< Jób 22 >

1 A odpovídaje Elifaz Temanský, řekl:
Na Temanni Elifas buae se,
2 Zdaliž Bohu silnému co prospěšný býti může člověk, když sobě nejmoudřeji počíná?
“Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana? Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?
3 Zdaliž se kochá Všemohoucí v tom, že ty se ospravedlňuješ? Aneb má-liž zisk, když bys dokonalé ukázal býti cesty své?
Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya? Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?
4 Zdali, že by se tebe bál, tresce tě, mstě nad tebou?
“Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim na ɔbɔ wo kwaadu ana?
5 Zdali zlost tvá není mnohá? Anobrž není konce nepravostem tvým.
Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso? Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?
6 Nebo jsi brával základ od bratří svých bez příčiny, a roucha z nahých jsi svláčel.
Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so; wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.
7 Vody ustalému jsi nepodal, a hladovitému zbraňovals chleba.
Woamma abrɛfo nsu annom na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,
8 Ale muži boháči přál jsi země, tak aby ten, jehož osoba vzácná, v ní seděl.
nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase, onuonyamfo a ɔte so.
9 Vdovy pak pouštěl jsi prázdné, ačkoli ramena sirotků potřína byla.
Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.
10 A protož obkličuji tě osídla, a děsí tě strach nenadálý,
Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia, na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,
11 Aneb tma, abys neviděl, anobrž rozvodnění přikrývá tě.
ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade, na asorɔkye akata wo so yi.
12 Říkáš: Zdaž Bůh není na výsosti nebeské? Ano shlédni vrch hvězd, jak jsou vysoké.
“So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana? Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!
13 Protož pravíš: Jak by věděl Bůh silný? Skrze mrákotu-liž by soudil?
Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim? Sum yi mu na obu atɛn ana?
14 Oblakové jsou skrýše jeho, tak že nevidí; nebo okršlek nebeský obchází.
Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’
15 Šetříš-liž stezky věku předešlého, kterouž kráčeli lidé marní?
So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a abɔnefo anantew so no so ana?
16 Kteříž vypléněni jsou před časem, potok vylit jest na základ jejich.
Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso, na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.
17 Kteříž říkali Bohu silnému: Odejdi od nás. Což by tedy jim učiniti měl Všemohoucí?
Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn! Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’
18 On zajisté domy jejich naplnil dobrými věcmi, (ale rada bezbožných vzdálena jest ode mne).
Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu, nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
19 Což vidouce spravedliví, veselí se, a nevinný posmívá se jim,
Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye; na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,
20 Zvlášť když není vypléněno jmění naše, ostatky pak jejich sežral oheň.
‘Wɔasɛe yɛn atamfo, na ogya ahyew wɔn agyapade.’
21 Přivykejž medle s ním choditi, a pokojněji se míti, skrze to přijde tobě všecko dobré.
“Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu; saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.
22 Přijmi, prosím, z úst jeho zákon, a slož řeči jeho v srdci svém.
Tie akwankyerɛ a efi nʼanom, na fa ne nsɛm sie wo koma mu.
23 Navrátíš-li se k Všemohoucímu, vzdělán budeš, a vzdálíš-li nepravost od stanů svých,
Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio: sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu
24 Tedy nakladeš na zemi zlata, a místo kamení potočního zlata z Ofir.
na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,
25 Nebo bude Všemohoucí nejčistším zlatem tvým, a stříbrem i silou tvou.
ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.
26 A tehdáž v Všemohoucím kochati se budeš, a pozdvihna k Bohu tváři své,
Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.
27 Pokorně modliti se budeš jemu, a vyslyší tě; pročež sliby své plniti budeš.
Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo, na wubedi wo bɔhyɛ so.
28 Nebo cožkoli začneš, budeť se dařiti, anobrž na cestách tvých svítiti bude světlo.
Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu, na hann bɛtɔ wʼakwan so.
29 Když jiní sníženi budou, tedy díš: Jáť jsem povýšen. Nebo toho, kdož jest očí ponížených, Bůh spasena učiní.
Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a, obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.
30 Vysvobodí i toho, kterýž není bez viny, vysvobodí, pravím, čistotou rukou tvých.
Obegye abɔnefo mpo, ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”

< Jób 22 >