< Skutky Apoštolů 15 >

1 Přišedše pak někteří z Židovstva, učili bratří: Že nebudete-li se obřezovati podle obyčeje Mojžíšova, nebudete moci spaseni býti.
Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.”
2 A když se stala mezi nimi různice, a nemalou hádku Pavel a Barnabáš s nimi měl, i zůstali na tom, aby Pavel a Barnabáš a někteří jiní z nich šli k apoštolům a starším do Jeruzaléma o tu otázku.
Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneennen. Saa asɛm yi nti Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho.
3 Tedy oni jsouce vyprovozeni od církve, šli skrze Fenicen a Samaří, vypravujíce o obrácení pohanů na víru, i způsobili radost velikou všem bratřím.
Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye.
4 A když se dostali do Jeruzaléma, přijati jsou od církve a od apoštolů a starších. I zvěstovali jim, kteraké věci činil skrze ně Bůh.
Woduu Yerusalem no, asafo no asomafo ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
5 A že povstali někteří z sekty farizejské, kteříž byli uvěřili, pravíce, že musejí obřezováni býti, a potom aby jim bylo přikázáno zachovávati zákon Mojžíšův.
Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so.
6 Tedy sešli se apoštolé a starší, aby toho povážili.
Asomafo no ne mpanyimfo no hyia dwenee asɛm yi ho.
7 A když mnohé vyhledávání toho bylo, povstav Petr, řekl k nim: Muži bratří, vy víte, že od dávních dnů mezi námi Bůh vyvolil mne, aby skrze ústa má slyšeli pohané slovo evangelium a uvěřili.
Wodwinnwen ho wiee no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi.
8 A ten, jenž zpytuje srdce, Bůh, svědectví jim vydal, dav jim Ducha svatého, jako i nám.
Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufo nso ato mu.
9 A neučinil rozdílu mezi nimi a námi, věrou očistiv srdce jejich.
Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu.
10 Protož nyní, proč pokoušíte Boha, chtíce vzložiti na hrdlo učedlníků jho, kteréhož ani otcové naši, ani my nésti jsme nemohli?
Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?
11 Ale skrze milost Pána Ježíše Krista věříme, že spaseni budeme, rovně jako i oni.
Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
12 I mlčelo všecko to množství, a poslouchali Barnabáše a Pavla, vypravujících, kteraké divy a zázraky činil Bůh skrze ně mezi pohany.
Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn.
13 A když oni tak umlkli, odpověděl Jakub, řka: Muži bratří, slyšte mne.
Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me!
14 Šimon teď vypravoval, kterak Bůh nejprve popatřil na pohany, aby z nich přijal lid jménu svému.
Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii amanamanmufo sɛ ne de.
15 A s tím se srovnávají i řeči prorocké, jakož psáno jest:
Adiyifo no nsɛm a wɔkaa no ne eyi hyia, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se:
16 Potom se navrátím, a vzdělám zase stánek Davidův, kterýž byl klesl, a zbořeniny jeho zase vzdělám, a vyzdvihnu jej,
“‘Eyi akyi no, mɛsan aba abesi Dawid fi a abubu no. Mɛma nea adwiriw no so, na masan asi bio,
17 Tak aby ti ostatkové toho lidu hledali Pána, i všickni pohané, nad kterýmiž jest vzýváno jméno mé, dí Pán, jenž činí tyto všecky věci.
sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufo a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’
18 Známáť jsou Bohu od věků všecka díla jeho. (aiōn g165)
Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwa mu no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.” (aiōn g165)
19 Protož já tak soudím, aby nebyli kormouceni ti, kteříž se z pohanů obracejí k Bohu,
Yakobo toaa so se, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no.
20 Ale aby jim napsáno bylo, ať se zdržují od poskvrn modl, a smilstva, a toho, což jest udáveného a od krve.
Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso.
21 Nebo Mojžíš od dávních věků má po všech městech, kdo by jej kázal v školách, poněvadž na každou sobotu čítán bývá.
Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”
22 Tehdy vidělo se apoštolům a starším se vší církví, aby vyvolili z sebe muže a poslali je do Antiochie s Pavlem a Barnabášem: Judu, kterýž sloul Barsabáš, a Sílu, muže znamenité mezi bratřími,
Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.
23 Napsavše po nich toto: Apoštolé a starší i všickni bratří těm, kteříž jsou v Antiochii a v Syrii a v Cilicii bratřím, kteříž jsou z pohanů, pozdravení vzkazují.
Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni: Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo.
24 Poněvadž jsme slyšeli, že někteří vyšedše od nás, zkormoutili vás, řečmi svými zemdlévajíce duše vaše, pravíce, že se máte obřezovati a Zákon zachovávati, jimž jsme toho neporučili:
Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene.
25 I vidělo se nám shromážděným jednomyslně, abychom vyvolili muže některé a poslali k vám s nejmilejšími našimi bratřími, Barnabášem a Pavlem,
Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba
26 Lidmi těmi, kteříž vydali duše své pro jméno Pána našeho Ježíše Krista.
a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no.
27 Protož poslali jsme Judu a Sílu, a tiť i ústně povědí vám totéž.
Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so.
28 Vidělo se zajisté Duchu svatému i nám, žádného více na vás břemene nevzkládati, kromě těchto věcí potřebných,
Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo;
29 Totiž abyste se zdržovali od obětovaného modlám, a od krve, a od udáveného, a od smilstva. Od těch věcí budete-li se ostříhati, dobře budete činiti. Mějte se dobře.
munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye. Yɛsan kyia mo.
30 Tedy oni propuštěni jsouce, přišli do Antiochie, a shromáždivše množství, dali jim list.
Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn.
31 Kterýžto čtouce, radovali se z toho potěšení jich.
Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei.
32 Judas pak a Sílas, byvše i oni proroci, širokou řečí napomínali bratří a potvrzovali jich.
Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran.
33 A pobyvše tu za některý čas, propuštěni jsou od bratří v pokoji zase k apoštolům.
Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.
34 Ale Sílovi se vidělo, aby tu zůstal.
Nanso Silas de, wankɔ bi.
35 Tolikéž Pavel i Barnabáš pobyli v Antiochii, učíce a zvěstujíce slovo Páně, i s mnohými jinými.
Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm.
36 Po několika pak dnech řekl Pavel k Barnabášovi: Vracujíce se, navštěvme bratří naše po všech městech, v kterýchž jsme kázali slovo Páně, a přezvíme, kterak se mají.
Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.”
37 Tedy Barnabáš radil, aby pojali s sebou i Jana, kterýž příjmí měl Marek.
Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ,
38 Ale Pavlovi se nezdálo pojíti toho s sebou, kterýž byl odšel od nich z Pamfylie, aniž šel s nimi ku práci.
nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei.
39 I vznikl mezi nimi tuhý odpor, takže se rozešli různo. Barnabáš pak pojav s sebou Marka, plavil se do Cypru.
Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro
40 A Pavel připojiv k sobě Sílu, odšel, poručen jsa milosti Boží od bratří.
na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe.
41 I chodil po Syrii a Cilicii, potvrzuje církví.
Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

< Skutky Apoštolů 15 >