< Hozeáš 3 >

1 Opět řekl mi Hospodin: Ještě jdi, a zamiluj ženu, milou frejíři a cizoložnou, tak jako miluje Hospodin syny Izraelské, ačkoli oni hledí k bohům cizím, a milují kádě vína.
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea Awurade da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.”
2 Tedy zjednal jsem ji sobě z patnácti stříbrných a z půldruhého chomeru ječmene.
Enti mede gram ɔha aduoson baako ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no.
3 A řekl jsem jí: Za mnoho dnů seď mi, nesmilni, aniž se vdávej za muže, a já také příčinou tvou.
Na meka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna.”
4 Nebo za mnohé dny budou synové Izraelští bez krále, bez knížete, bez oběti, bez modly, bez efodu a terafim.
Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ.
5 Potom pak obrátí se synové Izraelští, a hledati budou Hospodina Boha svého i Davida krále svého; a předěšeni jsouce, poběhnou k Hospodinu a k dobrotě jeho v posledních časích.
Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba Awurade nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu.

< Hozeáš 3 >