< Jan 10 >

1 Amen, amen pravím vám: Kdož nevchází dveřmi do ovčince ovcí, ale vchází jinudy, ten zloděj jest a lotr.
“Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ.
2 Ale kdož vchází dveřmi, pastýř jest ovcí.
Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no.
3 Tomuť vrátný otvírá, a ovce hlas jeho slyší, a on svých vlastních ovec ze jména povolává, a vyvodí je.
Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi.
4 A jakž ovce své vlastní ven vypustí, před nimi jde, a ovce jdou za ním; nebo znají hlas jeho.
Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne.
5 Ale cizího nikoli následovati nebudou, ale utekou od něho; nebo neznají hlasů cizích.
Wɔrenni onipa foforɔ biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a, wɔremma, ɛfiri sɛ, wɔnte ne nne.”
6 To přísloví pověděl jim Ježíš, ale oni nevěděli, co by to bylo, což jim mluvil.
Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
7 Tedy opět řekl jim Ježíš: Amen, amen pravím vám: Že já jsem dveře ovcí.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mene nnwammuo no ano ɛpono no.
8 Všickni, kolikož jich koli přede mnou přišlo, zloději jsou a lotři, ale neslyšely jich ovce.
Wɔn a wɔdii mʼanim kane no yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ, ɛno enti, nnwan no ante wɔn nne, anni wɔn akyi.
9 Já jsem dveře. Skrze mne všel-li by kdo, spasen bude, a vejde i vyjde, a pastvu nalezne.
Mene ɛpono no. Obiara a ɔnam me so bɛwura mu no bɛnya nkwa; wɔbɛwura mu asane afiri adi na wɔbɛnya adidibea.
10 Zloděj nepřichází, jediné aby kradl a mordoval a hubil; já jsem přišel, aby život měly, a hojně aby měly.
Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.
11 Já jsem ten pastýř dobrý. Dobrý pastýř duši svou pokládá za ovce.
“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.
12 Ale nájemník a ten, kterýž není pastýř, jehož nejsou ovce vlastní, vida vlka, an jde, i opouští ovce i utíká, a vlk lapá a rozhání ovce.
Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nnwan so no nyɛ nnwan no wura ɛno enti, sɛ ɔhunu sɛ pataku reba a, ɔdwane gya nnwan no hɔ, na pataku no to hyɛ nnwan no so ma wɔbɔ pete.
13 Nájemník pak utíká; nebo nájemník jest, a nemá péče o ovce.
Ɔpaani no dwane ɛfiri sɛ, wɔabɔ no paa, na nnwan no yiedie mfa ne ho.
14 Já jsem ten dobrý pastýř, a známť ovce své, a znajíť mne mé.
“Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Menim me nnwan na me nnwan nso nim me,
15 Jakož mne zná Otec, tak i já znám Otce, a duši svou pokládám za ovce.
sɛdeɛ Agya no nim me na me nso menim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mɛwu ama nnwan no.
16 A mámť i jiné ovce, kteréž nejsou z tohoto ovčince. I tyť musím přivésti, a hlas můj slyšeti budou. A budeť jeden ovčinec a jeden pastýř.
Nnwan afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔyɛ me dea nanso wɔnnya mmɛkaa saa nnwankuo yi ho. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nnwankuo yi ho. Wɔbɛtie me nne na wɔbɛyɛ nnwankuo baako a odwanhwɛfoɔ baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.
17 Protož mne Otec miluje, že já pokládám duši svou, abych ji zase vzal.
Agya no dɔ me ɛfiri sɛ, masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.
18 Nižádnýť jí nebéře ode mne, ale já pokládám ji sám od sebe. Mám moc položiti ji, a mám moc zase vzíti ji. To přikázání vzal jsem od Otce svého.
Obiara rentumi nnye me nkwa mfiri me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesane gye bio. Yei ne deɛ mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
19 Tedy stala se opět různice mezi Židy pro ty řeči.
Asɛm a Yesu kaeɛ no enti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafoɔ no mu.
20 A pravili mnozí z nich: Ïábelství má a blázní. Co ho posloucháte?
Wɔn mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn enti na motie no?”
21 Jiní pravili: Tato slova nejsou ďábelství majícího. Zdaliž ďábelství může slepých oči otvírati?
Afoforɔ nso kaa sɛ, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sei! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne bɛtumi ama onifirani ahunu adeɛ?”
22 I bylo posvícení v Jeruzalémě, a zima byla.
Awɔberɛ bi mu a Asɔredandwira duruu wɔ Yerusalem no,
23 I procházel se Ježíš v chrámě po síňci Šalomounově.
Yesu kɔpasee asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
24 Tedy obstoupili jej Židé, a řekli jemu: Dokudž duši naši držíš? Jestliže jsi ty Kristus, pověz nám zjevně.
Yudafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ kaa sɛ, “Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
25 Odpověděl jim Ježíš: Pověděl jsem vám, a nevěříte. Skutkové, kteréž já činím ve jménu Otce svého, tiť svědectví vydávají o mně.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ,
26 Ale vy nevěříte, nebo nejste z ovcí mých, jakož jsem vám pověděl.
nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan.
27 Nebo ovce mé hlas můj slyší, a já je znám, a následujíť mne.
Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi.
28 A jáť život věčný dávám jim, a nezahynouť na věky, aniž jich kdo vytrhne z ruky mé. (aiōn g165, aiōnios g166)
Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. (aiōn g165, aiōnios g166)
29 Otec můj, kterýž mi je dal, většíť jest nade všecky, a žádnýť jich nemůže vytrhnouti z ruky Otce mého.
MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.
30 Já a Otec jedno jsme.
Me ne Agya no yɛ baako.”
31 Tedy zchápali opět kamení Židé, aby jej kamenovali.
Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no.
32 Odpověděl jim Ježíš: Mnohé dobré skutky ukázal jsem vám od Otce svého. Pro který z těch skutků kamenujete mne?
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?”
33 Odpověděli jemu Židé, řkouce: Pro dobrý skutek tebe nekamenujeme, ale pro rouhání, totiž že ty, člověk jsa, děláš se Bohem.
Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
34 Odpověděl jim Ježíš: Však psáno jest v Zákoně vašem: Já jsem řekl: Bohové jste.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ mo ara ankasa mo mmara mu sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Moyɛ anyame.’
35 Poněvadž ty nazval bohy, k nimžto řeč Boží stala se, a nemůžeť zrušeno býti Písmo,
Ɛno enti, sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokorɛ so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no sɛ ‘anyame’ a,
36 Kterakž tedy o mně, kteréhož posvětil Otec a poslal na svět, vy pravíte, že se rouhám, že jsem řekl: Syn Boží jsem?
ɛyɛ dɛn na sɛ deɛ Agya no somaa no baa ewiase no ka sɛ, mene Onyankopɔn Ba no a mose waka abususɛm?
37 Nečiním-liť skutků Otce svého, nevěřte mi.
Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no deɛ a, ɛnneɛ monnnye me nni.
38 Pakliť činím, tedy byste pak mně nevěřili, aspoň skutkům věřte, abyste poznali a věřili, že Otec ve mně jest, a já v něm.
Nanso, sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ monnye me nni mpo a, monnye nnwuma no nni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”
39 Tedy opět hledali ho jíti, ale on vyšel z rukou jejich.
Nkurɔfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
40 I odšel opět za Jordán na to místo, kdež nejprv Jan křtil, a pozůstal tam.
Yesu sane tware kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.
41 I přišli k němu mnozí, a pravili: Jan zajisté žádného divu neučinil, ale všecko, cožkoli mluvil Jan o tomto, pravé bylo.
Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodoɔ no ara kaa sɛ, “Yohane anyɛ anwanwadeɛ, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokorɛ.”
42 A mnozí tam uvěřili v něho.
Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no diiɛ.

< Jan 10 >