< Lukáš 14 >
1 I stalo se, když všel Ježíš do domu jednoho knížete farizejského v sobotu, aby jedl chléb, že oni šetřili ho.
Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ.
2 A aj, člověk jeden vodnotelný byl před ním.
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon.
3 I odpověděv Ježíš, dí zákoníkům a farizeům, řka: Sluší-li v sobotu uzdravovati?
Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda ana?”
4 A oni mlčeli. Tedy on dosáh jeho, uzdravil a propustil.
Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.
5 A odpověděv k nim řekl: Èí z vás osel anebo vůl upadl by do studnice, a ne ihned by ho vytáhl v den sobotní?
Yesu bisaa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”
6 I nemohli jemu na to odpovědíti.
Nanso wɔantumi ammua no.
7 Pověděl také i ku pozvaným podobenství, (spatřiv to, kterak sobě přední místa vyvolovali, ) řka k nim:
Afei Yesu huu sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara pɛ sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se,
8 Kdybys byl od někoho pozván na svadbu, nesedej na předním místě, ať by snad vzácnější nežli ty nebyl pozván od něho.
“Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo.
9 A přijda ten, kterýž tebe i onoho pozval, řekl by tobě: Dej tomuto místo. A tehdy počal bys s hanbou na posledním místě seděti.
Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi.
10 Ale když bys byl pozván, jda, posaď se na posledním místě. A kdyby přišel ten, kterýž tebe pozval, aby řekl tobě: Příteli, posedni výše, tedy budeš míti chválu před spolustolícími.
Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’
11 Nebo každý, kdož se povyšuje, bude ponížen; a kdož se ponižuje, bude povýšen.
Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
12 Pravil také i tomu, kterýž ho byl pozval: Když činíš oběd nebo večeři, nezov přátel svých, ani bratří svých, ani sousedů bohatých, ať by snad i oni zase nezvali tebe, a měl bys odplatu.
Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ.
13 Ale když činíš hody, povolej chudých, chromých, kulhavých, slepých,
Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo.
14 A blahoslavený budeš. Neboť nemají, odkud by odplatili tobě, ale budeť odplaceno při vzkříšení spravedlivých.
Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”
15 I uslyšav to jeden z přísedících, řekl jemu: Blahoslavený jest, kdož jí chléb v království Božím.
Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
16 On pak řekl jemu: Èlověk jeden učinil večeři velikou, a pozval mnohých.
Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree.
17 I poslal služebníka svého v hodinu večeře, aby řekl pozvaným: Pojďte, nebo již připraveno jest všecko.
Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.
18 I počali se všickni spolu vymlouvati. První řekl jemu: Ves jsem koupil, a musím vyjíti a ohledati jí; prosím tebe, vymluv mne.
“Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
19 A druhý řekl: Patero spřežení volů koupil jsem, a jdu, abych jich zkusil; prosím tebe, vymluv mne.
“Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
20 A jiný dí: Ženu jsem pojal, a protož nemohu přijíti.
“Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’
21 I navrátiv se služebník, zvěstoval tyto věci pánu svému. Tedy rozhněvav se hospodář, řekl služebníku svému: Vyjdi rychle na rynky a na ulice města, a chudé, i chromé, i kulhavé, a slepé uveď sem.
“Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’
22 I řekl služebník: Pane, stalo se, jakož jsi rozkázal, a ještěť místo jest.
“Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.
23 Tedy řekl pán služebníku: Vyjdiž na cesty a mezi ploty, a přinuť vjíti, ať se naplní dům můj.
“Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra.
24 Nebo pravímť vám, že žádný z mužů těch, kteříž pozváni byli, neokusí večeře mé.
Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’”
25 Šli pak mnozí zástupové s ním. A on obrátiv se, řekl jim:
Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se,
26 Jde-li kdo ke mně, a nemá-li v nenávisti otce svého, i mateře, i ženy, i dětí, i bratří, i sestr, ano i té duše své, nemůž býti mým učedlníkem.
“Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani.
27 A kdožkoli nenese kříže svého, a jde za mnou, nemůž býti mým učedlníkem.
Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
28 Nebo kdo z vás jest, chtěje stavěti věži, aby prve sedna, nepočetl nákladu, bude-li míti dosti k dokonání toho díla?
“Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie?
29 Aby snad, když by položil grunt, a nemohl dokonati, nepřišlo na to, že všickni to vidouce, počali by se jemu posmívati,
Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no,
30 Řkouce: Tento člověk počal stavěti, a nemohl dokonati.
aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’
31 Anebo který král bera se k boji proti jinému králi, zdaliž prve nesedne, aby se poradil, mohl-li by s desíti tisíci potkati se s tím, kterýž s dvadcíti tisíci táhne proti němu?
“Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?
32 Sic jinak, když ještě podál od něho jest, pošle posly k němu, žádaje toho, což by bylo ku pokoji.
Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.
33 Tak zajisté každý z vás, kdož se neodřekne všech věcí, kterýmiž vládne, nemůž býti mým učedlníkem.
Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
34 Dobráť jest sůl. Pakli sůl bude zmařena, čím bude napravena?
“Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?
35 Ani do země, ani do hnoje se nehodí; ale vyvržena bude ven. Kdo má uši k slyšení, slyš.
So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu. “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”