< 2 Korintským 9 >
1 Nebo o pomoci, kteráž se sbírá na svaté, jest zbytečné psáti vám.
Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho.
2 Vím zajisté o vaší hotovosti, pro kteroužto chlubím se vámi u Macedonských, kterak by Achaia hotova byla k tomu od předešlého léta. A ta z vás pošlá horlivost mnohými k témuž pohnula.
Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no.
3 I poslal jsem k vám tyto bratří, aby chlouba naše vámi nebyla marná v té stránce, ale abyste, (jakž jsem řekl, ) byli hotovi,
Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa.
4 Abychom snad, přišli-li by se mnou Macedonští, a nalezli vás nehotové, nemusili se styděti, (ať nedím vy) za takovou chloubu.
Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ.
5 Protož vidělo mi se za potřebné těchto bratří napomenouti, aby předešli mne k vám, a připravili prve opověděnou sbírku vaši, aby byla hotová jako dobrovolná sbírka, a ne jako bezděčná.
Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.
6 Ale totoť pravím: Kdo skoupě rozsívá, skoupě i žíti bude; a kdož rozsívá ochotně, ochotně i žíti bude.
Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree.
7 Jeden každý jakž uložil v srdci svém, tak učiň, ne s neochotnou myslí anebo z mušení. Neboť ochotného dárce miluje Bůh.
Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm.
8 Mocenť jest pak Bůh všelikou milost rozhojniti v vás, abyste ve všem všudy všelikou dostatečnost majíce, hojní byli ke všelikému skutku dobrému,
Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi.
9 Jakož psáno jest: Rozsypal a dal chudým, spravedlnost jeho zůstává na věky. (aiōn )
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia; nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.” (aiōn )
10 Ten pak, kterýž dává símě rozsívajícímu, dejž i vám chléb k jedení, a rozmnožiž símě vaše, a přispořiž úrody spravedlnosti vaší,
Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree.
11 Abyste všelijak zbohaceni byli ke všeliké sprostnosti, kterážto působí skrze nás, aby díky činěny byly Bohu.
Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.
12 Nebo služba oběti této netoliko doplňuje nedostatky svatých, ale také rozhojňuje se v mnohé díků činění Bohu, příčinou schválení služby této,
Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase.
13 Když chválí Boha z jednomyslné poddanosti vaší k evangelium Kristovu, a z upřímé pomoci jim i všechněm učiněné,
Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.
14 A modlí se za vás ti, kteříž vás převelice milují pro vyvýšenou milost Boží v vás.
Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.
15 Díka pak budiž Bohu z nevymluvného daru jeho.
Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.