< 1 Kronická 3 >

1 Tito jsou pak synové Davidovi, kteříž se jemu zrodili v Hebronu: Prvorozený Amnon z Achinoam Jezreelské, druhý Daniel z Abigail Karmelské;
Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
2 Třetí Absolon syn Maachy, dcery Tolmai, krále Gessur, čtvrtý Adoniáš, syn Haggit;
Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.
3 Pátý Sefatiáš z Abitál, šestý Jetram, z Egly manželky jeho.
Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital. Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
4 Šest se mu jich zrodilo v Hebronu, kdež kraloval sedm let a šest měsíců; třidceti pak a tři kraloval v Jeruzalémě.
Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.
5 Potom tito se jemu zrodili v Jeruzalémě: Sammua, Sobab, Nátan a Šalomoun, čtyři, z Betsabé, dcery Amielovy;
Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
6 Též Ibchar, Elisama a Elifelet;
Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,
7 A Noga, Nefeg a Jafia;
Noga, Nefeg, Yafia,
8 A Elisama, Eliada a Elifelet, těch devět.
Elisama, Eliada ne Elifelet.
9 Všickni ti synové Davidovi krom synů ženin, a Támar sestra jejich.
Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.
10 Syn pak Šalomounův Roboám, Abiam syn jeho, Aza syn jeho, Jozafat syn jeho,
Na Salomo asefoɔ yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
11 Joram syn jeho, Ochoziáš syn jeho, Joas syn jeho,
Yehoram, Ahasia, Yoas,
12 Amaziáš syn jeho, Azariáš syn jeho, Jotam syn jeho,
Amasia, Asaria, Yotam,
13 Achas syn jeho, Ezechiáš syn jeho, Manasses syn jeho,
Ahas, Hesekia, Manase,
14 Amon syn jeho, Joziáš syn jeho.
Amon ne Yosia.
15 Synové pak Joziášovi: Prvorozený Jochanan, druhý Joakim, třetí Sedechiáš, čtvrtý Sallum.
Na Yosia mmammarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa, ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.
16 Synové pak Joakimovi: Jekoniáš syn jeho, Sedechiáš syn jeho.
Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ, ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.
17 Synové pak Jekoniáše vězně: Salatiel syn jeho.
Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no mmammarima ne Sealtiel,
18 Toho pak Malkiram, Pedai, Senazar, Jekamia, Hosama a Nedabia.
Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
19 Synové pak Pedaiovi: Zorobábel a Semei. A syn Zorobábelův: Mesullam, Chananiáš, a Selomit sestra jejich.
Na Pedaia mmammarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmammarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit.
20 Toho pak Chasuba, Ohel, Berechiáš, Chasadiáš a Jusabchesed, těch pět.
Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
21 Syn pak Chananiášův: Pelatia a Izaiáš. Synové Refaie, synové Arnanovi, synové Abdiášovi, synové Sechaniovi.
Na Hanania mmammarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
22 A synové Sechaniovi: Semaiáš. A synové Semaiášovi: Chattus, Igal, Bariach, Neariáš a Safat, šest.
Na Sekania asefoɔ yɛ Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
23 A syn Neariáše: Elioenai, Ezechiáš a Azrikam, ti tři.
Na Nearia mmammarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
24 Též synové Elioenai: Hodaviáš, Eliasib, Pelaiáš, Akkub, Jochanan, Delaiáš a Anani, těch sedm.
Na Elioenai mmammarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.

< 1 Kronická 3 >