< Matouš 28 >

1 Na skonání pak soboty, když již svitalo na první den toho téhodne, přišla Maria Magdaléna a druhá Maria, aby pohleděly na hrob.
Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so.
2 A aj, zemětřesení stalo se veliké. Nebo anděl Páně sstoupiv s nebe a přistoupiv, odvalil kámen ode dveří hrobových, a posadil se na něm.
Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so.
3 A byl obličej jeho jako blesk, a roucho jeho bílé jako sníh.
Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera.
4 A pro strach jeho zděsili se strážní a učiněni jsou jako mrtví.
Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo.
5 I odpověděv anděl, řekl ženám: Nebojte se vy, neboť vím, že Ježíše ukřižovaného hledáte.
Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no,
6 Neníť ho tuto; nebo vstalť jest, jakož předpověděl. Pojďte, a vizte místo, kdež ležel Pán.
nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no.
7 A rychle jdouce, povězte učedlníkům jeho, že vstal z mrtvých. A aj, předchází vás do Galilee, tam jej uzříte. Aj, pověděl jsem vám.
Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”
8 I vyšedše rychle z hrobu s bázní a s radostí velikou, běžely, aby učedlníkům jeho zvěstovaly.
Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn.
9 Když pak šly zvěstovati učedlníkům jeho, aj, Ježíš potkal se s nimi, řka: Zdrávy buďte. A ony přistoupivše, chopily se noh jeho, a klaněly se jemu.
Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no.
10 Tedy dí jim Ježíš: Nebojtež se. Jděte, zvěstujte bratřím mým, ať jdou do Galilee, a tamť mne uzří.
Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”
11 Když pak ony odešly, aj, někteří z stráže přišedše do města, oznámili předním kněžím všecko, co se stalo.
Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
12 Kteřížto shromáždivše se s staršími a uradivše se, mnoho peněz dali žoldnéřům,
Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn
13 Řkouce: Pravte, že učedlníci jeho nočně přišedše, ukradli jej, když jsme my spali.
se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’”
14 A uslyší-liť o tom hejtman, myť ho spokojíme a vás bezpečny učiníme.
Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.”
15 A oni vzavše peníze, učinili, jakž naučeni byli. I rozhlášeno jest slovo to u Židů až do dnešního dne.
Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ.
16 Jedenácte pak učedlníků šli do Galilee na horu, kdežto jim byl uložil Ježíš.
Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so.
17 A uzřevše ho, klaněli se jemu. Ale někteří pochybovali.
Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara.
18 A přistoupiv Ježíš, mluvil jim, řka: Dána jest mi všeliká moc na nebi i na zemi.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
19 Protož jdouce, učte všecky národy, křtíce je ve jméno Otce i Syna i Ducha svatého,
Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
20 Učíce je zachovávati všecko, což jsem koli přikázal vám. A aj, já s vámi jsem po všecky dny, až do skonání světa. Amen. (aiōn g165)
na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (aiōn g165)

< Matouš 28 >