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka.
7 Modléce se pak, nebuďtež marnomluvní jako pohané; nebo se domnívají, že mnohomluvností svou to způsobí, aby byli uslyšáni.
Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa bebree, nti nsɛm mu nsusuw sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn betie mo.
8 Nepřirovnávejtež se tedy jim, neboť ví Otec váš, čeho jest vám potřebí, prve nežli byste vy ho prosili.
Mo Agya Nyankopɔn nim nea ehia mo nyinaa ansa na mubisa no.
9 A protož vy takto se modlte: Otče náš, jenž jsi v nebesích, posvěť se jméno tvé.
“Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae: “‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho ntew.
10 Přijď království tvé. Buď vůle tvá jako v nebi tak i na zemi.
Wʼahenni mmra. Nea wopɛ nyɛ wɔ asase so, sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.
11 Chléb náš vezdejší dej nám dnes.
Ma yɛn, yɛn daa aduan nnɛ,
12 A odpusť nám viny naše, jakož i my odpouštíme vinníkům našim.
na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.
13 I neuvoď nás v pokušení, ale zbav nás od zlého. Nebo tvé jest království, i moc, i sláva, na věky, Amen.
Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’
14 Nebo budete-li odpouštěti lidem viny jejich, odpustíť i vám nebeský Otec váš.
Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo.
15 Jestliže pak neodpustíte lidem vin jejich, aniž Otec váš odpustí vám hříchů vašich.
Nanso sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomso ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”
16 Když byste se pak postili, nebývejtež jako pokrytci zasmušilí; neboť pošmuřují tváří svých, aby vědomé bylo lidem, že se postí. Amen pravím vám, vzaliť jsou odplatu svou.
“Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.
17 Ty pak, když se postíš, pomaž hlavy své a tvář svou umej,
Sɛ wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm,
18 Aby nebylo zjevné lidem, že se postíš, ale Otci tvému, kterýž jest v skrytě. A Otec tvůj, kterýž vidí v skrytosti, odplatí tobě zjevně.
na mma nnipa nhu sɛ woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ wɔ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.
19 Neskládejte sobě pokladů na zemi, kdežto mol a rez kazí, a kdež zloději vykopávají a kradou.
“Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so, nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkannare na asɛe, na akorɔmfo betumi awia.
20 Ale skládejte sobě poklady v nebi, kdežto ani mol ani rez kazí, a kdežto zloději nevykopávají ani kradou.
Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia.
21 Nebo kdežť jest poklad váš, tuť jest i srdce vaše.
Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.
22 Svíce těla jestiť oko; jestliže oko tvé sprostné bylo by, všecko tělo tvé světlé bude.
“Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann.
23 Pakliť by oko tvé bylo nešlechetné, všecko tělo tvé tmavé bude. Protož jestliže světlo, kteréž jest v tobě, jest tma, co pak sama tma, jaká bude?
Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.
24 Žádný nemůže dvěma pánům sloužiti. Nebo zajisté jednoho nenáviděti bude, a druhého milovati, aneb jednoho přídržeti se bude, a druhým pohrdne. Nemůžte Bohu sloužiti i mamoně.
“Obiara ntumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.
25 Protož pravím vám: Nepečujte o život váš, co byste jedli a co pili, ani o tělo vaše, čím byste je odívali. Zdaliž není život více nežli pokrm, a tělo více nežli oděv?
“Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.
26 Hleďte na ptactvo nebeské, žeť nesejí ani žnou, ani shromažďují do stodol, avšak Otec váš nebeský krmí je. I zdaliž vy jich mnohem nepřevyšujete?
Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana?
27 A kdo z vás pečlivě mysle, může přidati ku postavě své loket jeden?
Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?
28 A o oděv proč pečujete? Poučte se na kvítí polním, kterak roste, nepracuje ani přede.
“Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho.
29 A aj, pravím vám, že ani Šalomoun ve vší slávě své tak odín nebyl, jako jedno z nich.
Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi.
30 Poněvadž tedy trávu polní, ješto dnes jest, a zítra do peci bývá vložena, Bůh tak odívá, i zdaliž mnohem více vám toho nečiní, ó malé víry?
Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo?
31 Nepečujtež tedy, říkajíce: Co budeme jísti? anebo: Co budeme píti? anebo: Èím se budeme odívati?
Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho.
32 Nebo toho všeho pohané hledají. Víť zajisté Otec váš nebeský, že toho všeho potřebujete.
Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo.
33 Ale hledejte vy nejprv království Božího a spravedlnosti jeho, a toto vše bude vám přidáno.
Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.
34 Protož nepečujte o zítřejší den, nebo zítřejší den pečovati bude o své věci. Dostiť má den na svém trápení.
Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.

< Matouš 6 >