< Zachariáš 10 >

1 Žádejte od Hospodina deště v čas příhodný, i způsobí Hospodin pršku, a dá vám déšť hojný, a každému bylinu na poli.
Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum. Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa, ne nnɔbae nso ma obiara.
2 Nebo obrazové mluví marnost, a věšťci prorokují faleš, a sny marné mluví, marností potěšují. Protož šli jako stádo, ztrestáni jsou, proto že žádného nebylo pastýře.
Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro; wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase, wɔma awerɛkyekye kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so.
3 Proti pastýřům takovým zažžen jest hněv můj, a kozly ty trestati budu, ale stádo své, dům Judský, navštíví Hospodin zástupů, a učiní je jako koně ozdobného k boji.
“Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye, na mɛtwe ntuanofo no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no, na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
4 Od něho úhel, od něho hřeb, od něho lučiště válečné, od něho též pojde všeliký úředník.
Tweatibo befi Yuda mu, na ntamadan pɛe befi ne mu, ɔsa mu tadua befi Yuda mu, na sodifo nyinaa nso saa ara.
5 A budou podobni rekům, pošlapávajíce do bláta na ulicích v boji, když bojovati budou; nebo Hospodin s nimi, a zahanbí ty, kteříž jedou na koních.
Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no nti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so.
6 Posilním zajisté domu Judova, a dům Jozefův vysvobodím, a bezpečně je osadím. Nebo lítost mám nad nimi, i budou, jako bych jich nezahnal; nebo já jsem Hospodin Bůh jejich, a vyslyším je.
“Mɛhyɛ Yudafi den na magye Yosefi no nkwa. Mede wɔn besi wɔn dedaw mu efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ nea mempoo wɔn mpo, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.
7 I budou Efraimští jako silný rek, a veseliti se bude srdce jejich jako od vína. I jejich synové vidouce to, rozveselí se, a zpléše srdce jejich v Hospodinu.
Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima, wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa. Wɔn mma behu na wɔn ani begye; wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.
8 Šeptati jim budu, a tak je shromáždím; nebo je vykoupím, a rozmnoženi budou, jakož rozmnoženi byli.
Mɛto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.
9 Nadto rozseji je mezi národy, aby na místech dalekých rozpomínali se na mne, a živi jsouce s syny svými, navrátili se.
Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsan aba.
10 A tak je zase přivedu z země Egyptské, i z Assyrské shromáždím je, a do země Galád a k Libánu přivedu je, ale nepostačí jim.
Mede wɔn befi Misraim aba mɛboa wɔn ano afi Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensen hɔ.
11 Protož pro těsnost přejde přes moře, a prorazí na moři vlnobití, i vyschnou všecky hlubiny řeky, budeť snížena i pýcha Assyrie, a berla Egypta odjata bude.
Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu, nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so. Nil mu nsu nyinaa bɛyow. Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempema betwa mu akɔ.
12 A posilním jich v Hospodinu, aby ve jménu jeho ustavičně chodili, praví Hospodin.
Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnantew,” sɛnea Awurade se ni.

< Zachariáš 10 >