< Skutky Apoštolů 8 >

1 Saul pak také přivolil k usmrcení jeho. I přišlo v ten čas veliké protivenství na církev, kteráž byla v Jeruzalémě, a všickni se rozprchli po krajinách Judských a Samařských, kromě apoštolů.
Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara.
2 I pochovali Štěpána muži pobožní, a plakali velmi nad ním.
Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie.
3 Saul pak hubil církev, do domů vcházeje, a jímaje muže i ženy, dával je do žaláře.
Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.
4 Ti pak, kteříž se byli rozprchli, chodili, kážíce slovo Boží.
Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ.
5 A Filip všed do města Samaří, kázal jim Krista.
Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no.
6 I pozorovali zástupové s pilností jednomyslně toho, což se pravilo od Filipa, slyšíce a vidouce divy, kteréž činil.
Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no.
7 Nebo duchové nečistí z mnohých, kteříž je měli, křičíce hlasem velikým, vycházeli, a mnozí šlakem poražení a kulhaví uzdraveni jsou.
Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ.
8 A stala se radost veliká v tom městě.
Yei enti, anigyeɛ baa Samaria.
9 Muž pak nějaký, jménem Šimon, před tím v tom městě čáry provodil, a lid Samařský mámil, pravě se býti nějakým velikým.
Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu.
10 Na něhož pozor měli všickni, od nejmenšího až do největšího, říkajíce: Tentoť jest Boží moc veliká.
Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.”
11 Pozor pak měli na něho, protože je za mnohý čas mámil svými čáry.
Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi.
12 A když, uvěřivše Filipovi zvěstujícímu o království Božím a o jménu Ježíše Krista, křtili se muži i ženy,
Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu.
13 Tedy i ten Šimon také uvěřil, a pokřtěn byv, přídržel se Filipa, a vida zázraky a moci veliké činěné, děsil se.
Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no.
14 Uslyšavše pak v Jeruzalémě apoštolé, že by Samaří přijala slovo Boží, poslali k nim Petra a Jana.
Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.
15 Kteříž přišedše k nim, modlili se za ně, aby přijali Ducha svatého.
Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so,
16 (Nebo ještě byl na žádného z nich nesstoupil, ale pokřtěni toliko byli ve jménu Pána Ježíše.)
ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so.
17 Tedy vzkládali na ně ruce, a oni přijali Ducha svatého.
Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
18 I uzřev Šimon, že skrze vzkládání rukou apoštolských dává se Duch svatý, přinesl jim peníze,
Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ,
19 Řka: Dejte i mně tu moc, ať, na kohož bych koli vzložil ruce, přijme Ducha svatého.
“Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
20 I řekl k němu Petr: Peníze tvé buďtež s tebou na zatracení, protože jsi se domníval, že by dar Boží mohl býti zjednán za peníze.
Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no.
21 Nemáš dílu ani losu v této věci; nebo srdce tvé není upřímé před Bohem.
Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim.
22 Protož čiň pokání z této své nešlechetnosti, a pros Boha, zda by odpuštěno bylo tobě to myšlení srdce tvého.
Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.
23 Nebo v žluči hořkosti a v svazku nepravosti tebe býti vidím.
Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.”
24 I odpověděv Šimon, řekl: Modltež vy se za mne Pánu, aby na mne nepřišlo něco z těch věcí, kteréž jste mluvili.
Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
25 Oni pak osvědčovavše a mluvivše slovo Páně, navrátili se do Jeruzaléma, a ve mnohých městečkách Samaritánských kázali evangelium.
Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
26 V tom anděl Páně mluvil k Filipovi, řka: Vstaň a jdi ku polední straně na cestu, kteráž vede od Jeruzaléma do města Gázy, kteréž jest pusté.
Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.”
27 A on vstav, i šel. A aj, muž Mouřenín, kleštěnec, komorník královny Mouřenínské Kandáces, kterýž vládl všemi poklady jejími, a byl přijel do Jeruzaléma, aby se modlil,
Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie.
28 Již se navracoval zase, sedě na voze svém, a četl Izaiáše proroka.
Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no.
29 I řekl Duch k Filipovi: Přistup a přiviň se k vozu tomu.
Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.”
30 A přiběh Filip, slyšel jej, an čte Izaiáše proroka. I řekl: Rozumíš-liž, co čteš?
Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”
31 A on řekl: Kterakž bych mohl rozuměti, leč by mi kdo vyložil? I prosil Filipa, aby vstoupil na vůz, a seděl s ním.
Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
32 Místo pak toho Písma, kteréž četl, toto bylo: Jako ovce k zabití veden jest, a jako beránek němý před tím, kdož jej střiže, tak neotevřel úst svých.
Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi, “Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.
33 V ponížení jeho odsouzení jeho vyhlazeno jest, rod pak jeho kdo vypraví, ačkoli zahlazen byl z země život jeho?
Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ. Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.”
34 A odpovídaje komorník Filipovi, dí: Prosím tebe, o kom toto mluví prorok? Sám-li o sobě, čili o někom jiném?
Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?”
35 Tedy otevřev Filip ústa svá, a počav od toho Písma, zvěstoval jemu Ježíše.
Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.
36 A když jeli cestou, přijeli k jedné vodě. I řekl komorník: Aj, teď voda. Proč nemám býti pokřtěn?
Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?”
37 I řekl Filip: Věříš-li celým srdcem, slušíť. A on odpověděv, řekl: Věřím, že Ježíš Kristus jest Syn Boží.
Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”
38 I rozkázal státi vozu, a sstoupili oba do vody, i Filip i komorník. I pokřtil ho.
Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu.
39 A když vystoupili z vody, Duch Páně pochopil Filipa, a neviděl ho více komorník; i jel cestou svou, raduje se.
Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so.
40 Filip pak nalezen jest v Azotu; a chodě, kázal evangelium všem městům, až přišel do Cesaree.
Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.

< Skutky Apoštolů 8 >