< 2 Kronická 35 >

1 Slavil také Joziáš v Jeruzalémě velikunoc Hospodinu, a zabili beránka velikonočního čtrnáctého dne měsíce prvního.
Yosia dii Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan.
2 A postaviv kněží v strážech jejich, utvrdil je v přisluhování domu Hospodinova.
Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
3 I řekl Levítům, kteříž připravovali za všecken lid Izraelský věci svaté Hospodinu: Vneste truhlu svatosti do domu, kterýž ustavěl Šalomoun syn Davidův, král Izraelský. Nebudeť vám břemenem na ramenou. A tak nyní služte Hospodinu Bohu svému a lidu jeho Izraelskému.
Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel.
4 A připravte se po čeledech otců svých, po třídách svých, tak jakž nařídil David král Izraelský, a podlé nařízení Šalomouna syna jeho.
Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ.
5 A stůjte v svatyni podlé rozdílu čeledí otcovských, bratří národu svého, a podlé rozdělení každé čeledi otcovské Levítů.
“Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no.
6 A tak zabíte beránka, a posvěťte se, a připravte bratřím svým, chovajíce se vedlé slova Hospodinova vydaného skrze Mojžíše.
Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a Awurade nam Mose so de mae no, munni so.”
7 Daroval pak Joziáš všemu množství z stáda beránků a kozelců, vše k obětem velikonočním, podlé toho všeho, jakž postačovalo, v počtu třidcet tisíců, a skotů tři tisíce, to vše z statku královského.
Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde.
8 Knížata jeho také k lidu, kněžím i Levítům štědře se ukázali: Helkiáš, Zachariáš a Jechiel, přední v domě Božím, dali kněžím k obětem velikonočním dva tisíce a šest set bravů a skotů tři sta.
Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde.
9 Konaniáš pak s Semaiášem a Natanaelem bratřími svými, též Chasabiáš, Jehiel, Jozabad, přední z Levítů, darovali jiným Levítům k obětem velikonočním pět tisíc bravů a skotů pět set.
Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.
10 A když připraveno bylo všecko k službě, stáli kněží na místě svém, a Levítové v třídách svých, podlé rozkazu královského.
Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no.
11 I zabíjeli beránky velikonoční, kněží pak kropili krví, berouce z rukou jejich, a Levítové vytahovali z koží.
Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no.
12 Tedy oddělili zápal, aby dali lidu podlé rozdělení domů čeledí otcovských, tak aby obětováno bylo Hospodinu, jakž psáno jest v knize Mojžíšově. Tolikéž i s voly učinili.
Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama Awurade, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso.
13 I pekli beránky velikonoční ohněm podlé obyčeje, ale jiné věci posvěcené vařili v hrncích, v kotlících a v pánvicích, a rozdávali rychle všemu lidu.
Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe.
14 Potom pak připravili sobě a kněžím. Nebo kněží, synové Aronovi, zápaly a tuky až do noci obětovali, protož Levítové připravili sobě i kněžím, synům Aronovým.
Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.
15 Též i zpěváci, synové Azafovi, stáli na místě svém podlé rozkázaní Davidova Azafovi, Hémanovi i Jedutunovi, proroku královskému, vydaného. Vrátní také při jedné každé bráně neměli odcházeti od své povinnosti, pročež bratří jejich Levítové jiní strojili jim.
Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.
16 A tak nastrojena byla všecka služba Hospodinova v ten den, v slavení hodu beránka a obětování oběti zápalné na oltáři Hospodinovu, podlé rozkázaní krále Joziáše.
Awurade Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ Awurade afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no.
17 I slavili synové Izraelští, což se jich našlo, hod beránka v ten čas a slavnost přesnic za sedm dní.
Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no.
18 Nebyla pak slavena velikanoc té podobná v Izraeli ode dnů Samuele proroka, aniž který z králů Izraelských slavil hodu beránka podobného tomu, kterýž slavil Joziáš s kněžími a Levíty, i se vším lidem Judským a Izraelským, což se ho našlo, i s obyvateli Jeruzalémskými.
Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho.
19 Osmnáctého léta kralování Joziášova slaven byl ten hod beránka.
Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.
20 Potom po všem, když již spravil Joziáš dům Boží, přitáhl Nécho král Egyptský, aby bojoval proti Charkemis podlé Eufraten, Joziáš pak vytáhl proti němu.
Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko.
21 Kterýž ač poslal k němu posly, řka: Já nic nemám s tebou činiti, králi Judský. Ne proti tobě, slyš ty, dnes táhnu, ale proti domu, kterýž se mnou bojuje, kamž mi rozkázal Bůh, abych pospíšil. Nebojuj s Bohem, kterýž se mnou jest, ať tě neshladí:
Nanso ɔhene Neko tuu abɔfo de nkra yi kɔmaa Yosia: “Dɛn na wo Yudahene hwehwɛ afi me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa nnɛ! Nea mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me se, menyɛ no ntɛm. Ntwintwan Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”
22 Joziáš však neodvrátil tváři své od něho, ale aby bojoval s ním, změnil oděv svůj, aniž uposlechl slov Néchových, pošlých z úst Božích. A tak přitáhl, aby se s ním potýkal na poli Mageddo.
Nanso Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annan nʼani. Mmom, odii nʼakofo anim kɔkoo wɔ Megido tataw so. Ɔworɔw nʼahentade no guu nkyɛn baabi sɛnea atamfo no renhu no.
23 I postřelili střelci krále Joziáše. Tedy řekl král služebníkům svým: Odvezte mne, neboť jsem velmi nemocen.
Nanso atamfo agyantowfo no tow bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne mmarima se, “Momfa me mfi akono ha, efisɛ mapira pira bɔne.”
24 Takž přenesli jej služebníci jeho z toho vozu, a vložili ho na druhý vůz, kterýž měl, a dovezli jej do Jeruzaléma. I umřel a pochován jest v hrobích otců svých. I plakal všecken Juda a Jeruzalém nad Joziášem.
Enti woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforo mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na owui. Wosiee no hɔ wɔ adehye amusiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayi.
25 Naříkal také i Jeremiáš nad Joziášem, a zpívávali všickni zpěváci a zpěvakyně v naříkáních svých o Joziášovi až do dnešního dne, kteráž uvedli v obyčej Izraeli. A ta jsou zapsána v pláči Jeremiášovu.
Odiyifo Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ebesi nnɛ yi, nnwontofo to saa kwadwom a ɛfa ne wu no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanne a wɔakyerɛw ahyɛ Kwadwom Nhoma mu.
26 Jiné pak věci Joziášovy, i pobožnost jeho, jakž napsáno jest v zákoně Hospodinově,
Yosia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama sɛnea Awurade mmara te no,
27 I skutkové jeho první i poslední, to vše zapsáno jest v knize o králích Izraelských a Judských.
fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu.

< 2 Kronická 35 >