< Ezdráš 8 >

1 Tito jsou pak přednější po čeledech svých otcovských, a rod těch, kteříž vyšli se mnou za kralování Artaxerxa krále z Babylona:
Yei ne abusua mu ntuanofoɔ ne abusuadua ahodoɔ a ɔhene Artasasta di adeɛ no, wɔne me firi Babilonia baeɛ:
2 Z synů Fínesových Gersom, z synů Itamarových Daniel, z synů Davidových Chattus.
Pinehas abusua mu no: Gersom; Itamar abusua mu no: Daniel. Dawid abusua mu no: Sekania babarima Hatus.
3 Z synů Sechaniášových, jenž byl z synů Farosových, Zachariáš, a s ním počet mužů sto a padesáte.
Paros abusua mu no: Sakaria ne mmarima afoforɔ ɔha aduonum.
4 Z synů Pachat Moábových Eliehoenai syn Zerachiášův, a s ním dvě stě mužů.
Pahat-Moab abusua mu no: Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforɔ ahanu.
5 Z synů Sechaniášových syn Jachazielův, a s ním tři sta mužů.
Satu abusua mu no: Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforɔ ahasa.
6 Z synů Adinových Ebed syn Jonatanův, a s ním padesát mužů.
Adin abusua mu no: Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforɔ aduonum.
7 Z synů pak Elamových Izaiáš syn Ataliášův, a s ním sedmdesát mužů.
Elam abusua mu no: Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforɔ aduɔson.
8 Z synů Sefatiášových Zebadiáš syn Michaelův, a s ním osmdesáte mužů.
Sefatia abusua mu no: Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforɔ aduɔwɔtwe.
9 Z synů Joábových Abdiáš syn Jechielův, a s ním dvě stě a osmnácte mužů.
Yoab abusua mu no: Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforɔ ahanu ne dunwɔtwe.
10 Z synů Selomitových syn Josifiášův, a s ním sto a šedesáte mužů.
Bani abusua mu no: Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforɔ ɔha aduosia.
11 Z synů Bebai Zachariáš syn Bebai, a s ním osmmecítma mužů.
Bebai abusua mu no: Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforɔ aduonu nwɔtwe.
12 Z synů Azgadových Jochanan syn Hakatanův, a s ním sto a deset mužů.
Asgad abusua mu no: Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforɔ ɔha ne edu.
13 Z synů Adonikamových poslednějších, jichž jména jsou tato: Elifelet, Jehiel, Semaiáš, a s ním šedesáte mužů.
Adonikam abusua a wɔbaa akyire no: wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia, a mmarima afoforɔ aduosia ka wɔn ho.
14 Z synů Bigvai Utai a Zabbud, a s nimi sedmdesáte mužů.
Bigwai abusua mu no: Utai ne Sakur a mmarima afoforɔ aduɔson ka wɔn ho.
15 Shromáždil jsem je pak u potoku, kterýž vpadá do Ahavy, a leželi jsme tu tři dni. Potom přehlédal jsem lid a kněží, a z synů Léví nenašel jsem tu žádného.
Meboaa asutwafoɔ no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛmaa wɔtenaa hɔ nnansa wɔ ɛberɛ a merehwɛ nnipa no ne asɔfoɔ a wɔabɛduru hɔ no din mu no. Manhunu Lewifoɔ no mu baako mpo wɔ hɔnom.
16 Protož poslal jsem Eliezera, Ariele, Semaiáše, Elnatana, Jariba, Elnatana, Nátana, Zachariáše a Mesullama, přednější, a Joiariba a Elnatana, muže učené,
Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso.
17 A rozkázal jsem jim k Iddovi, knížeti v Chasifia místě, a naučil sem je, jak by měli mluviti k Iddovi, Achivovi a Netinejským v Chasifia místě, aby nám přivedli služebníky domu Boha našeho.
Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma.
18 I přivedli nám s pomocí Boží muže rozumného z synů Moholi, syna Léví, syna Izraelova, a Serebiáše s syny jeho, a bratří jeho osmnácte,
Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni.
19 A Chasabiáše, a s ním Izaiáše z synů Merari, bratří jeho a synů jejich dvadceti.
Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu
20 Z Netinejských pak, kteréž byl zřídil David a knížata k službě Levítům, dvě stě a dvadceti Netinejských. A ti všickni ze jména vyčteni byli.
ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din.
21 Tedy vyhlásil jsem tu půst u řeky Ahava, abychom se ponižovali před Bohem svým, a hledali od něho cesty přímé sobě a dítkám svým, i všemu jmění našemu.
Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban.
22 Nebo styděl jsem se žádati od krále vojska a jízdných, aby nás bránili před nepřátely na cestě; nebo jsme byli pravili králi, řkouce: Ruka Boha našeho jest nade všemi, kteříž ho hledají upřímě, ale moc a prchlivost jeho proti všechněm, kteříž ho opouštějí.
Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.”
23 A když jsme se postili a hledali v tom Boha svého, tedy vyslyšel nás.
Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ.
24 Oddělil jsem pak přednějších kněží dvanácte: Serebiáše, Chasabiáše, a s nimi z bratří jejich deset.
Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho,
25 I odvážil jsem jim stříbro a zlato, a to nádobí, obět domu Boha našeho, kterouž obětovali král i rady jeho, i knížata jeho a všecken lid Izraelský, což se ho našlo.
sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so.
26 Odvážil jsem, pravím, do rukou jejich stříbra šest set centnéřů a padesát, a nádobí stříbrného sto centnéřů, a zlata sto centnéřů,
Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan,
27 A koflíků zlatých dvadceti, každý v tisíc drachem, a dvě nádoby z mosazi nejlepší, tak vzácné jako zlato.
sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa.
28 Potom jsem jim řekl: Vy jste posvěceni Hospodinu, i tyto nádoby posvěceny jsou, a to stříbro i zlato jest obět dobrovolná Hospodinu Bohu otců vašich.
Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn.
29 Pilni toho buďte a ostříhejte, až to i odvážíte před kněžími přednějšími a Levíty, i předními z čeledí otcovských z Izraele v Jeruzalémě v pokojích domu Hospodinova.
Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.”
30 A tak přijali kněží a Levítové váhu stříbra, zlata a nádobí, aby donesli do Jeruzaléma, do domu Boha našeho.
Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.
31 Zatím hnuli jsme se od řeky Ahava, dvanáctého dne měsíce prvního, abychom se brali do Jeruzaléma, a ruka Boha našeho byla s námi, a vytrhla nás z ruky nepřátel a úkladníků na cestě.
Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam.
32 I přišli jsme do Jeruzaléma, a pobyli jsme tu tři dni.
Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa.
33 Ètvrtého pak dne odváženo jest stříbro a zlato, a nádobí to v domě Boha našeho k ruce Meremota syna Uriáše kněze, s nímž byl Eleazar syn Fínesův, a pomocníci jejich Jozabad syn Jesua, a Noadiáš syn Binnui, Levítové,
Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa.
34 Vše v počtu a váze, a zapsána jest všecka ta váha toho času.
Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara.
35 Vrátivše se pak z zajetí ti, kteříž byli přestěhováni, obětovali zápaly Bohu Izraelskému, volků dvanáct za všecken lid Izraelský, skopců devadesát a šest, beránků sedmdesát a sedm, kozlů za hřích dvanáct, vše v obět zápalnou Hospodinu.
Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade.
36 I dali výpovědi královy vládařům královským i vývodám za řekou. Kteříž pomocni byli lidu i domu Božímu.
Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.

< Ezdráš 8 >