< Plaè 5 >
1 Rozpomeň se, Hospodine, co se nám děje; popatř a viz pohanění naše.
Awurade, kae nea aba yɛn so; hwɛ, na hu yɛn animguase.
2 Dědictví naše obráceno jest k cizím, domové naši k cizozemcům.
Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho, wɔde yɛn afi ama ananafo.
3 Sirotci jsme a bez otce, matky naše jsou jako vdovy.
Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom, yɛn nanom yɛ akunafo.
4 Vody své za peníze pijeme, dříví naše za záplatu přichází.
Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom; yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.
5 Na hrdle svém protivenství snášíme, pracujeme, nedopouští se nám odpočinouti.
Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; Yɛabrɛ na yennya ahomegye.
6 Egyptským podáváme ruky i Assyrským, abychom nasyceni byli chlebem.
Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.
7 Otcové naši hřešili, není jich, my pak trestáni po nich neseme.
Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio, na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.
8 Služebníci panují nad námi; není žádného, kdo by vytrhl z ruky jejich.
Nkoa di yɛn so, na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.
9 S opovážením se života svého hledáme chleba svého, pro strach meče i na poušti.
Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan, afoa a ɛwɔ sare so no nti.
10 Kůže naše jako pec zčernaly od náramného hladu.
Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.
11 Ženám na Sionu i pannám v městech Judských násilé činí.
Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion, ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.
12 Knížata rukou jejich zvěšena jsou, osoby starých nemají v poctivosti.
Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.
13 Mládence k žernovu berou, a pacholata pod dřívím klesají.
Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so; na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
14 Starci sedati v branách přestali a mládenci od zpěvů svých.
Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio; mmerante agyae wɔn nnwonto.
15 Přestala radost srdce našeho, obrátilo se v kvílení plésání naše.
Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu; yɛn asaw adan agyaadwotwa.
16 Spadla koruna s hlavy naší; běda nám již, že jsme hřešili.
Ahenkyɛw afi yɛn ti so. Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!
17 Protoť jest mdlé srdce naše, pro tyť věci zatměly se oči naše,
Eyi nti yɛn koma atɔ beraw, eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu
18 Pro horu Sion, že zpuštěna jest; lišky chodí po ní.
wɔ Sion bepɔw a ada mpan na sakraman nenam so no nti.
19 Ty Hospodine, na věky zůstáváš, a stolice tvá od národu do pronárodu.
Wo, Awurade, di hene afebɔɔ; wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
20 Proč se zapomínáš na věky na nás, a opouštíš nás za tak dlouhé časy?
Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi? Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?
21 Obrať nás, ó Hospodine, k sobě, a obráceni budeme; obnov dny naše, jakž byly za starodávna.
Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn; yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no
22 Nebo zdali všelijak zavržeš nás, a hněvati se budeš na nás velice?
gye sɛ woapo yɛn koraa anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.