< Ester 2 >

1 Ty věci když se zběhly, a když se upokojila prchlivost krále Asvera, zpomenul na Vasti a na to, což byla učinila, též i na to, jaká se výpověd stala proti ní.
Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyi yi no, ofii ase dwenee nea Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho.
2 I řekli mládenci královští, služebníci jeho: Nechť hledají králi mladic, panen krásných.
Na nʼasomfo susuw ho kyerɛɛ no se, “Ma yenwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmabun ahoɔfɛfo mfa wɔn mmrɛ ɔhene.
3 A nechť zřídí král úředníky ve všech krajinách království svého, kteříž by shromáždili všecky mladice, panny krásné, do Susan města královského, do domu ženského, pod stráž Hegai komorníka královského, strážce žen, a ať jim vydává okrasy jejich.
Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru.
4 A mladice, kteráž by se zalíbila králi, aby kralovala místo Vasti. I líbila se ta věc králi, a učinil tak.
Ɛno akyi no, ababaa a ɔsɔ wʼani yiye no na wobesi no ɔhemmea, asi Wasti anan mu.” Saa afotu yi sɔɔ ɔhene no ani yiye, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.
5 Byl pak jeden Žid v Susan, městě královském, jménem Mardocheus syn Jairův, syna Simei, syna Cis, z pokolení Beniamin.
Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.
6 A ten byl přestěhován z Jeruzaléma s přestěhovanými, kteříž přestěhováni byli s Jekoniášem králem Judským, kteréhož přestěhoval Nabuchodonozor král Babylonský.
Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia.
7 Ten choval Hadassu, jinak Esteru, dceru strýce svého, proto že neměla otce ani matky. A děvečka ta byla pěkné postavy a krásné tváři, kterouž po smrti otce a matky její vzal sobě Mardocheus za dceru.
Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea.
8 Stalo se tedy, když vyšlo slovo královské a rozkaz jeho, a když shromážďováno bylo panen mnoho do Susan, města královského, pod stráž Hegai, že i Ester vzata byla do domu královského pod stráž Hegai, strážného nad ženami.
Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa.
9 I líbila se jemu ta mladice, a našla milost u něho. Pročež i hned dal jí okrasu její a díl její, a sedm panen způsobných z domu královského; k tomu opatření její i jejích panen proměnil v lepší v domě ženském.
Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ.
10 Neoznámila pak Ester lidu svého, ani rodiny své; nebo přikázal jí byl Mardocheus, aby nepravila.
Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ.
11 Ale Mardocheus každého dne chodíval před síní domu ženského, aby zvěděl, jak se má Ester, a co se s ní děje.
Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn.
12 Když pak přišel jistý čas jedné každé panny, aby vešla před krále Asvera, když se vyplnilo při ní podlé práva žen, za dvanácte měsíců, (nebo za tolik dnů ozdobovaly se, šest měsíců olejem mirrovým, a šest měsíců věcmi vonnými a ozdobami ženskými),
Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia.
13 A tak přicházela panna před krále. Cožkoli řekla, dávalo se jí, aby s tím šla z domu žen až k domu královskému.
Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.
14 U večer vcházela k králi, a ráno zase odcházela do druhého domu ženského, pod stráž Saasgazy, komorníka královského, strážce ženin. Nepřicházela více k králi, ale jestliže se líbila králi, povolána bývala ze jména.
Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.
15 Tedy když přišel čas jistý Estery, dcery Abichaile, strýce Mardocheova, kterouž byl vzal sobě za dceru, aby vešla k králi, nežádala ničeho, než což řekl Hegai komorník královský, strážce žen. I líbila se Ester všechněm, kteříž ji viděli.
Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster).
16 A tak vzata jest Ester k králi Asverovi do domu jeho královského, měsíce desátého, (jenž jest měsíc Tebet), léta sedmého kralování jeho.
Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no,
17 I zamiloval král Ester nade všecky jiné ženy, a nalezla milost a lásku u něho nade všecky panny, tak že vstavil korunu královskou na hlavu její, a učinil ji královnou místo Vasti.
ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu.
18 K tomu také učinil král hody veliké všechněm knížatům svým a služebníkům svým, totiž hody Estery, a dal odpočinutí krajinám, a daroval je tak, jakž slušelo na krále.
Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.
19 A když podruhé shromažďovány byly panny, a Mardocheus seděl u brány královské,
Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no,
20 Ester pak neoznámila byla rodiny své a národu svého, jakž jí byl přikázal Mardocheus; nebo rozkázaní Mardocheovo Ester činila, jako i když chována byla u něho:
Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no.
21 V těch dnech, (když Mardocheus sedal u brány královské), rozhněval se Bigtan a Teres, dva komorníci královští z strážných prahu, a smýšleli o to, aby vztáhli ruce na krále Asvera.
Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no.
22 Èehož dověděv se Mardocheus, oznámil to Ester královně, Ester pak oznámila králi jménem Mardocheovým.
Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no.
23 A když bylo toho vyhledáváno, našlo se tak. I oběšeni jsou ti oba na šibenici, a zapsáno jest to do kronik před králem.
Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu.

< Ester 2 >